Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 4/1 kr. 4-7
  • Wiase a Eye—Abɛn!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase a Eye—Abɛn!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Paradise ho Anigyina”—Dɛn Ntia?
  • Paradise a Wɔhwehwɛ—Anigyinade Bi Ho Abakɔsɛm
  • Wiase Papa a Nnipa Susuw Ho—Ɛwɔ Hɔ Ankasa?
  • Nea Kristofo Ka wɔ Wiase a Eye Ho
  • So Bible No Hyɛ Asase So Paradise Ho Bɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Bible Mu Nnyinaso Ma Anidaso Wɔ Paradise Mu
    Nyan!—1980
  • Paradise Wɔ Asase So—Nnaadaa Anaa Nokwasɛm?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • “Yebehyia Wɔ Paradise!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 4/1 kr. 4-7

Wiase a Eye—Abɛn!

THE ENCYCLOPEDIA of Religion ka sɛ: “Paradise ka nneɛma atitiriw a nnipa ani gyina no ho. Ebia ɛno ne ade a wɔhwɛ kwan titiriw sen biara na ɛwɔ wɔn adwenem daa. Paradise ho akwanhwɛ no da adi wɔ nyamesom akuw nyinaa mu.”

Ɛkame ayɛ sɛ mmusuakuw nyinaa wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛtra wiase a eye mu, na ɛte sɛ nea wɔresu frɛ asetra pa bi a na ɛwɔ hɔ a ayera no. Eyi kyerɛ sɛ na paradise bi wɔ hɔ bere bi, nanso ɛwɔ he? Ebia adwenem nimdefo bi bɛka eyi ho asɛm sɛ, ɛte sɛ ahobammɔ a na obi wɔ wɔ ne nã awotwaam a ɔsan hwehwɛ. Nanso, saa nkyerɛkyerɛmu yi ntumi nnan animdefo a wosua nyamesom ho abakɔsɛm no adwene.

“Paradise ho Anigyina”—Dɛn Ntia?

Sɛnea ebinom susuw no, so akwanhwɛ a ɛte saa a ɛwɔ hɔ no ma ɔhaw ahorow ne nnipa asetra a ayɛ tiaa no bɛyɛ nea ɛnhaw adwene pii? Anaasɛ nkyerɛkyerɛmu foforo wɔ hɔ?

Dɛn nti na adesamma hwɛ wiase a eye kwan? Bible no de ɛho nkyerɛkyerɛmu tiawa a emu da hɔ fann ma: Adesamma fi wiase a eye mu! Mfitiase no na paradise wɔ hɔ ankasa. Onyankopɔn Asɛm ka ho asɛm sɛ “turo bi” a na ɛwɔ beae pɔtee bi wɔ Mfinimfini Apuei, a na “nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi” wom. Onyankopɔn de hyɛɛ nnipa baanu a wodi kan no nsa sɛ wɔnhwɛ so. (Genesis 2:7-15) Ná ɛyɛ baabi a asomdwoe wɔ a anka nnipa betumi anya anigye.

Dɛn nti na saa Paradise tebea ahorow no ankɔ so antra hɔ? Efi honhom abɔde bi ne afei nnipa baanu a wodi kan no atuatew (Genesis 2:16, 17; 3:1-6, 17-19) Enti, ɛnyɛ Paradise hokwan nko na onipa hweree na mmom pɛyɛ, akwahosan, ne nkwa a enni awiei nso. Nokwarem no, tebea ahorow a ɛkɔɔ so no amma nnipa anni yiye wɔ asetram. Nea ɛne eyi bɔ abira no, eyi akɔ so asɛe araa ma afei de wɔnka mpo.—Ɔsɛnkafo 3:18-20; Romafo 5:12; 2 Timoteo 3:1-5, 13.

Paradise a Wɔhwehwɛ—Anigyinade Bi Ho Abakɔsɛm

Sɛnea ebia wubesusuw no, “paradise ho anigyina” ho abakɔsɛm kɔ akyiri. Tete Mesopotamia anwensɛm bi a wɔasan aboaboa ano kyerɛ sɛ ná Sumeriafo ka bere bi a na asomdwoe wɔ amansan nyinaa mu ho asɛm sɛ: “Ná ehu ne suro biara nni hɔ, na na onipa nni ɔtamfo bi. . . . Ná amansan yi mu nnipa bom de tɛkrɛma koro yi Enlil (mframa wura) ayɛ.” Ná ebinom, te sɛ tete Misrifo no, wɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ wiase a eye mu bere a wɔawuwu no. Ná wogye di sɛ ɔkra bi a enwu kɔ asase bi a na wɔfrɛ no Aaru so. Nanso anyɛ yiye koraa no, mfiase no na saa hokwan yi wɔ hɔ ma adefo ne nnipa atitiriw nkutoo; ná ahiafo nni wiase a anigye wom no ho anidaso bi.

Wɔ beae foforo a wɔn som yɛ soronko no, na Hindufo de mfehaha pii atwɛn sɛ (yuga) wiase a eye bɛba. Sɛnea Hindufo nkyerɛkyerɛ te no, yuga (wiase) ahorow anan na edi kyinhyia, na mprempren yɛwɔ nea enye koraa no mu. Nea enye ne sɛ, sɛnea ebinom kyerɛ no, saa Kali Yuga (esum bere) yi, ne ne haw ahorow ne n’amumɔyɛsɛm no nyinaa bedi mfe 432,000 ansa na atwam. Nanso eyi nyinaa akyi no, Hindufo a wɔwɔ wɔn nkyerɛkyerɛ no mu gyidi no retwɛn Krita Yuga a ɛyɛ bere pa no.

Ná Helafo ne Romafo nso wɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ Atlantic Po no so anansesɛm mu supɔw bi a wɔfrɛ no Fortunate Isles no so. Na akyerɛwfo pii, te sɛ Hesiod, Virgil, ne Ovid, kaa mfitiase bere pa no ho asɛm, na na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛsan de aba da bi. Ɛde reba afeha a edi kan A.Y.B. mu awiei hɔ no, Latin anwensɛm kyerɛwfo Virgil kae sɛ aetas aurea (bere pa) foforo a na ɛrebɛtra hɔ daa bɛba. The Encyclopedia of Religion ka sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, Roma ahempɔm dunsia na wɔkyerɛe sɛ wɔn nniso no asan de Golden Age asi hɔ bio” wɔ mfehaha pii a edii hɔ no mu. Nanso sɛnea yɛn nyinaa nim nnɛ no, na ɛno yɛ amammuisɛm mu ntoatoa ara kwa.

Celtfo pii hwehwɛɛ asase bi a na wosusuw sɛ ɛhyerɛn a ɛwɔ supɔw bi a ɛwɔ ɛpo agya so, beae a na wogye di sɛ ɛhɔ nnipa wɔ anigye a ewie pɛyɛ mu. Sɛnea atetesɛm bi kyerɛ no, ɛwom sɛ na King Arthur apira kɛse de, nanso ɔkɔɔ so traa ase bere a ohuu supɔw a ɛso yɛ anigye a wɔfrɛ no Avalon no akyi.

Wɔ tete ne nea wɔfrɛ no Mfinimfini Mmere (bɛyɛ afe 500-1500 Y.B. ntam hɔ) no mu no, na nnipa bebree susuw sɛ turo a anigye wom, Eden turo no, da so ara wɔ asase no fã bi, na abakɔsɛm kyerɛwfo Jean Delumeau kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛwɔ bepɔw bi a obiara ntumi mforo atifi anaa po so beae bi a obiara ntumi nkɔ hɔ.” Ɛwom mpo sɛ na Italiani anwensɛm kyerɛwfo Dante wɔ ɔsoro paradise mu gyidi de, nanso osusuwii sɛ na asase so paradise da so ara wɔ Ahodwiragya bepɔw a ɔkaa ho asɛm sɛ ɛwɔ Yerusalem no akyi. Ebinom gye dii sɛ na anigyebea no wɔ Asia, Mesopotamia, anaasɛ Himalaya mmepɔw no mu. Ná Eden paradise ho atetesɛm dɔɔso pii mmere bi a abɛsen kɔ. Ná nnipa pii gye di sɛ ahemman bi a ɛyɛ nwonwa a Ɔsɔfo John a ɔpɛ nyamesom dii so no bɛn saa paradise no pɛɛ. Esiane sɛ na saa ahemman no bɛn asase so paradise no nti, na wɔkyerɛ sɛ nkwa tenten ne anigye, nnuan ne agyapade pii wɔ Ɔsɔfo John ahemman no mu. Bere a na Helafo atetesɛm wɔ wɔn adwenem no, afoforo kɔɔ so susuwii sɛ paradise nsupɔw no wɔ Atlantic po no mu. Mfinimfini Mmere no mu asase ho mfonini kyerɛ sɛnea na wogye di denneennen sɛ Eden turo no wɔ hɔ, na ɛkyerɛɛ beae a wosusuwii sɛ na ɛwɔ mpo.

Wɔ mfeha 15 ne 16 mu no, ná ɛpo so ahyɛnkafo a wotwaa Atlantic po no rehwehwɛ wiase a na ɛyɛ foforo na bere koro no ara, atra hɔ fi tete bere mu. Wosusuwii sɛ na wobehu Indiafo ne Eden turo no nyinaa wɔ po no agya hɔ. Sɛ nhwɛso no, Christopher Columbus hwehwɛɛ Eden turo no wɔ mmepɔw a ɛwɔ mmeae a awia mmɔ hɔ kɛse ne Amerika Mfinimfini ne Kusuu fam nsase a awia bɔ hɔ kɛse no so. Ná Europa abɔrehufo a wɔkɔɔ Brazil no gye di yiye sɛ paradise a ayera no bɛwɔ hɔ esiane ɛhɔ wim tebea a na eye ne nnuan ne afifide pii a na ɛwɔ hɔ no nti. Nanso, ankyɛ pii na wobehuu sɛnea tebea no te ankasa.

Wiase Papa a Nnipa Susuw Ho—Ɛwɔ Hɔ Ankasa?

Sɛ́ anka wɔbɛbɔ mmɔden ahwehwɛ wiase a nnipa susuw sɛ eye wɔ asase so beae bi a ɛwɔ akyirikyiri no, afoforo abɔ mmɔden sɛ wɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ mu. Enti, wɔ 1516 mu no, Engiresini bi a ɔhwehwɛ nnipa yiyedi, Thomas More kaa saa Wiase a wosusuw sɛ ɛwɔ supɔw bi so no ho asɛm sɛ ɛyɛ nea ɛyɛ fɛ a asomdwoe wɔ so, ne beae a wonya afoforo ho koma, beae a ɛyɛ soronko koraa fi wiase a ɛmfata a onim no ho. Na afoforo nso abɔ mmɔden de nsɛm a ɛsen eyi aka wiase a eye, wiase a anigye wɔ mu ho asɛm: Plato kaa ne kurow Republic no ho asɛm wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu; wɔ 1602 mu no, ɔkokorani Tommaso Campanella kaa ne Kuropɔn Sun a ɔyɛɛ ho nhyehyɛe yiye no ho asɛm; ɛno akyi mfe kakraa bi no, Engiresini nyansapɛfo Francis Bacon kaa “n’asase a ɛso yɛ anigye na ɛyɛ fɛ” New Atlantis no ho asɛm. Wɔ mfehaha pii mu no, animdefo pii (sɛ́ wɔyɛ anyamesomfo anaasɛ wɔnyɛ bi no) aka saa Wiase ahorow no ho nsɛm pii. Nanso, emu biara nni hɔ a wogye dii.

Ebinom mpo wɔ hɔ a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyekye wɔn ankasa aman a na ɛwɔ wɔn adwene mu no. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1824 mu no, Engiresini sikani Robert Owen, sii gyinae sɛ obetu akɔtra Indiana, U.S.A., sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adi wiase bi a asomdwoe wom ho nsusuwii a ɔwɔ no ho dwuma wɔ kurow ketewa a ɔtoo din New Harmony no mu. Bere a na ogye di sɛ nnipa betumi anya nkɔso wɔ tebea ahorow a ɛfata mu no, ɛkame ayɛ sɛ ɔde nea ɔwɔ nyinaa dii dwuma de bɔɔ mmɔden sɛ ɔde nea osusuwii sɛ ɛne wiase abrabɔ foforo no besi hɔ. Nanso nea efii mu bae no daa no adi sɛ asetra mu tebea foforo ntumi nsakra nnipa mma wɔnyɛ foforo.

Ɛkame ayɛ sɛ amammui adwenhorow nyinaa kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ onipa fa n’ankasa nimdeɛ ne nea osusuw sɛ ɛyɛ nokware so yɛ wiase nneɛma ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de paradise a wasusuw ho no aba asase so. Nanso, mmɔden ahorow pii a wɔabɔ sɛ wɔbɛma saa akwanhwɛ no abam no akowie akodi ne aman anidan ahorow te sɛ France anidan a ɛbae 1789 mu ne Bolshevik Ɔman Anidan a ɛbae wɔ 1917 mu no mu. Mpɛn pii no sɛ́ anka ɛde paradise tebea ahorow bɛba mmom no, mmɔden a ɛtete saa a wɔbɔe no kowiee ɔyaw ne amanehunu pii mu.

Akwanhwɛ, nhyehyɛe, nsusuwii hunu ahorow, ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma abam—ayɛ huammɔdi a atoatoa so. Wɔ yɛn bere yi mu no, nnipa binom ka “anidaso hunu” ne “nsusuwii hunu awiei bere” ho asɛm, na wɔka kyerɛ yɛn sɛ “yenyi nsusuwii hunu” biara mfi yɛn adwenem. Na so anidaso bi wɔ hɔ sɛ yebehu wiase a eye, anaasɛ ɛbɛyɛ adaeso ara kwa?

Nea Kristofo Ka wɔ Wiase a Eye Ho

Akyinnye biara nni ho sɛ wiase foforo bi a ɛbɛba no nyɛ adaeso ara kwa—ɛyɛ anidaso a ɛbɛbam ankasa! Ná Yesu Kristo, Kristosom Farebae no nim sɛ ɛnyɛ mprempren wiase yi ne wiase a eye sen biara no. Ɔkyerɛkyerɛe sɛ nnipa a wodwo benya asase no adi, na Onyankopɔn apɛde abam wɔ hɔ. (Mateo 5:5; 6:9, 10) Ná ɔne n’asuafo no nyinaa nim sɛ Onyankopɔn tamfo, Satan Ɔbonsam na odi wiase yi so, na ɛno ne ade titiriw a ama adesamma hu amane pii no. (Yohane 12:31; 2 Korintofo 4:4; 1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 12:12) Yudafo anokwafo twɛnee ɛda a Onyankopɔn bɛma asase yi ade ne ho koraa afi akodi, ɔyaw ne nyarewa ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde nnipa a wɔdɔ asomdwoe ne atɛntrenee bɛhyɛ so ma no. Saa ara na afeha a edi kan Kristofo no de ahotoso twɛn sɛ wɔbɛsakra mprempren wiase yi na wɔde nneɛma nhyehyɛe foforo “ɔsoro foforo ne asase foforo” abesi ananmu.—2 Petro 3:13; Dwom 37:11; 46:8, 9; Yesaia 25:8; 33:24; 45:18; Adiyisɛm 21:1.

Bere a na Yesu Kristo sɛn dua so no, otii wiase foforo ho bɔhyɛ no mu kyerɛɛ ɔdebɔneyɛfo bi a ɔkyerɛɛ ne mu gyidi no. “[Yesu] ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nokware mise wo nnɛ, wobɛka me ho Paradise.’” (Luka 23:40-43, New World Translation) Saa ɔdebɔneyɛfo no tee nsɛm yi ase dɛn? So na Yesu kyerɛ sɛ saa ɔdebɔneyɛfo no bɛka ‘ne ho’ wɔ soro saa da no ara, sɛnea Katolekfo ne Protestantfo Bible nkyerɛase ahorow repɛ akyerɛ no? Dabi, ɛnyɛ saa na na Yesu rekyerɛ, esiane sɛ, wɔ ne wusɔre no akyi no, Yesu ka kyerɛɛ Maria Magdalene sɛ ‘Onya nkɔɔ n’Agya nkyɛn.’ (Yohane 20:11-18) Ɛwom sɛ na Yesu de mfe abiɛsa ne fã akyerɛkyerɛ n’asomafo no ansa na Pentekoste afe 33 Y.B. mu reba de, nanso na wɔn mu biara nsusuw ɔsoro paradise bi ho. (Asomafo no Nnwuma 1:6-11) Saa ɔdebɔneyɛfo no tee ase sɛnea na Yudafo dodow no ara a na wɔte ase saa bere no bɛte ase no: Ná Yesu rehyɛ wiase a eye a ɛbɛba paradise asase so ho bɔ. Germanni nhomanimfo bi gye toom sɛ: “Owu akyi asotwe ho nkyerɛkyerɛ no mpue wɔ Apam Dedaw no mu koraa.”

Ɔsomafo Paulo sii paradise a ɛbɛba yɛn asase yi so so dua wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no mu. Bere a Paulo rehyɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ ‘wɔmmpow nkwagye kɛse a wɔnam Yesu Kristo so fii ase daa no adi no,’ osi so dua sɛ Yehowa Nyankopɔn de “wiase [Hela, oi·kou·meʹne] a ɛreba” no so tumi ahyɛ Yesu Kristo nsa. (Hebrifo 2:3, 5) Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔde asɛmfua, oi·kou·meʹne ka yɛn asase a nnipa te so yi ho asɛm bere nyinaa, na ɛnyɛ ɔsoro wiase bi. (Fa toto Mateo 24:14; Luka 2:1; 21:26; Asomafo no Nnwuma 17:31 ho.) Enti Onyankopɔn Ahenni a Kristo Yesu di so no bedi asase nyinaa so tumi. Ɛno na ɛbɛyɛ beae a obiara bɛpɛ sɛ ɔtra!

Ɛwom sɛ Ahenni no ankasa bɛwɔ soro de, nanso ebedi asase so nsɛm ho dwuma. Dɛn na ebefi mu aba? Nyarewa, nnebɔne, ohia, ne owu bɛyɛ nneɛma a wɔrenkae bio koraa. Na abasamtu ne adwennwen nyinaa mpo betwam. (Adiyisɛm 21:3-5) Bible no ka sɛ ‘Onyankopɔn bebue ne nsam na wama ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ adi amee.’ (Dwom 145:16) Wobedi ɔhaw ahorow te sɛ adwuma a wonnya nyɛ ne mframa a wɔsɛe no ho dwuma korakora. (Yesaia 65:21-23; Adiyisɛm 11:18) Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, esiane Onyankopɔn nhyira nti, nokware, atɛntrenee, ne asomdwoe—su horow a ɛkame ayɛ sɛ ɛreyɛ ayera no bedi nkonim!—Dwom 85:7-13; Galatifo 5:22, 23.

So eyinom nyinaa yɛ anidaso hunu anaa adaeso bi ara kwa? Dabi, bere a emu yɛ den sen biara a yɛte mu yi di adanse sɛ yɛte wiase yi “nna a edi akyiri” mu na enti wiase foforo no abɛn. (2 Timoteo 3:1-5) So wobɛpɛ sɛ wotra hɔ bi? Ɛnde sua ɔkwan a ɛbɛma woatumi akɔ hɔ bi no denam Bible no a wo ne Yehowa Adansefo besua no so. Wiase a eye, nea eye sen nea yɛasusuw ho pɛn biara no abɛn. Ɛnyɛ adaeso—ɛyɛ nokware ankasa!

[Kratafa 7 mfonini]

Wiase a eye—ɛbɛba nnansa yi ara

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena