Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 7/8 kr. 17-19
  • Mexico Sakra Ne Nyamesom Ho Mmara no

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mexico Sakra Ne Nyamesom Ho Mmara no
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmara No
  • Wɔde Yehowa Adansefo Som no Ahyɛ Mmara Ase
  • So Wɔbɛma Obiara Kwan Ma Ɔde N’ahonim Adi Dwuma Wɔ Mexico?
    Nyan!—2000
  • Dɛn na Nyamesom mu Ahofadi Kyerɛ Ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Koma Nyinaa Mu A Mifi Som Ɛmfa Ho Ɔtaa Ahorow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Afoforo Som Ho Koma a Wonni Nnɛ
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 7/8 kr. 17-19

Mexico Sakra Ne Nyamesom Ho Mmara no

WƆ JULY 16, 1992 NO, NYAMESOM AKUW NE BAGUAM ƆSOM HO MMARA FOFORO NO FII ASE YƐƐ ADWUMA WƆ MEXICO. DƐN NTI NA EYI HO BEHIAE, NA SAA MMARA FOFORO YI FA DƐN HO? MOMMA YƐNHWEHWƐ ASƐM A AMA NKURƆFO REHWƐ NNEƐMA PII KWAN YI MU.

BERE a Spain dii nea mprempren wɔfrɛ hɔ Mexico so nkonim no, wɔde Katolek som no hyɛɛ nkurɔfo no. Bere a ɛbere dui sɛ wɔbɛhyɛ nyamesom ho mmara no, wɔde Spain mmara bi, Constitución de Cádiz (1812), fã bi dii dwuma; Mmara a ɛto so 12 no kae sɛ: “Nea ɛyɛ Ɔman som wɔ Spain, na ɛbɛkɔ so ayɛ daa, ne Roma Katolek a ɛyɛ Asomafo no nnwuma nsusuwso, nokware som biako pɛ a ɛwɔ hɔ no.” Akyiri yi, wɔ 1824 mu no, wɔyɛɛ Ɔman Mmara maa Mexico, na ɛkae sɛ: “Nea ɛyɛ Ɔman som wɔ Mexico, na ɛbɛkɔ so ayɛ daa, ne Roma Katolek a ɛyɛ Asomafo no nnwuma nsusuwso. Ɔman no nam mmara a nyansa wom na ɛteɛ so bɔ ho ban, na ɛbara ɔsom foforo biara.” Ɛwom sɛ wɔyɛɛ nsakrae pii wɔ ɔman no mmara mu de, nanso saa adwene no ansesa araa de besi 1843 mu mpo, na wɔde Katolek som dii kan, na nokwarem no, wɔamma som afoforo biara ho kwan.

Ɛyɛ 1857 mu na Benito Juárez, Mexico ɔmanyɛfo bi, fii ase yɛɛ nsakrae wɔ ɔman no mmara ahorow mu, na nea na wɔfrɛ no Ɔsesɛw Mmara no bae. Ná eyi atirimpɔw ne sɛ “ɛbɛyɛ asɔre agyapade ɔman de,” na “ama Ɔman no amammui ne sikasɛm so tumi anya nkɔanim ma [Katolek] Asɔre no de abrɛ ase.” (Historia de México, Po 10, kratafa 2182) Wɔyɛɛ Asɔre Agyapade a Wɔdan no Ɔman De ho Mmara no de kaa 1859 mmara ahorow yi ho, ne afei mmara a na ɛhwehwɛ sɛ Ɔman no ma aware ho kwan ansa na afata wɔ mmara kwan so no. Wɔ 1860 mu no, wɔyɛɛ Nyamesom Hokwan Mmara no.

Ɔsesɛw mmara ahorow no maa nkurɔfo hokwan kakra a wɔde bɛpaw ɔsom a wɔn ankasa pɛ, na ɛhyɛe sɛ ɛnyɛ Katolek som nkutoo ne ɔsom a ɔman no bɛma ho kwan. Nanso, na hokwan foforo yi nkɔ akyiri pii na na nneɛma bi bata ho. Mmara no maa kwan sɛ ɔsom ahorow betumi akɔ so wɔ Mexico de, nanso ampene wɔn so anaa amma wɔn hokwan biara wɔ mmara kwan so. Ade titiriw nti a wɔyɛɛ Ɔsesɛw mmara no ne sɛ wɔde bɛbrɛ hokwan a Katolek som no wɔ ase, nanso sɛnea ɛkɔyɛe no, ɛbrɛɛ hokwan a ɔman no mu som ahorow no nyinaa wɔ no ase. Nanso, saa bere no ɔsom afoforo a ɛnyɛ Katolek som tumi nyaa hokwan yɛɛ adwuma, na Protestant som a efi United States no mufo fii asɛmpaka adwuma bi ase wɔ ɔman no mu.

Wɔhyɛɛ ɔsesɛw mmara no mu den wɔ 1917, de tiaa asɔfo no bio, na ɛde ɔtaa baa asɔfo no ne Katolekfo a wɔaka so. Eyi de Cristeros akodi no bae wɔ 1926 mu, akodi a Katolekfo di tiaa nniso no na ama wɔatwa nyamesom ho mmara katee no mu. Ɔko yi baa awiei wɔ 1929 mu maa nniso no penee so sɛ wobegyaa nneɛma mu asiesie kakra, nanso mmara no kɔɔ so a wɔansakra no.

Bere a nhoma a wɔfrɛ no Una Ley Para la Libertad Religiosa (Nyamesom Hokwan Mmara Bi) reka mmara yi ho asɛm no, ɛka sɛ: “Yɛahu sɛ mfiase no na yɛn Ɔman Mmara a Ɛto so 24 no nkyekyem a ɛto so abien no, ne ɔman mmara afoforo a wɔyɛɛ nsakrae wom no tia nyamesom hokwan pefee, efisɛ amma ankorankoro biara ansom sɛnea ɔpɛ wɔ baguam, na tumidi no na ɛkyerɛɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɔfa so.

“Afei nso, na ɛda adi pefee sɛ saa ɔman mmara ahorow no ne nea Amanaman Nkabom Amansan Mpaemuka a Ɛfa Nnipa Hokwan Ho (Mmara a ɛto so 19) ne America Nnipa Hokwan Bagua (Mmara a ɛto so 12), a ɛyɛ amanaman ntam nhyehyɛe a Mexico Ɔman no apene so, de sii hɔ no bɔ abira.”

Wɔ 1988 mu, bere a Mexico ɔmampanyin foforo no fii ne mfe asia nniso no ase no, wɔtoo nsa frɛɛ Katolek asɔre mpanyimfo sɛ wɔmmra afahyɛ a wɔde besi no mampanyin no bi. Ɔmampanyin Carlos Salinas de Gortari bɔɔ amanneɛ wɔ ne kasa mu sɛ ɛho hia sɛ wɔyɛ Asɔre ne Ɔman ntam abusuabɔ no foforo. Nneɛma afoforo a wɔyɛe yi kowiee gyinaesi a ɛne sɛ egye ntɛmpɛ sɛ wɔsakra mmara a ɛfa nyamesom ho no. Afei nso, na saa ɔman no redan dodow amammu papa, na wofii ase yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔne United States ne Canada bɛyɛ apam abue aguadi hokwan. Enti na ɛho hia sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ mmara no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nyamesom hokwan.

Mmara No

Sɛnea mmara foforo no ka wɔ ne mmara a edi kan mu no, “egyina nnyinasosɛm a agye din a ɛne nsonsonoe a wɔma ɛda Asɔre ne Ɔman mu, ne nyamesom gyidi hokwan so . . . ” Mmara a ɛto so abien no ma ankorankoro no hokwan sɛ “otumi nya anaa ogye nyamesom gyidi a ɔpɛ tom, na ɔne afoforo anaa ne nkutoo yɛ ɔsom mu nneyɛe ne amanneɛ a ɔpɛ . . . , pow nyamesom gyidi nyinaa . . . , na wɔne no di te sɛ afoforo, wɔnhyɛ no so, anaa wɔntan no esiane ne nyamesom gyidi ahorow nti . . . , na ɔne afoforo bɔ anaa wohyiam asomdwoe mu ma nyamesom dwumadi ahorow.” Esiane saa mmara yi nti, “sɛ wonya de asɔre ahorow ne nyamesom akuw hyɛ mmara ase wɔ Aban Asoeɛ hɔ a, wobegye atom wɔ mmara kwan so sɛ nyamesom ahyehyɛde.” Afei nso, “nyamesom ahyehyɛde ahorow a wɔnam mprempren mmara no so tewee no betumi afa wɔn ankasa agyapade a ɛboa wɔn ma wodi wɔn botae ho dwuma.”

Wɔde Yehowa Adansefo Som no Ahyɛ Mmara Ase

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico gyinaa mmara foforo yi so de akwammisa kratasin kɔmaa Nyamesom ho Nsɛm Adwumayɛbea no April 13, 1993, sɛ wɔmfa wɔn nhyɛ mmara ase sɛ nyamesom kuw. Ɛde besi saa bere no na Yehowa Adansefo wɔ ɔman no mu ankasa de, nanso te sɛ ɔsom foforo biara no, na wonnyee wɔn ntoom wɔ mmara kwan so . Ná Yehowa Adansefo ayɛ adwuma wɔ ɔman no mu fi afeha a ɛto so 20 no mfiase. Ɛwom sɛ na wonnyee wɔn ntoom wɔ mmara kwan so de, nanso wɔ June 2, 1930 no, Mexico aban no maa Amanaman Ntam Bible Asuafo Kuw no tumi krataa. Wɔ December 20, 1932 no, wɔsesaa saa din yi yɛɛ no La Torre del Vigia (Ɔwɛn Aban). Nanso wɔ 1943 mu no, esiane mmara ahorow a na ɛmma nyamesom dwumadi hokwan pii wɔ ɔman no mu nti, wɔde hyɛɛ mmara ase wɔ din foforo ase sɛ ahyehyɛde a ɛnnyɛ nyamesom de. Wɔ saa kwan yi so no, Yehowa hyiraa adwuma a na Yehowa Adansefo reyɛ no mfe pii no so. Mprempren, Yehowa Adansefo agyina krataa bi a wɔkyerɛw no May 7, 1993 na wɔde maa wɔn May 31, 1993 no so de wɔn som no ahyɛ mmara ase a edin no ne, La Torre del Vigía, A. R., ne Los Testigos de Jehová en México, A. R., a ne nyinaa yɛ nyamesom ahyehyɛde.

Wɔ saa nhyehyɛe foforo yi ase no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico kɔ so yere wɔn ho denneennen ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm, te sɛ wɔn a wɔwɔ wiase aman afoforo 230 mu no. Wɔreyɛ ntrɛwmu adwuma kɛse wɔ Mexico, a Ahenni Asa ne Nhyiam Asa afoforo a wɔresisi ka ho. Bere a wɔwɔ adawurubɔfo bɛboro 380,000, na afe biara wɔbɔ afoforo bɛyɛ 30,000 asu no, adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, sɛnea ɛda adi wɔ ofie Bible adesua 530,000 a wɔyɛ no mprempren mu no.

Eyi nkyerɛ sɛ ɔhaw a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico hyia no nyinaa to atwa. Wɔn mmofra da so hyia ɔhaw wɔ sukuu esiane ɔfã biara a wonni nti. Nanso, atumfoɔ no bɔ mmɔden sɛ wɔde mmara foforo no bedi ama ɔsom ahorow a ɛwɔ ɔman no mu nyinaa a nsisi nnim. Nokwarem no Mexico nam nyamesom ho mmara foforo no so ayɛ ade kɛse de abɔ nnipa hokwan ne nyamesom hokwan ho ban.

[Kratafa 18 mfonini]

Nkrataa ahorow a wɔnam so ma “Ɔwɛn-Aban” ne “Nyan!” hokwan

[Kratafa 19 mfonini]

Bible suabea foforo a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico resi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena