Wotwa Yɛn Asu Kɔ Siberia!
SƐNEA VASILY KALIN KA KYERƐE
Sɛ wuhu ɔbarima bi a ɔte hɔ dinn rekenkan Bible bere a atopae retoto denneennen a, so worempɛ sɛ wubehu nea ɛma otumi tra hɔ dinn saa no? Mfe bɛboro 56 ni no, me papa huu obi saa.
NÁ ƐYƐ July 1942, bere a na Wiase Ko II no gyina mu denneennen no. Bere a Germany asraafo dɔm no kɔfaa me papa akuraa a ɛne Vilshanitsa ase wɔ Ukraine no, me papa kɔsoɛɛ awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim fie. Ná wɔretotow atopae fi wimhyɛn mu gu hɔ nyinaa, nanso na ɔbarima no te ne bukyia ho renoa aburoduan bi, na na ɔrekenkan Bible.
Mfe anum akyi na wɔwoo me wɔ baabi a ɛbɛn Ukraine atɔe fam kurow fɛfɛ Ivano-Frankivs’k, a saa bere no na ɛka Soviet Union ho no. Akyiri yi na me papa kaa nkɔmmɔ a ne werɛ remfi da a ɔne saa barima a na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako bɔe, ne afei ahude a ɛkɔɔ so wɔ mfe a wɔde dii ako no mu no ho asɛm kyerɛɛ me. Ná nkurɔfo no abrɛ ne tebea a ɛrekɔ so no, na na ama wɔayɛ basaa, enti nnipa pii adwenem yɛɛ wɔn naa sɛ, ‘Dɛn nti na ntɛnkyea abu so saa? Dɛn nti na nnipa mpempem pii a wɔnyɛɛ hwee rewuwu saa? Dɛn nti na Nyankopɔn ma ho kwan? Adɛn? Adɛn? Adɛn?’
Paapa ne akwakoraa no fii komam bɔɔ saa nsɛmmisa no ho nkɔmmɔ kɔɔ akyiri. Ɔbarima no buee ne Bible kenkan kyerɛw nsɛm pii de buaa Paapa nsɛmmisa a na akyere n’adwene akyɛ no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma akodi nyinaa agyae wɔ ne bere a wahyɛ mu, na asase bɛdan paradise fɛfɛ.—Dwom 46:9; Yesaia 2:4; Adiyisɛm 21:3, 4.
Paapa de mmirika baa fie na ɔteɛɛm sɛ: “Munim anwonwasɛm bi? Me ne Yehowa Adansefo bɔɔ nkɔmmɔ pɛnkoro pɛ no, ama m’ani abue! Mahu nokware no!” Paapa kae sɛ ɛwom sɛ na ɔkɔ Katolek Asɔre a ɔntoto mu de, nanso na asɔfo no ntumi mmua ne nsɛmmisa no. Enti Paapa fii ase suaa Bible no, na me maame bɛkaa ne ho. Wofii ase nso de kyerɛkyerɛɛ wɔn mma baasa no—me nuabea a na wadi mfe 2 pɛ no ne me nuabarimanom a na obiako adi mfe 7 na obiako nso adi mfe 11 no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, topae bi sɛee wɔn fie no pasaa ma ɛkaa wɔn dan biako pɛ.
Ná Maame fi abusua kɛse mu a na ɔwɔ nuabeanom baasia ne nuabarima biako. Ná ne papa yɛ asikafo a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ no biako, na na tumi ne dibea a ɔwɔ no hia no paa. Enti, mfiase no, n’abusuafo kasa tiaa gyidi foforo a na m’abusua ahu no. Nanso, bere bi akyi no, asɔretiafo yi mu pii gyaee nyamesom nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia te sɛ ahoni a na wɔde di dwuma no, na wɔbɛkaa m’awofo ho wɔ nokware som mu.
Asɔfo no yii wɔn anim sɛee nkurɔfo adwene wɔ Adansefo no ho. Ɛno nti, na ɛhɔfo no bi tumi bobɔ wɔn mpomma mu nhwehwɛ hunahuna wɔn. Eyi nyinaa akyi no, m’awofo annyae Bible no sua. Enti, eduu bere a wɔwoo me wɔ 1947 mu no, na yɛn abusua no resom Yehowa wɔ honhom ne nokware mu.—Yohane 4:24.
Wotwa Yɛn Asu
Mekae nea esii April 8, 1951 anɔpa paa no yiye, ɛwom sɛ saa bere no na madi mfe anan pɛ de. Asraafo de nkraman bɔ wuraa yɛn fie. Wɔde krataa a ese wontwa yɛn asu kyerɛɛ yɛn, na wɔhwehwɛɛ yɛn fie hɔ nneɛma mu. Asraafo a wokurakura atuo akɛse de nkraman begyinagyinaa yɛn kwan ano, na mmarima a wɔhyehyɛ akotade tratraa yɛn pon ho twɛnee, bere a na yɛreyɛ no ntɛm afi hɔ ansa na nnɔnhwerew abien a wɔde ama yɛn no aso no. Ná mente nea ɛrekɔ so no ase, na misui.
Wɔhyɛɛ m’awofo sɛ wɔmfa wɔn nsa nhyɛ krataa bi ase a ɛkyerɛ sɛ wɔnyɛ Yehowa Adansefo bio, na wɔne wɔn atwa abusuabɔ mu. Sɛ wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase a, anka wobegyaa wɔn ma wɔatra wɔn fie wɔ wɔn kurow mu. Nanso, Paapa kaa no pen sɛ: “Mewɔ ahotoso sɛ baabiara a mode yɛn bɛkɔ no, yɛn Nyankopɔn Yehowa bɛka yɛn ho.”
Ɔsraani panyin no kae sɛ: “Munsusuw mo abusua ho, munsusuw mo mma ho. Munhu sɛ ɛnyɛ anigyebea bi na yɛde mo rekɔ. Yɛde mo rekɔ atifi fam nohoa, baabi a asukɔtweaa nnyae tɔ da, na asisi nenam mmɔnten so.”
Saa bere no na obiara bu asɛmfua “Siberia” sɛ biribi a ɛyɛ hu a ahintasɛm bi wom. Nanso, gyidi ne ɔdɔ a emu yɛ den a na wɔwɔ ma Yehowa no bunkam baabi a na wonnim a wɔde wɔn rekɔ ho suro biara a na wɔwɔ no so. Wɔsesaa yɛn nneɛma guu teaseɛnam mu, na wɔde yɛn kɔɔ kurow no mu koguu keteke nketewa bi mu, yɛne mmusua afoforo 20 kosi 30. Ɛhɔ na yefii yɛn akwantu no ase kɔɔ Siberia kwae mu, anaa sare so.
Yɛnam kwan so rekɔ no, yehyiaa keteke afoforo a na nkurɔfo a wɔretwa wɔn asu gu mu wɔ keteke agyinae ahorow, na yehui sɛ wɔakyerɛw abobɔ keteke nketewa no ho sɛ: “Yehowa Adansefo na Wɔwom.” Eyi nkutoo dii adanse, efisɛ ɛmaa nnipa pii behui sɛ wɔde Adansefo mpempem pii ne wɔn mmusua rekɔ mmeaemmeae wɔ atifi fam ne apuei fam akyirikyiri.
Wɔadi Yehowa Adansefo a wɔboaboaa wɔn ano twaa wɔn asu wɔ April 1951 mu yi ho adanse kɛse. Abakɔsɛm Kyerɛwfo Walter Kolarz kyerɛw ho asɛm wɔ ne nhoma Religion in the Soviet Union mu sɛ: “Eyi antumi ‘Adansefo’ a wɔwɔ Russia no, na mmom ɛbɛyɛɛ nsakrae bere wɔ wɔn asuafoyɛ adwuma no mu. Bere a wɔretu akɔ no mpo, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛka wɔn gyidi no ho asɛm akyerɛ bere a wogyinagyinaa mmeaemmeae no. Soviet Aban no twaa wɔn asu no, ɛboaa wɔn mmom ma wɔkaa wɔn gyidi no ho asɛm kyerɛe. Woyii ‘Adansefo’ no fii wɔn nkuraa a atew ne ho no ase kɔɔ baabi a nnipa pii behu wɔn, ɛwom mpo sɛ wɔde wɔn kɔɔ nneduaban ne adwumayɛban a emu asetra yɛ asefem mu de.”
M’abusua no nyaa no yiye efisɛ wɔmaa yɛn kwan ma yɛde nnuan kɔe—esiam, aburow, ne adua. Wɔmaa me nanabarima mpo kwan ma okum prako ma yɛne Adansefo foforo de yɛɛ aduan. Bere a yɛnam kwan mu no, na yɛte sɛ nkurɔfo reto dwom wɔ keteke nketewa no mu. Yehowa maa yɛn ahoɔden de gyinaa ano.—Mmebusɛm 18:10.
Yɛde bɛyɛ adapɛn abiɛsa tuu kwan faa Russia, na awiei koraa no, yekoduu awɔw mu wɔ Siberia a na atew ne ho wɔ akyirikyiri no. Wɔde yɛn kɔɔ Toreya agyinae a ɛwɔ Chunsk wɔ Irkutsk mantam mu no. Efi hɔ no, wɔde yɛn toaa so wɔ kwae no mu kɔɔ akuraa ketewa bi a yɛn nkrataa no kaa ho asɛm sɛ yɛn “daa atrae” no ase. Mmusua 15 nneɛma tumi kɔɔ nea wɔde nneɛma gu mu no mu, na wɔde trata twe faa osutɔ bere mu atɛkyɛ no mu. Wɔde mmusua bɛyɛ 20 koguu mpapadan a na wɔasi abom biako a wɔnkyekyɛɛ mu mu. Aban mpanyimfo no dii kan bɔɔ ɛhɔfo no kɔkɔ sɛ Yehowa Adansefo yɛ nnipa a wɔn ho yɛ hu. Enti mfiase no, nkurɔfo suroo yɛn, na wɔammɔ mmɔden biara sɛ wobehu yɛn yiye.
Akwantu no Mu Adwuma
Adwuma a Yehowa Adansefo yɛe ne sɛ wobubuu nnua, na wɔyɛɛ saa wɔ tebea a ɛyɛ den paa mu. Wɔde wɔn nsa na ɛyɛɛ ho adwuma nyinaa—nnua no pae, emu twitwa, sesa a wɔsesa guu nteaseɛnam a wɔde apɔnkɔ twe mu, ne ɛno akyi no, keteke nketewa mu a wɔde gui. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne nwemmoa pii a na wɔkwati wɔn a ɛnyɛ yiye no. Wopirapiraa me papa paa. Ná ne ho nyinaa asoasoa, na ɔbɔɔ mpae a emu yɛ den sɛ Yehowa mmoa no ma onnyina ne mudi mu. Nanso nsɛnnennen no nyinaa akyi no, Yehowa Adansefo mu fã kɛse no ara gyidi anhinhim da.
Ankyɛ na wɔde yɛn kɔɔ Irkutsk kurow mu, faako a yɛn abusua no kɔtraa baabi a bere bi na ɛyɛ nneduaban yɛɛ adwuma wɔ ntayaa adwinnan bi mu no. Wɔde nsapan na eyiyii ntayaa no fii bukyia akɛse a na emu adɔ mu, na daa na wɔto dodow a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no mu, ma enti na ɛsɛ sɛ mmofra mpo boa wɔn awofo ma wotumi wie adwuma no. Ɛkaee yɛn Israelfo no nkoasom wɔ tete Misraim.—Exodus 5:9-16.
Ɛbɛdaa adi pefee sɛ Adansefo no yɛ nnipa a wɔyɛ adwumaden na wodi nokware, na wɔnyɛ “ɔmanfo atamfo” sɛnea nkurɔfo kae no. Wɔhyɛɛ no nsow sɛ Ɔdansefo biako mpo annidi mpanyimfo no atɛm, na saa ara nso na Adansefo no antew atua antia atumfoɔ no gyinaesi ahorow no. Nnipa pii ani begyee wɔn gyidi ho mpo.
Yɛn Honhom Fam Tebea
Ɛwom sɛ wɔhwehwɛɛ Adansefo no ho mpɛn pii—ansa na wɔretwa wɔn asu, bere a wɔnam kwan mu rekɔ, ne bere a wokoduu baabi a wotwaa wɔn asu kɔe no—de, nanso wɔn mu pii tumi de Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma ne Bible ahorow mpo siee wɔn ho. Akyiri yi, wɔde wɔn nsa kyerɛkyerɛw foforo, na wɔfaa akwan foforo nso so yɛɛ bi kaa ho. Wɔyɛɛ Kristofo nhyiam daa wɔ mpapadan no mu. Sɛ mpapadan no sohwɛfo no bɛto yɛn sɛ yɛabom reto dwom a, ɔka kyerɛ yɛn sɛ yennyae. Sɛ ɛba saa a, yegyae. Nanso sɛ ɔkɔ mpapadan a ɛtoa so no mu a, na yɛafi ase reto bio. Ná yɛnte gyae.
Saa ara nso na yɛannyae asɛnka adwuma no. Ná Adansefo no kasa kyerɛ obiara a wobehyia no wɔ baabiara. Ná me nuabarimanom mpanyimfo no ne m’awofo taa ka ɔkwan a wɔfaa so kaa Bible mu nokware kyerɛɛ afoforo no ho asɛm kyerɛ me. Ɛnam ɛno so no, Bible mu nokware de nkakrankakra fii ase gyee nhini wɔ komapafo koma mu. Enti, wɔ 1950 mfiase no, wɔma wɔtee Yehowa Ahenni ho asɛm no wɔ Irkutsk ne hɔ mpɔtam.
Mfiase no, na wobu Adansefo no sɛ wɔn a wɔne amammuifo di asi, nanso akyiri yi aban mpanyimfo begye toom sɛ yɛn ahyehyɛde no fa nyamesom nkutoo ho. Nanso, atumfoɔ no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛagyae yɛn adwuma no. Enti sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua a, na yehyia wɔ akuw nketewa a mmusua abien anaa abiɛsa na wɔwom mu na amma wɔanhu yɛn. February 1952 anɔpa bi no, wobetuu yɛn nneɛma tɔɔ wɔn bo ase hwehwɛɛ mu. Ɛno akyi no, wɔkyeree Adansefo du, na wɔde yɛn a yɛaka no kɔɔ mmeaemmeae. Wɔde yɛn abusua no kɔɔ Iskra akuraa a na emu nnipa bɛyɛ ɔha na ɛne Irkutsk kurow no ntam kwan bɛyɛ kilomita 30 no ase.
Sɛnea Yegyinaa Nsakrae a Ɛbae Ano
Akuraa no ase mpanyimfo de anigye gyee yɛn ma ɛyɛɛ nwonwa. Ná nkurɔfo asetra nyɛ kyenkyenee, na na wɔpɛ nnipa—wɔn mu pii mpo baa yɛn afie bɛboaa yɛn. Sɛ yɛn abusua no ka ho a, mmusua abiɛsa na wɔde yɛn koguu dan ketewa a ne kɛse ne ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ mita 17 mu. Nkanea a wɔde krasin gu mu nkutoo na na yɛsɔ.
Ade kyee anɔpa no, wɔtoo aba. M’awofo kae sɛ wɔato ama Nyankopɔn Ahenni dedaw, nanso nkurɔfo no ante ase. Enti wɔkyeree m’abusuafo a wɔadu mpanyin mfe so no nyinaa de wɔn siei da mũ no nyinaa. Ɛno akyi no, nnipa bebree bisaa wɔn nneɛma a wogye di no ho asɛm, na eyi buee hokwan kɛse maa m’abusuafo no kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛe sɛ ɛno ne adesamma anidaso koro pɛ.
Wɔ mfe anan a yɛde traa Iskra akuraa no ase no, na Adansefo foforo biara mmɛn yɛn a yebetumi ne wɔn abɔ. Ansa na yebetumi afi akuraa no ase no, na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ kwan soronko fi ɔhwɛfo no hɔ, na na ɔntaa mma hokwan, efisɛ ade titiriw nti a wotwaa yɛn asu ne sɛ wɔbɛma yɛatew yɛn ho afi afoforo ho. Nanso, bere nyinaa na Adansefo no bɔ mmɔden hwehwɛ wɔn ho wɔn ho na ama wɔatumi akyɛ honhom fam aduan foforo biara a wɔanya.
Stalin wu wɔ 1953 mu akyi no, wɔtew mfe dodow a na Adansefo a wɔabu wɔn fɔ no nyinaa de bɛyɛ nneduafo no so fii mfe 25 baa mfe 10. Ná wɔn a wɔwɔ Siberia no nhia tumi krataa soronko bi bio na wɔatumi akɔ mmeaemmeae. Nanso, ankyɛ na mpanyimfo no fii ase hwehwɛɛ Adansefo no nneɛma mu, na sɛ wohu sɛ wokura Bible anaa Bible ho nhoma bi a, na wɔakyere wɔn. Wɔyeyɛɛ nsraban bi maa Adansefo no nkutoo, na wɔde anuanom mmarima 400 ne mmea 200 kɔɔ mu wɔ baabi a ɛbɛn Irkutsk.
Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa tee ɔtaa a ɛrekɔ so wɔ Soviet Union no ho asɛm. Enti, efi 1956 mfinimfini kosi February 1957 no, wogyee adesrɛ bi a wogyinaa yɛn ananmu de too gua toom wɔ ɔmantam nhyiam ahorow 199 ase wɔ wiase nyinaa. Nnipa 462,936 a wɔkɔɔ nhyiam no bi na wɔpenee adesrɛ a wɔde kɔtoo saa bere no Soviet ɔmampanyin Nikolay A. Bulganin anim no so. Nneɛma a ɛka adesrɛ no ho ne sɛ wonnyae yɛn na wɔmma yɛn “hokwan mfa nnye Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no na yentintim wɔ Russia ne Ukraine kasa ne kasa foforo a wobehu sɛ ɛho hia mu, ne afei Bible nhoma afoforo a Yehowa Adansefo de di dwuma wɔ wiase nyinaa nso.”
Saa bere no, na wɔde yɛn abusua no kɔ Khudyakovo akuraa a atew ne ho ase, a wufi Irkutsk rekɔ hɔ yɛ kilomita 20 no. Yɛtraa hɔ mfe ason. Wɔ 1960 mu no, me nuabarima Fyodor fii hɔ kɔɔ Irkutsk, na afe a edi hɔ no, me nuabarima panyin no waree, na me nuabea no nso tu kɔe. Afei wɔ 1962 no, wɔkyeree Fyodor too afiase esiane sɛ na ɔreyɛ asɛnka adwuma no nti.
Me Honhom Fam Nkɔanim
Sɛ yefi yɛn akuraa Khudyakovo rekɔ ne afoforo akohyiam ayɛ Bible adesua a, ɛyɛ kilomita 20 kwan a yɛnantew anaa yɛde sakre twa. Enti yɛbɔɔ mmɔden sɛ yebetu akɔ Irkutsk na ama yɛatumi abɛn Adansefo afoforo. Nanso, baabi a na yɛte no titrani ampene so, na ɔyɛɛ nea obetumi biara de siw yɛn kwan. Nanso, bere bi akyi no, ɔbarima yi fii ase nyaa yɛn ho adwempa kakra, enti yetumi tu kɔɔ Pivovarikha akuraase, a wufi hɔ rekɔ Irkutsk yɛ bɛyɛ kilomita du. Ná Yehowa Adansefo asafo bi wɔ hɔ, na mifii asetra foforo ase. Ná Asafo Nhoma Adesua ahorow ne anuanom a wɔhwɛ honhom fam dwumadi ahorow so wɔ Pivovarikha. Hwɛ sɛnea m’ani gyei!
Eduu saa bere no, na mabenya Bible mu nokware ho anigye paa, na na mepɛ sɛ wɔbɔ me asu. Wɔ August 1965 no, miduu me botae ho bere a wɔbɔɔ me asu wɔ Olkhe Asubɔnten ketewa no mu, na wɔbɔɔ Adansefo foforo nso asu wom saa bere no. Sɛ obi anhwɛ no yiye a, ɔbɛka sɛ yɛahyiam regye yɛn ani na yɛreguare asubɔnten no mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔmaa me dwumadi a edi kan sɛ Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo. Afei wɔ November 1965 mu no, yɛn ani san gyee bere a Fyodor fii afiase bae no.
Sɛnea Adwuma no Nyaa Nkɔanim
Wɔ 1965 mu no, wɔboaboaa atukɔfo nyinaa ano, na wɔbɔɔ amanneɛ sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛkɔ baabiara a yɛpɛ, na ɛmaa yɛn “daa atrae” no baa awiei. Wubetumi de w’adwene abu anigye a yenyae no? Bere a yɛn mu pii fii hɔ kɔɔ ɔman no mmeae foforo saa bere no, afoforo nso sii gyinae sɛ wɔbɛkɔ so atra baabi a Yehowa ahyira yɛn aboa yɛn wɔ yɛn honhom fam nkɔanim ne dwumadi no mu no. Saafo yi mu pii anya mma, mmanana, ne nanankansowanom wɔ Siberia, a akyiri yi ɛbɛyɛɛ baabi a ɛhɔ nyɛ hu biara sɛnea na wobu no no.
Wɔ 1967 mu no, mihyiaa Maria, abeawa bi a ɔno nso na wɔatwa n’abusuafo asu afi Ukraine kɔ Siberia. Bere a na yesusua no, yɛn baanu nyinaa traa Ukraine akuraa Vilshanitsa ase. Yɛwaree wɔ 1968 mu, na bere kɔɔ so no, yenyaa ɔbabarima, Yaroslav, ne akyiri yi, ɔbabea, Oksana.
Yɛkɔɔ so de ayi ne ayeforohyia yɛɛ hokwan boom hyia nyaa honhom fam fekubɔ. Ná yɛde saa hokwan no nso kyerɛkyerɛ Bible mu nokware mu kyerɛ abusuafo ne nnamfo a wɔnyɛ Adansefo a wɔbaa bi no. Mpɛn pii no na awɛmfo ba dwumadi a ɛtete saa ase, na na yefi Bible mu ka owusɔre anidaso no anaa Yehowa aware nsiesiei ne nhyira a ɛbɛba daakye wɔ ne wiase foforo no mu ho asɛm pefee.
Bere bi a na mereyɛ awie ayi ase ɔkasa bi no, kar bi besii hɔ maa mmarima a wɔwom no biako buee pon no si fii mu, na ɔka kyerɛɛ me sɛ memforo kar no. Ná minsuro. Efisɛ na yɛnyɛ nsɛmmɔnedifo, na yɛyɛ nnipa a wɔwɔ Nyankopɔn mu gyidi kɛkɛ. Nanso, na yɛn asafo mufo asɛnka kyerɛwtohɔ hyɛ me bɔtɔ mu. Sɛ wohui a, anka wobetumi ama wɔakyere me. Enti mesrɛɛ wɔn sɛ wɔmma memma me yere sika ansa na wɔde me akɔ. Afei mede me sika kotoku ne asafo kyerɛwtohɔ no kaa ho maa me yere wɔ wɔn anim.
Efi 1974 no, me ne Maria fii ase tintim Bible ho nhoma wɔ sum ase wɔ yɛn fie. Esiane sɛ na yɛwɔ babarima ketewa nti, na yɛyɛ no anadwo paa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu. Nanso, esiane sɛ na ɔyɛ mfeefeemu nti, na ɔyɛ sɛnea wada nanso na ɔtetɛw yɛn hwɛ nea yɛreyɛ. Akyiri yi, ɔkae sɛ: “Minim wɔn a wɔyɛ nsɛmma nhoma a ɛka Nyankopɔn ho asɛm no.” Yɛbɔɔ hu kakra, nanso daa na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmɔ yɛn abusua no ho ban wɔ saa adwuma a ɛho hia yi mu.
Awiei koraa no, mpanyimfo no nyaa Yehowa Adansefo ho adwempa kakra, ma enti yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ nhyiam kɛse bi wɔ Mir amammerɛ ho adekyerɛbea ne ahomegyebea a ɛwɔ Usol’ye-Sibirskoye kurow mu no. Yɛhyɛɛ kurow no mpanyimfo bɔ sɛ yɛn Bible adesua ne yɛn Kristofo fekubɔ nkutoo nti na yehyiam. Nnipa bɛboro 700 hyiaam wɔ January 1990, na wɔhyɛɛ asa no ma, maa ɔmanfo pii adwene baa so.
Bere a nhyiam no baa awiei no, nsɛm ho ɔmanneɛbɔfo bi bisae sɛ, “Bere bɛn na munyaa kwan tetee mo mma nketewa no?” Sɛnea wotumi traa ase nnɔnhwerew anan tiee nhyiam a edi kan a wɔyɛɛ no baguam no yɛɛ ɔno ne ahɔho afoforo nwonwa. Ankyɛ na Yehowa Adansefo ho asɛm bi a ɛyɛ anigye baa ɛhɔ atesɛm krataa mu. Ɛkae sɛ: “Anokwa yebetumi asua biribi afi [Yehowa Adansefo] hɔ.”
Yenya Ntrɛwmu Kɛse mu Anigye
Wɔ 1991 mu no, yɛyɛɛ ɔmantam nhyiam ahorow ason wɔ Soviet Union, na nnipa 74,252 na wɔkɔɔ bi. Akyiri yi, bere a kan Soviet Union adehyeman no bɛdee wɔn ho no, Yehowa Adansefo Sodikuw no maa me dwumadi sɛ menkɔ Moscow. Ɛhɔ na wobisaa me sɛ metumi atrɛw Ahenni adwuma no mu kyɛfa a minya no mu anaa. Saa bere no na Yaroslav aware awo, na na Oksana nso ani afi. Enti wɔ 1993 mu no, me ne Maria fii bere nyinaa som adwuma ase wɔ Moscow. Saa afe no ara, wɔpaw me sɛ Russia Yehowa Adansefo Ahyehyɛde Mantam Nyamesom Asoeɛ no titrani.
Yɛn baa dwumadibea foforo a ɛwɔ St. Petersburg akyi no na seesei me ne Maria te na yɛyɛ adwuma. Mibu no nidi sɛ me ne anuanom anokwafo foforo a wɔredi Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Russia a wɔredɔɔso ntɛmntɛm no ahiade ho dwuma no abom reyɛ adwuma. Ɛnnɛ, Adansefo bɛboro 260,000 na wɔwɔ kan Soviet Union adehyeman no mu, a wɔn mu 100,000 wɔ Russia nkutoo!
Me ne Maria taa susuw yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo a yɛdɔ wɔn a wɔkɔ so di nokware wɔ wɔn Ahenni som adwuma mu wɔ Siberia a ɛbɛyɛɛ yɛn kurow a yɛn ani begyee hɔ no ho. Ɛnnɛ wɔtaa yɛ nhyiam akɛse wɔ hɔ, na Adansefo bɛyɛ 2,000 na wɔreyɛ adwuma wɔ Irkutsk ne hɔ mpɔtam. Nokwarem no, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 60:22 no renya mmamu wɔ wiase no fã hɔ nso: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den.”
[Kratafa 16 mfonini]
Me ne me papa, yɛn abusua, ne atukɔfo foforo wɔ Irkutsk wɔ 1959 mu
[Kratafa 19 mfonini]
Mmofra atukɔfo a wɔwɔ Iskra
[Kratafa 21 mfonini]
Afe a yɛwaree no
[Kratafa 21 mfonini]
Me ne Maria nnɛ