Asɛmpa no a Wɔbɔ Ho Ban Wɔ Mmara Kwan So
NNIPA fii ase too afasu fi bere a wɔhyɛɛ ase kyekyee nkurow. Ná saa aban yi yɛ ahobammɔ wɔ tete mmere no mu titiriw. Ná akoperefo tumi gyina ɔfasu yi so ko bɔ ho ban na atamfo ammu baabi angu mu anaa wɔantutu ase. Ɛnyɛ kuropɔn no mufo nko na na afasu no bɔ wɔn ho ban, na mmom na wɔn a wɔtete nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mu nso taa nya guankɔbea wɔ afasu no mu.—2 Samuel 11:20-24; Yesaia 25:12.
Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Yehowa Adansefo ato ɔfasu—mmara kwan so fasu—bi a ɛbɔ wɔn ho ban. Ɛnyɛ sɛ wɔbɛtew Adansefo no afi afoforo ho nti na wɔato ɔfasu yi, efisɛ wonim Yehowa Adansefo sɛ nkurɔfo a wɔpɛ nnipa na wɔka kɔ afoforo ho. Mmom no, ɛhyɛ hokwan a ɛsɛ obiara no mu den. Bere koro no ara nso, ɛbɔ mmara kwan so hokwan a Adansefo no wɔ no ho ban na amma biribiara ansiw wɔn som no kwan. (Fa toto Mateo 5:14-16 ho.) Ɔfasu yi bɔ ɔkwan a wɔfa so som ne hokwan a wɔwɔ sɛ wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ho ban. Dɛn ne ɔfasu yi, na wɔnam ɔkwan bɛn so na asi?
Mmara Kwan So Ɔfasu a Wosi De Yɛ Ahobammɔ
Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo wɔ nyamesom ahofadi wɔ aman dodow no ara mu de, nanso wɔ aman bi mu no, wɔataa wɔn sɛnea ɛnsɛ. Sɛ nkurɔfo de wɔn ani si hokwan a wɔwɔ sɛ wɔsom denam nhyiam a wɔbɛkɔ anaa afie afie asɛnka adwuma a wɔbɛyɛ so no so a, wɔde asɛm no fa mmara kwan so. Adansefo no nsɛm a akopue asɛnnibea wɔ wiase nyinaa no yɛ bebree.a Ɛnyɛ ne nyinaa na wɔadi mu nkonim. Nanso sɛ asɛnnibea nketewa bu wɔn fɔ a, wɔtaa de kɔdan asɛnnibea akɛse. Dɛn na afi mu aba?
Wɔ afeha a ɛto so 20 no mu no, mmara kwan so nkonimdi pii ayɛ nhwɛsode a edi mũ a Yehowa Adansefo agyina so de ayi wɔn ho ano wɔ akyiri yi nsɛm mu. Te sɛ ntayaa anaa abo a wɔde to fasu no, saa nsɛm a wodi maa wɔn yi yɛ mmara kwan so fasu a ɛbɔ wɔn ho ban. Adansefo no agyina nhwɛsode ho ɔfasu yi so akɔ so ako apere nyamesom mu ahofadi a wɔde bɛyɛ wɔn som adwuma no.
Sɛ nhwɛso no, susuw Murdock v. Commonwealth of Pennsylvania asɛm a United States Asɛnnibea Kunini no dii no May 3, 1943 no ho hwɛ. Ɔsɛmpɔw a ɛsɔree wɔ asɛm no mu ne sɛ: So ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo gye tumi krataa a wɔde tɔn ade ansa na wɔatumi akyekyɛ wɔn nyamesom nhoma no? Yehowa Adansefo kyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma wɔyɛ saa. Wɔn asɛnka adwuma no nyɛ aguadi—na ɛnyɛɛ saa da. Ɛnyɛ wɔn botae ne sɛ wɔbɛpɛ sika, na mmom sɛ wɔbɛka asɛmpa no. (Mateo 10:8; 2 Korintofo 2:17) Wɔ Murdock atemmu no mu no, Asɛnnibea no ne Adansefo no yɛɛ adwene, kae sɛ mmara biara a ɛhwehwɛ sɛ wotua tow de gye tumi krataa ansa na wɔatumi akyekyɛ nyamesom nhoma no ne ɔman mmara nhyia.b Saa gyinaesi yi bɛyɛɛ nhwɛsode titiriw, na Adansefo no de ayɛ nnyinaso wɔ nsɛm pii mu adi bem fi saa bere no. Murdock gyinaesi no ayɛ sɛ ntayaa a ɛyɛ den ama mmara kwan so fasu a ɛma ahobammɔ no.
Nsɛm a ɛte saa no aboa kɛse ma wɔabɔ nyamesom mu ahofadi a nnipa nyinaa wɔ ho ban. Ɛdefa nea Adansefo no ayɛ de abɔ ɔmamma hokwan ho ban wɔ United States no ho no, University of Cincinnati Law Review no kae sɛ: “Yehowa Adansefo aboa kɛse ama ɔman mmara anya nkɔso, titiriw ɛdenam ɔkasa ne nyamesom mu ahofadi no a wɔatrɛw mu no so.”
Ɔfasu no a Wɔhyɛ no Den
Mmara kwan so nkonim biara a wodi no ma ɔfasu no yɛ den bi ka ho. Susuw gyinae a wosisii wɔ nsɛm no kakra mu wɔ 1990 mfe no mu a aboa Yehowa Adansefo ne afoforo a wɔdɔ ahofadi nyinaa wɔ wiase nyinaa no ho hwɛ.
Greece. Wɔ May 25, 1993 no, Europa Asɛnnibea Ma Nnipa Hokwan Ahorow no gyee hokwan a Greece ɔman ba biara wɔ sɛ ɔde ne nyamesom gyidi bɛkyerɛkyerɛ afoforo no toom. Ná asɛm no fa Minos Kokkinakis, a saa bere no na wadi mfe 84 no ho. Sɛ Yehowa Adansefo no mu biako no, na wɔakyere Kokkinakis bɛboro mpɛn 60 fi 1938, na na wɔde no akɔ Greece nsɛnnii mpɛn 18, ma wada afiase bɛboro mfe asia. Ade titiriw a wogyinaa so buu no fɔ ne 1930 mfe no mu Greece mmara bi a ɛkae sɛ obi nni hokwan sɛ ɔma obi sakra ne som no—mmara a efi 1938 kosi 1992 no, ɛma wɔkyeree Yehowa Adansefo bɛyɛ 20,000 no. Europa Asɛnnibea no buaa atɛn sɛ Greece aban no abu nyamesom ahofadi a Kokkinakis wɔ no so, na wɔma wotuaa $14,400 maa no. Wɔ Asɛnnibea no gyinaesi mu no, wobuaa atɛn sɛ Yehowa Adansefo yɛ “ɔsom a wonim.”—Hwɛ September 1, 1993, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 27-31.
Mexico. Wɔ July 16, 1992 no, wodii dwuma titiriw de bɔɔ nyamesom ahofadi ho ban wɔ Mexico. Saa da no na wɔhyɛɛ Nyamesom Fekubɔ ne Baguam Som Adwuma Ho Mmara no. Ɛdenam saa mmara yi so no, na ɔsom bi betumi anya gyinabea sɛ nyamesom ahyehyɛde wɔ mmara kwan so bere a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ a ɛsɛ no. Kan no, na Yehowa Adansefo ne ɔman no mu som afoforo wɔ hɔ de, nanso na wonnye wɔn ntom wɔ mmara kwan so. Wɔ April 13, 1993 no, Adansefo no de akwammisa krataa kɔe sɛ wɔmfa wɔn nhyɛ kyerɛwtohɔ mu. Anigyesɛm ne sɛ wɔ May 7, 1993 no, wɔde wɔn hyɛɛ mmara ase sɛ La Torre del Vigía, A. R., ne Los Testigos de Jehová en México, A. R., a abien no nyinaa yɛ nyamesom fekuw.—Hwɛ July 8, 1994, Nyan!, nkratafa 17-19.
Brazil. Wɔ November 1990 mu no, Brazil Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Mpanyinyɛ Bere Mu Akatua So (INSS) no bɔɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea amanneɛ sɛ wɔremmu asomfo a wɔatu wɔn ho ama wɔ Betel (edin a wɔde frɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea ahorow) no bio sɛ nyamesom asomfo, ma enti Brazil adwumayɛ ho mmara ahorow no bɛkyekyere wɔn. Adansefo no de gyinaesi no kɔdan baabi foforo. Wɔ June 7, 1996 no, Mmaranimfo Panyin no Dwumadibea no Mmara Ho Afotu Asoɛe a ɛwɔ Brasília no de gyinaesi bi too gua de foaa so sɛ asomfo a wɔwɔ Betel no yɛ mmara kwan so nyamesom kuw bi mufo, na wɔnyɛ wiase adwumayɛfo.
Japan. Wɔ March 8, 1996 no, Japan Asɛnnibea Kunini no sii gyinae wɔ nhomasua ne nyamesom ahofadi ho—a obiara a ɔwɔ Japan betumi anya mu mfaso. Asɛnnibea no de nokoro sii gyinae sɛ Kobe Ɔmantam Mfiridwuma Suabea no abu mmara no so esiane sɛ woyii Kunihito Kobayashi adi sɛ wamfa ne ho anhyɛ ntɔkwaw a wosua no sɛ agumadi mu no nti. Saa gyinae yi ne nea edi kan a Asɛnnibea Kunini no asi a egyina nyamesom ahofadi a Japan Ɔman Mmara ma ho kwan no so. Esiane sɛ Ɔdansefo kumaa yi de n’ahonim a ɔde Bible atete no dii dwuma nti, ɔtee nka sɛ saa ntetee yi ne Bible mu nnyinasosɛm te sɛ nea ɛwɔ Yesaia 2:4, a ɛka nea edi so yi no nhyia: “Wɔde wɔn nkrante [bɛbobɔ] nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” Gyinae a Asɛnnibea no sii no bɛyɛɛ nhwɛsode a wogyinaa so dii nsɛm foforo wɔ ɛno akyi.—Hwɛ November 1, 1996, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 19-21.
Wɔ February 9, 1998 no, Tokyo Asɛnnibea Kɛse no sii gyinae bi a na wonsii bi da, de gyee hokwan a Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Misae Takeda wɔ sɛ ɔpo ayaresa a ɛne Bible ahyɛde a ese ‘yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho’ no nhyia no toom. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Wɔde asɛm yi akɔdan Asɛnnibea Kunini no, na akyiri yi na yebehu sɛ wobegye Asɛnnibea Kɛse no gyinaesi no atom anaa.
Philippines. Wɔ gyinaesi bi a wɔde too gua wɔ March 1, 1993 mu no, Philippines Asɛnnibea Kunini no de nokoro buu Yehowa Adansefo bem wɔ asɛm bi a ɛfa Adansefo nkumaa bi a woyii wɔn adi fii sukuu esiane sɛ wofi obu mu kae sɛ wɔrenkyia frankaa nti no mu.
Asɛm biara mu bemdi te sɛ ɔbo anaa ntayaa a wɔde ahyɛ mmara kwan so ɔfasu a ɛbɔ hokwan a Yehowa Adansefo ne nnipa nyinaa wɔ ho ban no mu den.
Ɔfasu no a Yɛbɛbɔ Ho Ban
Wɔde Yehowa Adansefo ahyɛ mmara ase wɔ nsase 153 so, a wɔwɔ ahofadi pii a ɛfata wɔn te sɛ ɔsom afoforo no. Bere a wɔataa Yehowa Adansefo abara wɔn wɔ Europa Apuei fam ne kan Soviet Union mfe pii no, seesei wogye wɔn tom wɔ mmara kwan so wɔ aman te sɛ Albania, Belarus, Czech Republic, Georgia, Hungary, Kazakstan, Kyrgyzstan, Romania, ne Slovakia mu. Nanso ɛnnɛ, wɔ nsase bi te sɛ Europa Atɔe fam aman bi a wɔwɔ atemmu nhyehyɛe fi tete no mu no, wɔresɔre tia hokwan a Yehowa Adansefo wɔ no denneennen anaa wɔde rekame wɔn. Asɔretiafo rebɔ mmɔden denneennen sɛ ‘wɔnam mmara so bɛbɔ mmusu’ atia Adansefo no. (Dwom 94:20) Dɛn na saafo yi yɛ wɔ ho?c
Yehowa Adansefo pɛ sɛ wɔne nniso nyinaa yɛ biako, nanso wɔpɛ sɛ wonya mmara kwan so ahofadi nso a wɔde bɛsom. Wogye tom yiye sɛ mmara anaa asɛnnibea gyinaesi biara a ɛbɛbara wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wotie Nyankopɔn ahyɛde—a ahyɛde a ese wɔnka asɛmpa no ka ho—no nni mũ. (Marko 13:10) Sɛ wɔantumi ansiesie no bɔkɔɔ a, Yehowa Adansefo de anibere ne wɔn bedi no mmara kwan so, na wɔde asɛm no bɛkɔ baabi a wobetumi de akodu biara na ama wɔanya mmara kwan so ahobammɔ ama hokwan a Onyankopɔn de ama wɔn sɛ wɔnsom no no. Yehowa Adansefo wɔ ahotoso a edi mũ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ yi mu sɛ: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye.”—Yesaia 54:17.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ Yehowa Adansefo nsɛm a akɔ asɛnnibea no ho kyerɛwtohɔ a ɛkɔ akyiri a, yɛsrɛ wo hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York Inc., tintimii no ti 30.
b Wɔ Murdock gyinaesi no mu no, Asɛnnibea Kunini no danee wɔn ankasa gyinaesi wɔ Jones v. City of Opelika asɛm no mu. Wɔ Jones asɛm no mu wɔ 1942 no, Asɛnnibea Kunini no foaa gyinae a asɛnnibea ketewa bi sii bere a wobuu Yehowa Ɔdansefo Rosco Jones fɔ sɛ wakyekyɛ nhoma wɔ mmorɔn so wɔ Opelika, Alabama, a wantua ho tow no so.
c Hwɛ nsɛm a wɔato din “Wɔn Gyidi Nti Wɔtan Wɔn” ne “Yɛn Ho Ano a Yebeyi Wɔ Yɛn Gyidi Ho,” wɔ nkratafa 8-18.
[Kratafa 21 adaka]
Hokwan A Yehowa Adansefo Wɔ A Wɔbɔ Ho Ban
Ɔtaa a wɔde aba Yehowa Adansefo so no ama wɔatwe wɔn akɔ atemmufo ne aban mpanyimfo anim wɔ wiase nyinaa. (Luka 21:12, 13) Yehowa Adansefo abɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛbɔ hokwan a wɔwɔ no ho ban mmara kwan so. Bem a Yehowa Adansefo adi mpɛn pii wɔ asɛnnibea wɔ nsase pii so no aboa ama wɔabɔ mmara kwan so ahofadi a wɔwɔ no ho ban, na ebi ne hokwan a wɔwɔ sɛ:
◻ wɔka asɛm no wɔ afie afie a mmara a wɔahyɛ ama aguadifo no nkyekyere wɔn—Murdock v. Commonwealth of Pennsylvania, U.S. Asɛnnibea Kunini (1943); Kokkinakis v. Greece, Europa Asɛnnibea Ma Nnipa Hokwan Ahorow (ECHR) (1993).
◻ wohyiam som a obiara nka wɔn hwee—Manoussakis and Others v. Greece, ECHR (1996).
◻ wɔpaw ɔkwan a wobetumi afi ahonim pa mu akyerɛ obu ama ɔman frankaa anaa sɛnkyerɛnne—West Virginia State Board of Education v. Barnette, U.S. Asɛnnibea Kunini (1943); Supreme Court of the Philippines (1993); Supreme Court of India (1986).
◻ wɔpo sraadi a ɛne wɔn Kristofo ahonim nhyia—Georgiadis v. Greece, ECHR (1997).
◻ wɔpaw ayaresa ne nnuru a ɛne wɔn ahonim hyia—Malette v. Shulman, Ontario, Canada, Asɛnnibea a Wɔde Nsɛm Kɔdan Wɔn (1990); Watch Tower v. E.L.A., Asɛnnibea Kɛse, San Juan, Puerto Rico (1995); Fosmire v. Nicoleau, New York, U.S.A., Asɛnnibea a Wɔde Nsɛm Kɔdan Wɔn (1990).
◻ wɔtete wɔn mma sɛnea wɔn nkyerɛkyerɛ a egyina Bible so no kyerɛ ɛmfa ho mpo sɛ wɔsɔre tia saa nkyerɛkyerɛ yi wɔ mmofra sohwɛ ho nsɛm mu no—St-Laurent v. Soucy, Canada Asɛnnibea Kunini (1997); Hoffmann v. Austria, ECHR (1993).
◻ wobenya mmara kwan so ahyehyɛde ahorow a wɔde bedi dwuma na woyi wɔn fi towtua mu te sɛ ahyehyɛde ahorow a ɔsom afoforo de di dwuma no ara pɛ—People v. Haring, New York, U.S.A., Asɛnnibea a Wɔde Nsɛm Kɔdan Wɔn (1960).
◻ wobenya towtua mu hokwan koro no ara a ɔsom afoforo mu bere nyinaa asomfo no nya no bi ama wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wɔnyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw no—Brazil Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Mpanyinyɛ Bere Mu Akatua So, Brasília, (1996).
[Kratafa 20 mfonini]
Minos Kokkinakis ne ne yere
[Kratafa 20 mfonini]
Kunihito Kobayashi
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]
The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck