Boa Afoforo Ma Wɔn Ho Nkokwaw Wɔ Onyankopɔn Asɛm a Yɛde Di Dwuma No Mu
1 Yehowa ayɛ nsiesiei pii a wɔde bɛtete yɛn ma yɛatu mpɔn wɔ yɛn ɔsom adwuma no mu. Ɛdenam nea ɔde ama a yɛde di dwuma no so no, ‘yɛn anammɔn asisi yiye.’ (Dw. 37:23) Sɛ nhwɛso no, bɛyɛ mfe 50 ni a Teokrase Ɔsom Sukuu no de ɔkasa ne nkyerɛkyerɛ ho ntetee a ɛma nkɔso ama. Dapɛn dapɛn Ɔsom Nhyiam, emu ɔkasa horow, ɔyɛkyerɛ ahorow, ne nsɛm ho nkɔmmɔbɔ a yetumi di dwuma de mmoa ama wɔ eyi mu.
2 Yenya amansin so ahwɛfo daa nsrahwɛ mu mfaso. Ɔsom adwuma sohwɛfo no srasra nhoma adesua akuw no de nkuranhyɛ a ɔdɔ wom ma, na aboa yɛn ma yɛanya nkɔso wɔ nea yetumi yɛ wɔn baguam ɔsom adwuma no mu no mu. Eyi nyinaa akyi no, bere biara a yebehyiam akɔ asɛnka no, simma du akwankyerɛ pa a wɔde ma no ma yenya nkuranhyɛ na nyansahyɛ ahorow a eye ma da no. (Heb.10:23-25) Nhyehyɛe a ɛte sɛɛ a ɛnam Yehowa ahyehyɛde no so no da ɔdɔ mu a ofi dwen wɔn a ɔde ahyɛde ama wɔn sɛ wɔnka asɛmpa no ho no adi.
MOMMOA MMOFRA NE BIBLE ASUAFO
3 Adawurubɔfo a wɔyɛ mmofra ne afoforofo hia mmoa daa wɔ baguam ɔsom adwuma no mu. Bere a yɛn nyinaa betumi de mmoa ama wɔ bere ne bere mu no, asɛyɛde titiriw no da awofo ne wɔn a wɔne saafo yɛ Bible adesua no so. (Gal. 6:6; Efe. 6:4) Bible no a yɛde di dwuma ɔkwan a etu mpɔn so no mma kɛkɛ, bere a mmere twam na yenya osuahu bi no. Mmom no, ehia sɛ wɔde mmoa ne ntetee a ɔdɔ wom ma nkakrankakra
4 Ɛsɛ sɛ mufi ase de mmoa ma ansa na onii no anya ɔsom adwuma no mu kyɛfa ankasa. Munti Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu. Mommoa wɔn a wɔfata sɛ wonya ɔsom adwuma no mu kyɛfa no mma wonnya asɛm a wɔbɛka akyerɛ tiawa bi. Ebia wobetumi de kyerɛw nsɛm a wɔahyɛ ho nyansa no biako adi dwuma kosi sɛ wobenya osuahu ne ahotoso kɛse. Bere a moreyɛ adwuma abom wɔ asɛnka mu no, munnye bere mfa nkamfo wɔn, na momfa sɛnea wobetumi anya nkɔso ho nyansahyɛ ahorow a efi ayamye mu mma. bere a mufi ofi biako mu kɔ foforo mu no. Munsi sɛnea ehia sɛ yekura mpaebɔ mu daa so dua.—Efe. 6:18, 19.
5 Ɛwom sɛ daa akwampaefo ne adawurubɔfo a wɔwɔ osuahu afoforo pii yɛ ɔsom adwuma no wɔ dapɛn no mu de, nanso hwɛ sɛnea eye sɛ adawurubɔfo a wotu mpɔn yi tumi san yɛ wɔn bere nhyehyɛe foforo na ama wɔaboa asɛnka adwuma no dapɛn awiei wɔ bere ne bere mu. Afoforo a wɔbɛpɛ sɛ wonya nkɔso denam adwuma a wɔne wɔn bɛyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no so no bɛkyerɛ wɔn ho a wɔde bɛbɔ afɔre saa no ho anisɔ kɛse.—Ɔsɛnk. 4:9, 10.
6 Bere bi na yɛn nyinaa yɛ afoforo, na na yenni osuahu wɔ asɛnka mu. Yɛn mu pii nyaa nkuranhyɛ ne ntetee fii adawurubɔfo anaa akwampaefo a wɔwɔ osuahu kɛse hɔ. Yɛn mprempren ahokokwaw ne anigye a ayɛ kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu no fi saa mmoa no tee. (Mmeb. 27:17; Aso. 20:35) Ɛmmra sɛ nea Yehowa nam ɔsom adwuma no mu ntetee so ayɛ ama yɛn no ho anisɔ bɛkanyan yɛn ma yɛde yɛn ho ama de aboa afoforo ma wɔn ho akokwaw kɛse wɔ Yehowa Asɛm a yɛde di dwuma no mu.