Afoforo Ho Anigye A Yɛbɛkyerɛ
1 Afoforo ho anigye a Yehowa kyerɛ no da adi kɛse. So omfi ayamye mu mfa n’abɔde honam fam ahiade mma wɔn? (Gen. 1:29, 30; 2:16, 17; Mat. 5:45; fa toto Luka 6:35 ho.) Nea ehia titiriw no, so ɔnnam bɔne ne owu mu a wagye yɛn afi no so nkyerɛ yɛn ho anigye?—Yoh. 3:16.
2 Bere a na Yesu wɔ asase so no, osuasuaa afoforo ho anigye a n’Agya kyerɛe no ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ no. (Mat. 11:28-30; 1 Pet. 2:21) Bere a ɔbarima bi a kwata aguare no ka kyerɛɛ Yesu sɛ “Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi” no. Yesu buae sɛ “Mepɛ.” na ɔsaa ɔbarima no yare. (Mat. 8:2, 3) Bere a Yesu rebɛn Nain kurow no, ohyiaa ayiasefo bi a wɔso aberante bi funu, okunafo bi ba koro, na ayamhyehye kaa Yesu ma onyanee no baa nkwa mu. (Luka 7:11-15) Yesu kyerɛɛ afoforo ho anigye a wɔammisa mpo. Obuu mmofra nkumaa sɛ wɔfata sɛ onya bere ma wɔn, ɔma n’ani ku wɔn ho, na na ɛnyɛ nea onni adagyew koraa a ɔbɛkyekye afoforo werɛ na wahyɛ wɔn nkuran.—Mat. 20:31-34: Marko 10:13-16.
ABUSUA NE NNAMFO
3 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Yehowa ne Yesu Kristo denam akwan a yɛbɛfa so akyerɛ afoforo ho anigye a yɛbɛhwehwɛ no so. Enti, momma yensusuw hokwan ahorow bi a ɛbɛma yɛayɛ saa no ho.
4 Nea ehia sen biara no mu biako ne sɛ anuanom bɛkyerɛ wɔn ankasa mmusua ho nokware anigye, na ɛnsɛ sɛ wobu wɔn ani gu wɔn honhom fam yiyedi so. Wɔn abusua a wɔne wɔn besua ade daa no ka eyi ho. So mususuw nsɛm ho wɔ ɔkwan a ɛma ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so so wɔ mo abusua adesua mu? So wo ne w’abusua no muni biara yɛ adwuma wɔ asɛnka mu daa? Sɛ moyɛ saa a, so ɛyɛ anigye bere? So worema wo mma anya ɔpɛ sɛ wɔbɛboa nnipa afoforo, na wɔnam saayɛ so akyerɛ Kristofo yɔnko dɔ? Sɛ moaware na munni mmofra wɔ fie a, so moyɛ ofie Bible adesua?
5 Yɛpɛ sɛ yɛboa obiara a yebetumi wɔ honhom fam. Nanso wɔ yɛn asetra a yenni adagyew wom no mu no, so yɛn werɛ fi sɛ yɛbɛkyerɛ asafo no mufo a wɔwɔ ahiade titiriw no ho anigye? (Mmeb. 3:27; Gal. 6:10) Yɛwɔ nnyanka, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, akunafo, ayarefo, wɔn a wɔahaw, wɔn a wɔnka asɛnka daa ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw, ne afoforo a wɔwɔ ahiade atitiriw wɔ Kristofo asafo no mu. Nea ɛbɛyɛ na yɛasuasua Yehowa ne ne Ba Yesu Kristo no, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so sɛ yɛbɛkyerɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea nyinaa ho anigye.—1 Kor. 10:24: Fil. 2:4; Heb. 13:16.
6 Ɛwom sɛ ɛyɛ yɛn nyinaa asɛyɛde sɛ yɛyɛ yɛn “yɔnko hwɛfo” de, nanso mpanyimfo no titiriw na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani ku asafo no mufo nyinaa honhom mu ahiade ho kɛse. So ebinom nkɔ asɛnka daa anaa wɔayɛ mmerɛw wɔ mo asafo no mu? Nhyehyɛe bɛn na moayɛ sɛ mode bɛboa saafo? So ebinom mma asafo nhyiam horow? Na asɛnka nhyiam nso ɛ? So wɔn nyinaa bɔ mmɔden ba? Afei nso, mubetumi ahyɛ wɔn a wɔnyɛ Bible adesua anaa sankɔhwɛ biara no nkuran ma wɔaba nhyiam yi na wɔne wɔn a wɔba no akɔ asɛnka. Mubetumi ahwehwɛ daa akwampaefo mmoa wɔ eyi mu.—Yes. 32:1, 2; Gal. 6:2.
WƆN A WƆTE SƐ NGUAN WƆ ASASESIN NO MU
7 Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ nnipa a afoforo ne wɔn yɛ Bible adesua no ho anigye? Eyinom mu pii ahu sɛnea ehia sɛ wɔne wiasefo amannifo twa ayɔnkofa mu. Ɛwom sɛ yenni adagyew de, nanso so yɛkyerɛ asuafo a wɔte sɛɛ no ho anigye, na yɛma wɔn a wɔayɛ nsakrae no te nka sɛ yegye wɔn tom sɛ yɛn nnamfo afoforo? So yɛyɛ nkuranhyɛ ma wɔn, ɛwom mpo sɛ ɛnyɛ yɛn na yɛne wɔn sua ade de?—Fa toto Marko 10:28-30 ho.
8 So wubetumi akyerɛ nnipa a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie asɛmpa no ho nokware anigye kɛse? So wobɛbɔ mmɔden aboa wɔn ma wɔadi wɔn honhom fam ahiade ahorow ho dwuma? Dɛn na w’ankasa wubetumi ayɛ na woayɛ asɛnka adwuma no kɛse? Mprempren sɛ wubetumi ayɛ pii a ntwentwɛn wo nan ase.—Luka 9:60-62.
9 Ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa ne Yesu denam afoforo a yɛbɛkyerɛ wɔn ho anigye no so. Ehia sɛ yenya ayamhyehye na yɛboa afoforo, te sɛ nea Yesu yɛe wɔ ɔbarima a na kwata aguare no asɛm no mu no. Yiw, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ akwan a yɛbɛfa so atumi akyerɛ afoforo ho anigye a yebenya no ho.