Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/91 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EDI KAN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
  • DAPƐN A ƐTO SO ANAN
  • DAPƐN A ƐTO SO ANUM
Yɛn Ahenni Som—1991
km 7/91 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EDI KAN

Dwom 202

7 min: Asafo mu nkaebɔ ne Our Bulletin, no mu Nkaebɔ a ɛfata.

18 min: “Da Onyamesom Pa Ahofama Adi Sɛnea Kristo Yɛe No.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Hyɛ anuanom nkuran sɛ wɔnna akokoduru ne nsiyɛ adi wɔ asafo nhyiam ne asɛnkakɔ mu sɛ onyamesom pa ahofama a wɔda no adi. Sɛ bere ma kwan a, ka osuahu ahorow a edidi so yi a ɛkyerɛ sɛnea ɛnsɛ sɛ ahunahuna, kyere a wɔbɛkyere yɛn ne afiasenna ma yegyae onyamesom pa ahofama a yɛda no adi no:1973 Yearbook, kr. 147. nky. 7 kosi kr. 149, nky. 3; kr. 157; kr. 158, nky. 1 kosi kr. 159, nky. 2.

20 min: “Mankind’s Search for God a Yɛde Bɛma.” Nsemmisa ne mmuae. Bere a moasusuw nkyekyem 2 ho awie no, yɛ asɛm a wɔbɛka akyerɛ no ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ nsasesin bi wɔ hɔ a nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔkɔ asɔre a ɛnyɛ Kristosom pii wom a, ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden yiye sɛ mobɛyɛ adwuma wɔ mmeae yi.

Dwom 100 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIEN

Dwom 116

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Kenkan anisɔ a Asafo ti kyerɛ sɛ wɔanya wɔ sika a wɔde boa wiase nyinaa adwuma no ho. Afei nso, da asafo no ase wɔ ntoboa a nsa aka no ho.

20 min: “Afoforo ho Anigye a Yɛbɛkyerɛ.” Nsemmisa ne mmuae. Wo ne asafo no nsusuw nea mubetumi ayɛ wɔ mo asafo no mu na ama mode asɛm yi adi dwuma ho.

10 min: So Woma Nkɔmmɔbɔ Hokwan Da Hɔ? Ɔpanyin ka Abusua Asetra nhoma no ti 11 mu nnyinasosɛm abien anaa abiɛsa ho asɛm. Fa asɛm a ɛwɔ nkyekyem 5-8 mu nsɛm ntiantiaa no ka ho, na kyerɛ sɛnea awofo betumi ahyɛ abofra nkuran anaa wɔabu no abam wɔ nkitahodi ho.

10 min: Asemmisa Afã. Nkɔmmɔbɔ a sukuu sohwɛfo di ho dwuma.

Dwom 177 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA

Dwom 133

10 min Asafo mu nkaebɔ. Si nsɛmma nhoma a aba foforo mu asɛntitiriw biako anaa abien so dua. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wonnya asɛnka adwuma wɔ dapɛn yi awiei mu kyɛfa kɛse.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Mmofra a Wɔbɛboa Wɔn Ma Wɔabɔ Asɛm no Dawuru So.” Sɛ moresusuw nkyekyem 5 ho a, ma abofra a wasiesie ne ho yiye mfa nsɛmma nhoma a aba foforo nyɛ sɛnea mmofra betumi ne afiewuranom abɔ nkɔmmɔbɔ a wɔama wɔn nhoma wɔ sankɔhwɛ mu ho ɔyɛkyerɛ. Obetumi aka sɛ: Mema wo akye. Me din de______. Maba sɛ merebɛka asɛm bi a mfaso kɛse wɔ so a ɛfa [asɛmti] ho akyerɛ wo. M’ani gyee asɛm yi ho. [Kyerɛ no asɛm pɔtee anaa kyerɛkyerɛ mfonini bi mu.] Ɛboaa me [ka sɛnea woanya mu mfaso]. na misusuw sɛ wo [mma] nso benya mu mfaso. Sɛ wobɛkenkan nsɛmma nhoma yi a, m’ani begye ho sɛ mede be gyaw wo.”

15 min: “Ma Onyankopɔn Nni Kan wɔ Wo Abusua Asetra Mu!” Ɔkasa a egyina Vol. 112, No. 10. nkratafa 4-7 so.

Dwom 216 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ANAN

Dwom 139

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Hyɛ asafo no nkuran sɛ wɔmmoa dapɛn awiei asɛnka nhyehyɛe no. Si nsɛmma nhoma a aba foforo mu asɛntitiriw biako anaa abien so dua tiawa.

20 min: “Yɛn Ahenni Som Adwuma a Yɛbɛyɛ wɔ Asɛnka Mu.” Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi de nkyekyem 2-6 mu nsɛntitiriw adi dwuma pa. Sɛ moresusuw nkyekyem 5 ho a, yɛ ɔdawurubɔfo a ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ Bible adesua a ɔkɔ kuw sohwɛfo no nkyɛn ma waboa no no ho ɔyɛkyerɛ. Kuw sohwɛfo de Index di dwuma de boa ɔdawurubɔfo.

15 min: Mo asafo no mu ahiade anaa Sɛnea Bɔnnɔ so Adansedi ho Hia. Bisabisa adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔnam bɔnnɔ so adansedi so agye nokware no nsɛm. Hyɛ asafo no nkuran sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ wɔ hokwan ahorow a ɛbɛma wɔadi bɔnnɔ so adanse no ho. Kae anuanom sɛ wommu bere no ho akontaa a sɛnea ebia esua no mfa ho.

Dwom 14 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ANUM

Dwom 221

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: Ahomegye Bere a Wɔde Di Dwuma wɔ Ɔkwan a Ɛkari Pɛ So. Bisabisa mmofra pii nsɛm wɔ ahomegye bere ho. Fa Young People Ask nhoma no atiri 35 kosi 37 mu nsɛm di dwuma. Onua a obisabisa wɔn nsɛm no betumi abisa sɛ: Dɛn nti na ehia sɛ woyɛ nyiyim wɔ nea wokenkan no mu? Wobɛyɛ dɛn atumi apaw nsɛm a ɛfata a wobɛkenkan? Nneɛma a TV hwɛ betumi ama apira wo no bi ne nea ɛwɔ he, na wobɛyɛ dɛn atumi adi ho dwuma? Dɛn nti na wiasefo mmofra a wunsuasua wɔn no mma wonhwere biribiara? Dɛn nti na sua a wubesuasua wɔn no betumi ayɛ nea asiane wom? Akwan a woatumi afa so anya ahomegye mu anigye no bi ne nea ɛwɔ he? Dɛn nti na ehia sɛ yɛkari pɛ wɔ asɛm yi mu?

15 min:: Ka Asɛm wɔ Afie Afie. Anigye ne nkuranhyɛ ɔkasa a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma no nkratafa 85-7 so. Ma ɛmfa mo ho, bere a woma tebea a yɛwom a ɛne nsa a ɛda yɛn dwumadi so no tra w’adwenem no. Twe adwene si nhyehyɛe ahorow a asafo no ayɛ ama akuw adansedi wɔ afie afie no so. Da sɛnea ehia sɛ yɛtete adawurubɔfo afoforo ne yɛn mma ma wɔatu mpɔn wɔ afie afie adansedi mu no adi.

10 min: Ɔkasa a ɛfa “Nniso a Edi Mu Rebɛba!” a ɛwɔ December 22, 1990, Awake! no nkratafa 20-4 no ho.

Dwom 12 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena