Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/91 kr. 1-3
  • Mankind’s Search For God A Yɛde Bɛma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mankind’s Search For God A Yɛde Bɛma
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Akyi Kwan A Adesamma Rehwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Adanse a Yebedi ‘Nnipa Ahorow Nyinaa’
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Sɛnea Ehia sɛ Adesamma Hwehwɛ Onyankopɔn
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Yɛn Nsɛmma Nhoma Ahorow no a Yɛde Bedi Dwuma Afie Afie Mu
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 7/91 kr. 1-3

Mankind’s Search For God A Yɛde Bɛma

1 Sɛ yɛka asɛm wɔ afie afie ne wɔ bɔnnɔ so a, ɛtɔ da bi a, yehyia nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ asɔre a ɛnyɛ Kristosom mufo. Sɛ nimdeɛ kakraa bi na yɛwɔ wɔ asɔre no ho a, ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yebedi Onyankopɔn Ahenni no ho adanse a etu mpɔn. Mprempren, esiane nhoma foforo a ɛne Mankind’s Search for God no nti, yebetumi ahu wiase no mu asɔre atitiriw no yiye, na yɛate nnipa yi gyidi horow ase yiye. Ebetumi asiesie yɛn ma yɛaboa nnipa pii sɛnea yebetumi na ama wɔafi “Ɔbonsam a wakyere wɔn . . . no afiri mu.”​—2 Tim. 2:24-26; Tito 3:2.

2 Wɔ yɛn som adwuma no mu no, nnipa bi bɛka sɛ wɔyɛ Nkramofo, Yudafo, Hindufo, Sikfo, Budhafo, anaa asɔre atitiriw afoforo bi mufo. Yebetumi de ayamye agye nokwasɛm yi atom na ebia yɛaka sɛ: “Ɛyɛ anigye sɛ yebehyia nnipa a wɔkɔ asɔre a egu ahorow pii. Ɔkwan a nnipa fa so hwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan no abɛyɛ ahorow pii. [Ɛha no, obi betumi de Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu kyerɛwsɛm anaa kyerɛw nsɛm no adi dwuma ma ɛne tebea no ahyia.] Nanso wunnye ntom sɛ nkurɔfo taa kɔ asɔre a wɔn awofo kɔ sen sɛ wɔn ankasa bɛhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan? Ɔkwan foforo so no, wɔwoo wɔn too asɔre bi mu. Eyi yɛ asɛm a wɔaka wɔ Mankind’s Search for God nhoma yi ti a edi kan no mu. [Fa kratafa 8. nkyekyem 12 kyerɛ no.] Asɔre afoforo ho ade pii a yebesua no betumi ayɛ anigye. Nhoma yi kyerɛkyerɛ wiase no mu asɔre atitiriw no fibea, wɔn nneyɛe, ne wɔn nkyerɛkyerɛ mu.” Afei bue nhoma no mu, na fa asɔre a ofiewura no kyerɛ sɛ ɔkɔ no mfonini no bi kyerɛ no. Kyerɛkyerɛ mu tiawa kyerɛ no sɛ woyɛ odwumayɛni a watu wo ho ama, na wotintim nhoma no sɛ mmɔden a wɔbɔ wɔ wiase nyinaa sɛ wɔbɛboa nnipa komapafo wɔ Onyankopɔn akyi kwan a wɔhwehwɛ no mu no fã. Sɛ onipa no kyerɛ ho nokware anigye a, hyɛ no nkuran sɛ onnye nhoma no na wakenkan. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe asan akɔsra no.

3 Ɔkwan foforo nso ne sɛ wubetumi abue ti a ɛka asɔre a ofiewura no ankasa kɔ no ho asɛm tẽẽ no. Ɛda adi sɛ Hinduni ani begye India asase mfonini a ɛwɔ kratafa 123. ne mfonini ahorow a ɛwɔ nkratafa 96 ne 117 no ho. Ɛtɔ mmere bi a, yehyia Sikni a ɔbɔ Sikfo abotiri. Nkratafa 100-101 ka saa gyidi no ho asɛm tiawa.

4 Budhafo a wɔhwehwɛ ntease no betumi akyerɛ ti 6 ne emu mfonini ahorow a ɛwɔ nkratafa 141 ne 157 no ho anigye. Chinafo ani begye ti 7 a ɛka Taosom ne Konfusiosom ho asɛm no ho. Mfonini ahorow a ɛwɔ nkratafa 171 ne 173 betumi akanyan nhoma no ho anigye. Ɛwom sɛ Japanfo pii kyerɛ sɛ wɔyɛ Budhafo ne Shintofo de, nanso wɔn ani begye mfonini a ɛwɔ nkratafa 190 ne 195 wɔ ti a ɛka “Shinto​—Japanfo Hwehwɛ Onyankopɔn Akyi Kwan” ho asɛm no ho.

5 Sɛ yehyia Yudasom mufo a, ɛsɛ sɛ ti 9 a ɛne “Yudasom—Kyerɛwnsɛm ne Atetesɛm so a Wɔnam Hwehwɛ Onyankopɔn Akyi Kwan” no kanyan wɔn anigye. Wɔn ani taa gye nhomasua ho, ma enti nhoma mũ no nyinaa bɛkanyan wɔn mu pii anigye. Yehyia wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne wɔn a wontumi nhu sɛ ɔwɔ hɔ nso, na ti 14 a asɛmti no ne “Gyidi a Enni Hɔ Nnɛ​—So Ɛsɛ sɛ Wɔtoa Adehwehwɛ no So” no bɛkanyan wɔn mu komapafo. Yehu nsɛm a wɔka de gyina Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ wogye no di no akyi wɔ efi kratafa 334 rekɔ no.

6 Yehyia Nkramofo wɔ nsasesin bi mu. Ti 12 a ɛne “Nkramosom​—Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Onyankopɔn Nkyɛn Denam Ahobrɛase So” no bɛkanyan Nkramofo pii anigye. Asɛmti ketewa a ɛne “Onyankopɔn na Ɔyɛ Opumpuni na ɛnyɛ Yesu” a ɛwɔ kratafa 295 no bɛboa Nkramofo ma wɔahu nsonsonoe a ɛwɔ Kristoman nkyerɛkyerɛ ne nokware Kristosom mu. Eyi betumi aboa ma yɛne wɔn ayɛ adwene wɔ ɔkwan bi so, na abue wɔn adwenem ma yɛne wɔn atoa so asusuw saa asɛm no ne Bible mu nsɛmti afoforo ho. Ɛbɛyɛ ɔkramoni bi nwonwa sɛ obehu Mecca ne Ka‘bah mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 289 no, ne Koran a wɔafa mu nsɛm aka asɛm Wɔ kratafa 288 ne nkrafata afoforo no.

7 Obiara a ɔkyerɛ sɛ ɔkɔ Kristoman asɔre biara no ani betumi agye ti 10 ho. Kratafa 236 bisa asɛm a ɛne sɛ “Yesu​—Dɛn na Edi Ne Ho Adanse?” Nkratafa 243 ne 251 kyerɛkyerɛ anwonwade abien a Kristo yɛe no mu. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn ani sɔɔ Yesu? Nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ kratafa 253 bua saa asemmisa no.

8 Ɛda adi sɛ nea ɛbɛyɛ na yɛasakra asɛm a yɛka no mu ma ɛne obiara ahiade ahyia no, ehia sɛ yehu nhoma no mu nsɛm, ne sɛnea atiri no ne mfonini ahorow didi so no. (Sɛ wopɛ nyansahyɛ afoforo a, hwɛ Reasoning From the Scriptures no nkratafa 21-4.) Afei yɛnam nhoma yi a yɛnam anifere kwan so de bɛma no so betumi agu nokware aba no. (1 Kor. 9:19-23: Kol. 4:5, 6) Esiane sɛ wɔtaa fa Bible no mu asɛm ka de toto nsɛm ho wɔ nhoma no mu nyinaa nti, biribi pa a yebegyina so de afi Bible adesua ase wɔ hɔ. Asɛm a ɛbɛba akyiri yi bɛkyerɛ sɛnea yebetumi ayɛ sankɔhwɛ na yɛne asɔre pii mufo afi adesua ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena