Teokrase Ɔsom Sukuu no mu Mfaso a Wubenya Akosi Ase
1 Teokrase Ɔsom Sukuu no aboa yiye ma wɔatete yɛn wɔ “ɔkyerɛkyerɛ” mu sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ada Bible mu nokware ahorow no adi akyerɛ afoforo wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. (2 Tim. 4:2) Yɛte Bible nsɛmti ahorow ase yiye dapɛn biara. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ yɛrenya nkyerɛkyerɛ a ɛho hia a sukuu yi de ma no mu mfaso kosi ase?
2 Yɛ komm tie sukuu sohwɛfo no nnianim nsɛm no bere a ɔtwe adwene si nsɛntitiriw a ɛyɛ anigye a wubetumi ate wɔ nhyiam no mu bi so no. Susuw nsɛm biara a ebia obebisa ne sɛnea wubetumi de mmuae no adi dwuma wɔ wo som adwuma mu ho yiye.
3 Ɔkyerɛkyerɛ kasa no nyɛ asɛm a wɔatintim no mu ntĩmu kɛkɛ. Etwe adwene si mfaso ankasa a ɛwɔ asɛm no so ne sɛnea ebetumi aboa w‘anksa so. Di a wubedi kan asiesie wo ho bɛboa wo ma wode w’adwene asi nsɛntitiriw no so yiye, na woabua nsɛm a wobisa wɔ awiei no bi.
4 Dapɛn biara Bible akenkan no a wobɛyɛ no daa no betumi ama Onyankopɔn Asɛm no ho anisɔ a wowɔ no ayɛ kɛse. Nhwehwɛmu foforo betumi ada nsɛm afoforo a ɛyɛ anigye a ɛbɛma nokware no ho ntease a wowɔ no akɔ anim no adi. Bible mu nsɛntitiriw a wɔde ma no nyɛ Bible kyerɛwtohɔ no ntĩmu kɛkɛ. Bere a ɔkasafo no ati nsɛm no nyinaa mu tiawa awiei no, obesi ɔfã a wɔde maa no no mu nsɛntitiriw so dua akyerɛ sɛnea ɛfa yɛn asetra ne yɛn som ho. Yɛ komm tie na woatumi ahu sɛnea wode Bible nkyerɛkyerɛ bedi dwuma yiye.—Dw. 119:105.
5 Sɛ wɔma wo osuani kasa bi a, hyɛ afotu a woredi ho dwuma mprempren no nsow. Kenkan saa ɔkasa su no ho nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ School Guidebook no mu no, na bɔ mmɔden sɛ wode bedi dwuma. Sɛ worepaw nsɛm ama wo kasa no a, bɔ mmɔden sɛ wubesi nsɛntitiriw a wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu so dua.—sg nkr. 96-9.
6 Sɛ woyɛ onuawa a wobɛma Ɔkasa a Ɛto So 3 anaa 4 a, bɔ mmɔden yɛ dwumadi no wɔ tebea a yɛtaa hyia ankasa mu. Ebia ofiewura no ne wo bɛyɛ adwene anaasɛ ɔne wo nyɛ adwene wɔ biribiara a woka no ho; bɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛ sɛnea wobɛboa onii no ma wasusuw Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛwom no ho. (sg nkr. 153-8) Eyi boa atiefo no ma wohu sɛnea wobedi anoyi ahorow a ɛtete saa a wohyia wɔ asɛnka mu no ho dwuma. Di kan siesie wo ho yiye, na yɛ nhyehyɛe na wo ne nea ɔyɛ wo fiewura no mmobɔ so ntɛm. Ɛho renhia sɛ mosan bobɔ so bere a nhyiam no afi ase no.
7 Wɔhyɛ asuafo a wɔbɛma ɔkasa no nkuran sɛ wɔntra mmɛn anim hɔ. Eyi mma wɔnsɛe bere na etumi ma sukuu sohwɛfo no ka ne nsɛm no kyerɛ wɔn tẽẽ. Obiara betumi anya nyansahyɛ ahorow pɔtee a egyina School Guidebook no so a ɔde ma wɔ ayamye mu no so mfaso. Ebia ɔmfa afotu ho nsɛm no mma nnidiso nnidiso sɛnea wɔahyehyɛ wɔ Ɔkasa ho Afotu kratasin no so; ɔbɛpaw afotu a egyina nea wuhia mprempren so na ama woanya nkɔso a ɛsen biara.
8 Eyi nyinaa yɛ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma Teokrase Ɔsom Sukuu no na yɛkɔ dapɛn biara. Ɔkyerɛkyerɛ a yenya no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ anyansafo na yɛn ho akokwaw wɔ ɔsom adwuma no mu.—Mmeb. 1:5.