Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/94 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Ma May

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Ma May
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase May 2
  • Dapɛn a Efi Ase May 9
  • Dapɛn a Efi Ase May 16
  • Dapɛn a Efi Ase May 23
  • Dapɛn a Efi Ase May 30
Yɛn Ahenni Som—1994
km 5/94 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Ma May

Dapɛn a Efi Ase May 2

Dwom 20

5 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata. Tĩ nhyehyɛe biara a mode trɛw asɛnka adwuma mu, te sɛ borɔn so anaa anwummere adansedi mu.

15 min: “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Nya Nnipa so Tumi Kɛse.” Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Monkenkan emu nsɛm no ne kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din no sɛnea bere ma kwan. Ma wɔnka nsɛm ntiantiaa mfa nkyerɛ mfaso a wɔanya afi amantam nhyiam a wɔkɔ ne nhoma a woyi no adi wɔ ase a wɔde di dwuma mu no ho anisɔ.

10 min: “So Ɛho Hia sɛ Mekɔ so Sakra Mu?” Mpanyimfo baanu ntam nkɔmmɔbɔ. Munsi asɛnka a wonya mu kyɛfa daa mu mfaso so dua.

15 min: “Fa Nsɛmma Nhoma no Ka Nokware no Kyerɛ Afoforo.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Kyerɛ nea ɛma yɛn nsɛmma nhoma no yɛ soronko ne nea enti a ɛsɛ sɛ eyi kanyan yɛn ma yɛde ma bere a yenya hokwan biara no. Yɛ ɔyɛkyerɛ abien ho nhyehyɛe. (Sɛ munni May nsɛmma nhoma no bi wɔ hɔ a, momfa nea aba foforo no biara a ɛfata nni dwuma.)

Dwom 128 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 9

Dwom 214

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ sɛ yebenya hokwan ahorow a ɛbɛma yɛama wɔakra nsɛmma nhoma no. Yebetumi aka ho asɛm akyerɛ wɔn a wɔkyerɛ nsɛmma nhoma no ho anigye no. Kyerɛ sɛnea wɔhyehyɛ krataa a wɔde kra no ahorow abiɛsa no.

20 min: “Siesie Bible Asuafo ma Ɔsom Adwuma No.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ mudu nkyekyem 4 ne 5 a, yɛ sɛnea wɔboa osuani ma osiesie ne ho di adanse wɔ afie mu ho ɔyɛkyerɛ. Osuani no de asɛm a wɔka kyerɛ tiawa bi fi ase bere a ɔde Dwom 37:11 di dwuma no. Onipa a ɔne no yɛ adesua no ba asɛm no mu, na ɔka sɛ: “Mewɔ m’asɔre.” Osuani no ntumi nhu nea ɔnka. Wɔn baanu nyinaa bue Reasoning nhoma no nkratafa 18-19, wɔhwɛ mmuae a wɔahyɛ ho nyansa no bi, na wɔpaw mu biako a osuani no te nka sɛ ɛnyɛ den mma no. Osuani no san fi asɛm no ase, ɔde mmuae pa ma, na nea efi mu ba no hyɛ no nkuran.

15 min: Boa Wɔn a Wɔbaa Nkaedi No. Ɔsom Adwuma Sohwɛfo ne asafo no san susuw nea anigyefo yɛe wɔ Nkaedi a etwaam a wɔbae ho no ho. So wɔnam ofie Bible adesua so reboa wɔn nyinaa? Efi saa bere no, so wɔaboa wɔn ma wɔba asafo nhyiam horow? (Wubetumi adi kan ayɛ nhyehyɛe na woabisa adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔboaa nnipa ma wɔbaa Nkaedi no nsɛm wɔ mmoa foforo a wɔde ma ne nkɔso a wɔanya abesi nnɛ no ho.) Asafo pii mu no, nnipa a wɔayɛ mmerɛw nso baa Nkaedi no ase. Eyi kyerɛ sɛ wɔn werɛ mfii yɛn Awurade Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no koraa ɛ. Ɔkwan bɛn na mpanyimfo no betumi afa so aboa wɔn? Dɛn na asafo no betumi ayɛ de asan akanyan wɔn anigye ma wɔde nnam ayɛ asɛnka adwuma no? Si sɛnea ɛho hia sɛ obiara boa yiye ma wɔhyɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw no nkuran na wɔahyɛ afoforofo den. (Heb. 6:1-3) Kyerɛ sɛnea wɔnam Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no so betumi aboa.

Dwom 139 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 16

Dwom 173

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho amanneɛbɔ ne ntoboa biara a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ho nkrataa. Ka brochure ahorow a wobetumi de ama ho asɛm, na twe adwene si emu nsɛm kakra a wobetumi aka so.

17 min: “San Kɔ Anigyefo a Wunyaa Wɔn no Nkyɛn.” Nsemmisa ne mmuae. Ma wɔnyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.

18 min: “Teokrase Ɔsom Sukuu mu Mfaso a Wubenya Akosi Ase.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a sukuu sohwɛfo di ho dwuma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnye dwumadi ntom na wɔnyɛ. Si sɛnea ɛho hia sɛ wodi dapɛn biara Bible akenkan no akyi pɛpɛɛpɛ so dua. Kyerɛ sɛnea asafo mũ no nyinaa nya afotu a wɔde ma asuafo no mu mfaso.

Dwom 53 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 23

Dwom 192

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Tĩ nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛntitiriw mu, na yɛ nhyehyɛe ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa biako anaa abien. Ka dapɛn no awiei asɛnka ho nhyehyɛe ho asɛm.

15 min: “So Wudi Afoforo Ni Bere a Wutu Wɔn Fo No?” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina February 1, 1994, Ɔwɛn-Aban nkratafa 25-9 so.

20 min: “Kwati Kyakyatow Biara!” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ehyem no ho. Boa atiefo ma wɔnte nea nsɛntitiriw no kyerɛ ase.

Dwom 19 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 30

Dwom 204

7 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma.

13 min: Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma June: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? Twe adwene si mfonini a ɛkanyan anigye te sɛ nea ɛwɔ nkratafa 6, 236, 243, ne 245 no so. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata nyɛ asɛm a wɔka kyerɛ tiawa bi a egyina mfonini yi biako so ho ɔyɛkyerɛ bere a ɔde Adiyisɛm 21:4 di dwuma no. Ka dapɛn a ɛreba no asɛnka ho nhyehyɛe ho asɛm.

25 min: “Mmere a Emu Yɛ Den Ano a Yebegyina sɛ Kristofo.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ehyem no ho. Da asɛm no adi nidi mu. Ma Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm nna adi na boa wɔn nyinaa ma wonhu sɛ eyi sodi hyɛ asɛmpa no anuonyam.

Dwom 12 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena