Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 10/1 kr. 30-31
  • Yehowa Adansefo​—Ahyehyɛde A Ɛhyɛ Edin No Akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo​—Ahyehyɛde A Ɛhyɛ Edin No Akyi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔayɛ Ade wɔ ho Dɛn?
  • Jehovah’s Witnesses—Organized to Share the Good News
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Tumi a Video Ahorow a Edi Adanse no Wɔ
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nnwinnade a Ɛkyerɛkyerɛ, Ɛhyɛ Nkuran, na Ɛma Denhyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Video Foforo a Yɛde Befi Bible Adesua Ase
    Yɛn Ahenni Som—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 10/1 kr. 30-31

Yehowa Adansefo​—Ahyehyɛde A Ɛhyɛ Edin No Akyi

WƆ OCTOBER 6, 1990 mu no, na nnipakuw a wɔreyɛ adu 5,000 a wɔahyiam wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ Jersey City, New Jersey, U.S.A. no mu ama Watch Tower Bible and Tract Society no afe afe nhyiam no rebɛte biribi a wɔnhwɛ kwan. Oguamtrani no, John E. Barr, bɔɔ atiefo no amanneɛ sɛ wɔayi simma 55 video bi a wɔato din Jehovah’s Witnesses​—The Organization Behind the Name no adi. Ná eyi ne video a edi kan a Asafo ti no ayɛ, nanso nokwarem no, ɛrenyɛ nea etwa to.

Video no kyerɛ sɛnea wɔayɛ nhyehyɛe ama Yehowa nkurɔfo na wɔadi Onyankopɔn din no ho adanse aka “ahenni no ho asɛmpa” akyerɛ. (Mateo 24:14) Woyi adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no, ne dwumadibea ahorow a ɛwɔ Watchtower Farms no wom. Wɔayɛ mfuamfua bɛboro 500,000 wɔ Engiresi kasa mu, na mprempren (anaasɛ ɛrenkyɛ) wobenya bi wɔ kasa afoforo 26 mu.a

Wɔayɛ Ade wɔ ho Dɛn?

Ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔnyɛ Yehowa Adansefo ayɛ wɔn ade wɔ video no ho? Ɔbarima bi a okura n’ankasa adwuma kyerɛw sɛ:

“Mihuu sɛ hama a wɔkyere guu so no yɛ papa. M’ani gyee sɛnea mfonini no ani da hɔ ne sɛnea wɔhyehyɛɛ no yiye no ho titiriw. Ná me werɛ taa fi sɛ ɛyɛ video ma na ɛyɛ me sɛ ɛyɛ sini. Ɛsɛ sɛ video yi tumi kyerɛkyerɛ atirimpɔw nti a mo adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York no wɔ hɔ no mu yiye. Mema mo mo wɔ ade a ɛda nsow kɛse a moayɛ yi ho.”​—J. J.

Wɔn a wɔne Yehowa Adansefo sua Bible no anya mfaso denam video no a wɔhwɛe no so. Nsɛm a edi hɔ yi ma yehu nea enti a ɛte saa:

“Me ne aberantewa bi a wadi mfe 20 a ɔkɔ yɛn hɔnom sukuupɔn no sua Bible no. Sɛnea wiase nsɛm tebea kɔ so sɛe no ahaw no. Nanso, bere a ɔhwɛɛ video no wiei na ohuu Betel anuanom mmerante a wɔn ho twa a wɔwɔ atirimpɔw ankasa wɔ asetram no, sɛnea ɔyɛ n’ade nyinaa asakra. Ɔkɔɔ yɛn Da Koro Nhyiam Titiriw no na obisae sɛ wɔne no nsua Bible no mprenu wɔ dapɛn biara mu. Bible osuani foforo a ɔkyerɛ ade wɔ ntoaso sukuu mu no fɛm video no sɛ okoyi akyerɛ n’abusuafo. Ná wosusuw sɛ Yehowa Adansefo yɛ ahyehyɛde ketewaa bi a wɔnnyɛ den, na wɔmpɛ wɔn asɛm. Aseda nka Yehowa sɛ sɛnea yɛn adwuma no kɔ so wɔ asase so nyinaa ne sɛnea yɛredi nkonim no maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye.”​—J. B.

“Mintumi mfa nsɛm nka anigye a minyae bere a anigye ne anisɔ maa nusu guu ɔbea bi a me ne no sua Bible no bere a ɔhwɛɛ video no wiei no ho asɛm. Ɔde nusu kae sɛ: ‘Ɛyɛ dɛn na obi ntumi nhu sɛ eyi ne nokware Nyankopɔn, Yehowa no ahyehyɛde? Ná minnim da sɛ nnipa a wɔte sɛɛ wɔ hɔ.’ Afei ɔkae sɛ: ‘Mepɛ sɛ wɔbɔ me asu.’”​—C. D.

“Mfaso pii afi video no a yeyi kyerɛ Bible asuafo no mu aba. Nnɛra anadwo me yere Bible asuafo no mu biako kunu baa yɛn fie. Ná anka ɔyɛ ɔsɔretiafo. Ɔhwɛɛ video no. Ɛno akyi no obisaa nsɛm ahorow na ofii ha no na wagye Bible ne Bible sua nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So no. Ná bere bi a atwam no, wahyew ne yere Bible nhoma ahorow nyinaa!”​—D. H.

Mmofra nso ani agye video no ho yiye, sɛnea nsɛm a edidi so yi kyerɛ no:

“Madi mfe asia ne fã. M’ani gyee faako a woyii Bible ahorow no ne bere a wɔmaa nnaka no kɔɔ ntɛmntɛm no ho.”​—K. W.

“Yɛn mma nkumaa no kae sɛ eye sen TV so dwumadi biara a wɔahwɛ.”​—R. C.

“Bere a ɔhwɛɛ video no ne mprenu so akyi no, yɛn babarima a wadi mfe anum, a ɔhwɛɛ ne nyinaa yiye no, bisae sɛ: ‘So yebetumi ahwɛ eyi da biara anaa?’ Yɛn babea a wadi mfe abiɛsa no nso kae sɛ ‘mepɛ sɛ mekɔ Betel na mekɔyɛ nhoma!’”​—M. E.

“Me mma, Robin, ne Shannan a wɔadi mfe 12 ne 9 no, kɔ so hwɛ video yi bere nyinaa. Me babea a osua koraa no hwɛɛ video yi akyi no, ɔkae sɛ, ‘m’ani gye asɛnkakɔ ho. Ɛyɛ anigye pii.’ Yɛte nka sɛ video yi anya yɛn abusua asetra so nkɛntɛnso tẽẽ. Hwɛ sɛnea ahotɔ wom sɛ wobɛhwɛ TV so dwumadi bi a wunnsuro ne hwɛ!”​—N. B.

“Madi mfe 13 ne fã. Video foforo no maa mihuu sɛnea mibu Yehowa nsiesiei ahorow a ɛyɛ nwonwa no sɛ adewa no. Ɛyɛ hokwan sɛ obi bɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo mu biako.”​—K. W.

“Madi mfe 16, na video yi aboa me ma atra m’adwenem yiye sɛ eyi yɛ adwuma bi a wɔreyɛ wɔ asase so nyinaa.”​—A. M.

“Yɛn mma no kae sɛ esiane sɛ wohuu sɛnea teokrase kwan a wɔfa so gye wɔn ani te ankasa no nti, TV hwɛ nyɛ dɛ sɛ kan no bio. Ahyɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu den nso.”​—L. M.

Nea wohui no akanyan wɔn a wɔde mfe pii ayɛ Yehowa Adansefo no mpo.

“Sɛ video no kanyan yɛn a yɛyɛ Yehowa nkurɔfo no mpo ɔkwan a ɛte sɛɛ so a, ɛnde ɛbɛka afoforo nso dɛn? Sɛ nhyehyɛe yi mu yɛ nea ano gyina yɛ den ma me a, mede me bere dɔnhwerew biako kɔsra Betel wɔ m’asa no so!”​—K. B.

“Bere a mihuu sɛnea wɔde ahwɛyiye yɛ adwuma biara pɛpɛɛpɛ akyi no, metee nka sɛ menkɔ me dan mu nkɔbam me Bible nhoma ahorow no.”​—L. P.

Yɛhyɛ wo nso nkuran sɛ gye bere na hwɛ video a wɔato din Jehovah’s Witnesses​—The Organization Behind the Name no. Ɛbɛma woanya asetra ho adwene foforo na aboa wo ma woanya daakye a ahobammɔ wom mu ahotoso.

[Ase hɔ asɛm]

a Americafo sɛnkyerɛnne kwan so a wɔfa kasa, Arabic, Basque, Cantonese, Catalan, Croatian, Czech (Bohemian), Danish, Dutch, Finnish, French, German, Greek, Hungarian, Italian, Japanese, Korean, Mandarin, Norwegian, Polish, Portuguese (Brazil), Portuguese (Europe), Romanian, Slovak, Spanish, Swedish.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena