Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim Ka Asɛm no a Wonnyae
1 Bere a nkurɔfo mfe rekɔ anim no, wɔn mu bebree hwɛ kwan sɛ wobegyae honam fam adwuma a wɔyɛ no daa no, na wɔrenhaw wɔn ho wɔ wɔn nkwa nna a aka no mu. Ebia wɔbɛte nka sɛ wɔayɛ adwumaden sɛnea ɛfata na seesei de wohia ahomegye. Anaasɛ ebia wɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa nna biara a aka no gye wɔn ani ara kɛkɛ.—Luka 12:19.
2 Sɛ Yehowa nkoa a yɛahyira yɛn ho so no, adwene a yekura wɔ asetra ho no yɛ soronko. Yenim sɛ onyin mma yennyae Onyankopɔn adwuma yɛ. Adwene a yekura no yɛ papa efisɛ yɛde yɛn ‘ani si daa nkwa so.’ (Yuda 21) Ebia mfe bebree a obi de aboaboa nimdeɛ ne osuahu ano no betumi ama wanya nhumu ne nyansa pii. Eyi betumi ama obi ahu nyansa na wakari pɛ yiye, na wada anisɔ a emu dɔ adi wɔ nkwa ho. Su horow yi nyinaa boa obi yiye ma ɔsom sɛ asɛmpa no ho somfo.
3 Onyin nkyerɛ nipaduam nyin nkutoo; ɛfa obi adwene nso ho. Sɛ wopɛ sɛ wotra ase kyɛ na wobɔ mmɔden sɛ wubedwen nneɛma ho sɛnea ɛfata a, hokwan a wowɔ sɛ wobɛyɛ n’abien nyinaa no bɛyɛ kɛse. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi ama wɔn asetra ayɛ papa denam ma a wɔbɛma wɔn honhom mu nimdeɛ adɔɔso na wɔne afoforo akyɛ so.—1 Kor. 9:23.
4 Asetram Nhwɛso Ankasa: Bere a na onuawa bi adi mfe 86 no, ɔkae sɛ: “Sɛ misusuw mfe 60 a atwam fi bere a mihuu nokware no ho a, Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛma awerɛhyem no kanyan me koma. Yiw, Yehowa a ɔne anokwafo bedi no nokwaredi so no rema yɛanya anigye mmoroso.” (Dw. 18:25) Onua biako a ne mfe akɔ anim kae sɛnea ne yere wu haw no kɛse, a ɛno akyi n’akwahosan sɛee kɛse no. Ɔkae sɛ: “Nanso, Yehowa dom nti minyaa ahoɔden paa de yɛɛ akwampae adwuma wɔ mfe abien akyi. Hwɛ aseda ara a mede ma Yehowa sɛ manya ahoɔden ankasa ayɛ asɛnka adwuma no pii yi!”
5 Hwɛ fata a ɛfata nkamfo sɛ nnipa bebree a wɔn mfe akɔ anim asi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so aka asɛm no sɛnea wɔn akwahosan ne wɔn ahoɔden bɛma kwan—a wonnyae! Wɔwɔ ntease pa a wɔde bɛteɛm aka sɛ: “Onyankopɔn, wo na wufi me mmofraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwonwade no mabedu sesɛɛ.”—Dw. 71:17.