Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/97 kr. 2
  • August Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • August Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase August 4
  • Dapɛn a Efi Ase August 11
  • Dapɛn a Efi Ase August 18
  • Dapɛn a Efi Ase August 25
Yɛn Ahenni Som—1997
km 8/97 kr. 2

August Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase August 4

Dwom 16

7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no ne mo asafo no April asɛnka akontaabu ho asɛm.

13 min: “Nhyiam Ahorow Twetwe Yɛn Kɔ Nnwuma Pa Mu.” Nsɛmmisa ne mmuae. Kyerɛ mfaso horow a ɛwɔ nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ nkuran a ɛkɔ so ansa na wɔahyɛ nhyiam horow ase ne bere a wɔapɔn no mu.—Hwɛ School Guidebook, kratafa 82, nkyekyem 17-18.

25 min: “Fa Wo Ho To Yehowa So na Ɔmma Nneɛma Nnyin.” Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Si hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ sankɔhwɛ wɔ mmeae a wɔmaa nhomawa no so dua. Ma wɔnyɛ sɛnea wofi adesua ase ho ɔyɛkyerɛ abien a wɔasiesie no yiye. Fa nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ March 1997 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 7-11 no, ka ho.

Dwom 78 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase August 11

Dwom 20

7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: “Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim Ka Asɛm no a Wonnyae.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka nanabea bi a n’ani afi a ɔyɛɛ akwampaefo boafo no suahu a ɛwɔ September 1, 1988, Ɔwɛn-Aban, kratafa 7 no, nso ho asɛm.

23 min: “Mommɔ Ɔbra Pa Amanaman Mu.” Nsɛmmisa ne mmuae.

Dwom 177 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase August 18

Dwom 43

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. “Mommoa Obiara Mma Ɔnkɔ Asɛnka Daa.” Ɔkasa. Wubetumi de June 1996 Yɛn Ahenni Som kratafa 1 hɔ asɛm a ɛfa wɔn a wɔayɛ mmerɛw a yɛbɛboa wɔn ho mu nsɛm bi aka ho.

15 min: “So Ɛsɛ sɛ Wo Ba Kɔ Sukuu a Sukuufo no Te Hɔ?” Ɔkasa a ɔpanyin a ɔwɔ abusua ma a egyina March 15, 1997, Ɔwɛn-Aban, kratafa 25-8 so. Hyɛ awofo nkuran ma wɔmfa wɔn mma honhom fam yiyedi nni kan bere a wɔresiesie wɔn ama daakye no.

20 min: Fa Bere a Obi a Wodɔ No Awu Nhomawa no Yɛ Sankɔhwɛ Ahorow. Kyerɛ sɛnea wobisa asɛm bi na wɔdan adwene kɔ nhomawa no mu kɔhwehwɛ mmuae. Sɛ nhwɛso no, nhomawa no ma nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: So anidaso bi wɔ hɔ ma awufo? (Nkratafa 5-6) So ɛyɛ mfomso sɛ obi bedi awerɛhow? (Nkratafa 8-9) Obi bɛyɛ dɛn atumi agyina awerɛhodi ano? (Kratafa 18) Afoforo bɛyɛ dɛn aboa? (Nkratafa 20-3) Wɔbɛyɛ dɛn aboa mmofra ma wɔate owu ase? (Kratafa 25) Awerɛkyekye bɛn na Bible de ma? (Kratafa 27) Afei, wo ne adawurubɔfo baanu a wɔfata mmɔ sɛnea wɔde nhomawa yi adi dwuma wɔ sankɔhwɛ mu de abua nsɛm a nkurɔfo taa bisa wɔ owu ho no ho nkɔmmɔ. Yɛ sɛnea wɔde nhomawa no di dwuma wɔ sankɔhwɛ mu ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 94 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase August 25

Dwom 23

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae obiara ma ɔmfa n’asɛnka akontaabu mmra. Ka dapɛn no mu asɛnka nhyehyɛe ho asɛm.

15 min: “Nya Nea Eye Sen Biara Fi Sukuu Mu.” Agya bi ne ne mma susuw asɛm no ne January 8, 1996, Nyan!, nkratafa 19-23 mu nsɛm a mfaso wɔ so ho.

20 min: Fa Botae Ka Asɛm No. Ɔpanyin bi ne asafo mu somfo biako anaa baanu susuw Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 8-12 mu nsɛm ho. Montwe adwene nsi ntease titiriw nti a ɛsɛ sɛ yenya yɛn asɛnka adwuma no ho adwempa ne nkɔanim, na yɛne ahyehyɛde no bɔ anan bere nyinaa so.

Dwom 100 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena