Mommoa Obiara Mma Ɔnkɔ Asɛnka Daa
1 Bere a wiase dedaw yi mu nhyɛso ahorow mu yɛ den no, asiane a ɛwɔ hɔ sɛ yɛbɛgow yɛn ho wɔ honhom fam no yɛ kɛse. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ adawurubɔfo pii nkɔ asɛnka daa, na kakra nso ayɛ mmerɛw. Sɛ nhwɛso no, amanneɛbɔ bi a yɛn nsa aka nnansa yi kyerɛ sɛ na asafo bi mu adawurubɔfo 71 no mu 22 toto asɛnka mu! Dɛn na ebetumi ama ɔsram mũ atwam a obi nnya adwuma a ɛho hia yi mu kyɛfa?
2 Nneɛma no bi ne yare a emu yɛ den, asɛnka a wotutu hyɛ da kosi ɔsram no awiei ma biribi a wɔnhwɛ kwan bɛbom ma enti wontumi nkɔ, ɔsom adwuma no ho anisɔ a wonni, ani a ɛpa sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ so wɔ bɛn a Satan wiase no awiei abɛn ho. (2 Kor. 4:7; 2 Pet. 3:11, 12) Ɛmfa ho nea ɛde ba biara no, yɛpɛ sɛ yɛboa obiara ma ɔde ne ho hyɛ asɛnka mu daa.
3 Nea Yebetumi Ayɛ: Kae a yɛbɛkae sɛ nkurɔfo nkwa wɔ asɛm no mu no bɛboa yɛn ma yɛde hokwan biara aka Bible mu nokware ahorow akyerɛ afoforo. (Rom. 10:8-10) Ɛnsɛ sɛ yɛka yɛn ano tom a yɛnka nkwa ho asɛm no nkyerɛ nkurɔfo a yehyia wɔn bere a yetu kwan no. Sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkɔ asɛnka wɔ ɔsram no ahyɛase a, ɛremma yɛntoto asɛnka mu.—Ɔsɛnk. 11:6.
4 Nea Afoforo Betumi Ayɛ: Ɛtɔ mmere bi a nea ɛhwehwɛ ara ne asɛm a ɛhyɛ nkuran a yɛbɛka. Ɛyɛ obiara asɛyɛde sɛ ɔhyɛ afoforo nkuran. (Heb. 10:25) Obiara betumi de wɔn a wɔtoto asɛnka mu aka n’asɛnka nhyehyɛe ho. Sɛ saafo no yare anaasɛ wɔawo foforo a, yebetumi ato nsa afrɛ yɛn Bible adesuafo no bi ma wɔaba wɔn fie, na ama wɔn nso anya adesua no mu kyɛfa, na amma wɔammɛyɛ adawurubɔfo a wɔtoto asɛnka mu.
5 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wobehu asafo no mufo nyinaa nsɛm tebea ne wɔn ahiade, na ama wɔatumi de mmoa a ɔdɔ wom ama wɔn. (Mmeb. 27:23) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no susuw wɔn a wɔabɛyɛ adawurubɔfo a wɔtoto asɛnka mu no ho wɔ wɔn nhyiam horow ase, na ama wɔatumi ahu mmoa a wɔde bɛma wɔn.
6 Ɔsram biara no, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no de wɔn a wɔamfa wɔn asɛnka akontaabu amma no din ma Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo no, na ama wɔatumi de mmoa ama wɔn ntɛm. Ɛsɛ sɛ adesua sohwɛfo no fi ayamye mu kɔ wɔn a wɔtoto asɛnka mu no hɔ kɔhwɛ dekode a ebia ɛresi wɔn kwan, na ɔyɛ nhyehyɛe pɔtee ne wɔn yɛ adwuma anaasɛ ɔma ɔdawurubɔfo foforo a ne ho akokwaw anaa ɔkwampaefo yɛ saa. Bere nhyehyɛe a ɛfata ma wɔn mu biara nsɛm tebea ho nyansahyɛ a etu mpɔn nso betumi aboa kɛse. Nyansahyɛ afoforo wɔ November 1992, Yɛn Ahenni Som no kratafa 7.
7 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ma n’ani da hɔ, na ɔde hokwan biara di dwuma de ka asɛmpa no. Eyi a yɛbɛyɛ, ne yɛn asɛnka akontaabu a yɛde bɛma ntɛm wɔ ɔsram biara awiei no, bɛma yɛayɛ nkurɔfo a yɛkɔ asɛnka daa.—1 Kor. 15:58.