Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 8/15 kr. 8-11
  • Ɔfã a Edi Kan—Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã a Edi Kan—Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible a Wɔhwɛɛ So Kyerɛw Foforo ne N’asekyerɛ Wɔ Tete Mmere Mu
  • Wɔn a Wɔyɛɛ Kristofo Nhoma a Edi Kan
  • Latin ne Slavonic Kasa Bible Ahorow
  • Hebri Bible no Tra Hɔ
  • Bible Asekyerɛ Hyia Ɔsɔretia
  • Sɛ Worehwehwɛ Kyerɛwsɛm Bi Wɔ Bible Mu a, Wobɛyɛ No Sɛn?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Bible No​—Adɛn Nti na Yɛwɔ Ahorow Pii Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Jerome—Bible Nkyerɛase Mu Dikanfo a N’asɛm Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Septuagint” No—Mfaso Wɔ So Tete ne Nnɛ Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 8/15 kr. 8-11

Ɔfã a Edi Kan—Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No

Ɔfã 2 no bɛba September 15 de no mu, na 3 no nso aba October 15 de no mu.

OBI a otintim nhoma ne ne mmofra a wɔresua adwuma de wɔn nhomatintim-afiri a ɛho yɛ dua no yɛ adwuma waa waa wɔ adwinnan ketewa bi mu, na wɔyɛ ahwɛyiye de nkrataa a hwee nni so to afiri no fa a ɛbɔ nkyerɛwde no so. Bere a wɔsan yi fi so no, wɔhwɛ nsɛm a wɔatintim no sɛ ayɛ pɛpɛɛpɛ anaa. Wɔde nkratafa a wɔabukabukaw mu no sensɛn hama bi a wɔde asã dan ho so.

Mpofirim ara, obi bɔ pon no mu denneennen. Nhomatintimfo no de ahodwiriw bue pon no, na asraafo dɔm a wokurakura akode bɔ wura hɔ. Wofi ase hwehwɛ nhoma a mmara mma ho kwan a wokyi koraa—Bible a ɛwɔ mpapahwekwa no kasa mu!

Wɔannu hɔ ntɛm. Esiane sɛ woyii nea ɔkyerɛɛ ase no ne ne boafo no asotiw wɔ asiane a ɛreba no ho nti, wɔadi kan de mmirika kɔ adwinnan no mu akɔsesaw nkratafa dodow bi a wobetumi ma seesei wɔnam Rhine Asubɔnten so reguan. Anyɛ hwee koraa no, wɔabɔ wɔn adwuma no fã bi ho ban.

Nsɛm asekyerɛfo a yɛreka ne ho asɛm no ne William Tyndale, a na ɔrebɔ mmɔden sɛ obetintim ne Engiresi kasa mu “Apam Foforo” a na wɔabara no wɔ Cologne, Germany, wɔ 1525 mu no. Asɛm a ɛtoo no no too nnipa bebree nso. Wɔkyerɛw Bible no wiei akyi bɛyɛ mfe 1,900 a abɛsen ni no, mmarima ne mmea pii de wɔn ho ato asiane mu akyerɛ Onyankopɔn Asɛm ase, akyekyɛ. Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ yi da so ara nya wɔn adwuma no so mfaso. Dɛn na wɔyɛe? Ɔkwan bɛn so na yɛn nsa kaa Bible a yekura seesei no?

Bible a Wɔhwɛɛ So Kyerɛw Foforo ne N’asekyerɛ Wɔ Tete Mmere Mu

Bere nyinaa Onyankopɔn asomfo nni N’asɛm ho agoru koraa. New Catholic Encyclopedia no gye tom sɛ: “Tete Kristofo nso buu Nhoma Kronkron no akenkan ahiasɛm te sɛ wɔn nananom Yudafo no. Esiane Yesu nhwɛso akyi a wodii nti, (Mat 4.4; 5.18; Luk 24.44; Yoh 5.39) na Asomafo no nim Apam Dedaw no mu yiye, a ɛkyerɛ sɛ na wɔde ntoboase akenkan no bere tenten, asua, na wɔhyɛɛ wɔn asuafo nkuran sɛ wɔnyɛ saa (Rom 15.4; 2 Tim 3.15-17).”

Ne saa nti, na gye sɛ wɔhwɛ Bible no so kyerɛw foforo. Ansa na Kristosom reba no, wɔn a wɔyɛɛ saa adwuma yi fã kɛse ne ‘akyerɛwfo a wɔn ho akokwaw’ a na ɛyɛ wɔn adwuma ankasa, na wosuroe sɛ wɔbɛyeyɛ mfomso no. (Esra 7:6, 11, 12) Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ adwuma a mfomso biara nnim, na wɔde gyinapɛn a ɛkɔ soro sii hɔ maa wɔn a akyiri yi wɔhwɛɛ Bible so kyerɛw foforo nyinaa.

Nanso, wɔ afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu no, asɛnnennen bi sɔree. Alexander Ɔkɛseɛ pɛe sɛ wɔkyerɛ wiase nnipa nyinaa Helafo amammerɛ. Ne nkonimdi ahorow no maa Hela, anaa Koine, bɛyɛɛ kasa titiriw a na wɔka wɔ Mediterranea Supɔw no nyinaa so. Eyi maa Yudafo pii nyinyinii a wɔansua Hebri akenkan da, ma enti wɔantumi ankenkan Kyerɛwnsɛm no. Enti, bɛyɛ 280 A.Y.B. mu no, Hebrifo nhomanimfo dodow bi kaa wɔn tiri pam ho wɔ Alexandria, Egypt, kyerɛɛ Hebri Bible no ase kɔɔ Koine a na nkurɔfo taa ka no mu. Wɔbɛfrɛɛ wɔn nkyerɛase no Septuagint, Latin asɛmfua ma “Aduɔson,” a ɛkyerɛ nnipa dodow a na wogye di sɛ wonyaa mu kyɛfa. Wowiei bɛyɛ afe 150 A.Y.B. mu.

Wɔ Yesu bere so no, na wɔda so ara ka Hebri wɔ Palestine. Nanso Koine na edii akoten wɔ hɔ ne Roma ahemman no amantam nkae a na apete no mu. Enti Bible akyerɛwfo a na wɔyɛ Kristofo no de saa Hela a na wɔtaa ka yi na edii dwuma na ama amanaman mufo dodow biara a ɛbɛyɛ yiye atumi akenkan. Afei nso wɔfaa Septuagint no mu nsɛm kae mpɛn pii, na wɔde mu nsɛmfua no pii dii dwuma.

Esiane sɛ na tete Kristofo no yɛ asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ nsi nti, ankyɛ na wɔn ho kokwawee wɔ sɛnea wɔde Septuagint no kyerɛ sɛ na Yesu ne Mesia a wɔahwɛ no kwan bere tenten no ho. Eyi maa Yudafo no sɔre gyinae, na ɛkanyan wɔn ma wɔyeyɛɛ nkyerɛase afoforo wɔ Hela kasa mu, a na adwene no ne sɛ wɔbɛsesa kyerɛw nsɛm a na Kristofo no taa de gyina wɔn nsɛm akyi no de abɔ wɔn nkyerɛkyerɛmu no agu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Yesaia 7:14 no, Septuagint no de Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “ɔbaabun,” na ɛkaa Mesia no maame ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so. Nkyerɛase afoforo no de Hela asɛmfua foforo na edii dwuma, a nea ɛkyerɛ ne “ababaa.” Septuagint no a Kristofo no kɔɔ so de dii dwuma no kaa Yudafo no maa ewiee ase no, wɔpoo ɔkwan a na wɔnam so no koraa, na wɔdanee adwene kɔɔ Hebri so bio. Awiei koraa no, saa ade a wɔyɛe yi bɛyɛɛ mfasode maa Bible asekyerɛfo a wɔbae akyiri yi no efisɛ ɛboa maa Hebri kasa no traa hɔ.

Wɔn a Wɔyɛɛ Kristofo Nhoma a Edi Kan

Tete Kristofo a na wɔyɛ nsi no fii ase yɛɛ Bible dodow biara a wobetumi, a wɔn nsa na wɔde yɛɛ ne nyinaa. Wɔn nso na wofii ase de nsaano nkyerɛwee, a na ɛwɔ nkratafa te sɛ nhoma a ɛwɔ hɔ nnɛ no dii dwuma de sii nhoma mmobɔwee ananmu. Sɛnea na nsaano nkyerɛwee no ma wotumi hu kyerɛw nsɛm ntɛmntɛm no da nkyɛn a, na nsɛm a etumi kɔ po biako mu no dɔɔso sen nea etumi kɔ nhoma mmobɔwee biako so—sɛ nhwɛso no, na Hela Kyerɛwnsɛm no anaa Bible mũ no nyinaa tumi kɔ so.

Wowiee Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a edi mũ no bɛyɛ 98 Y.B. mu, na ɔsomafo a na waka no, Yohane, nhoma ahorow a ɔkyerɛwee no na wɔde wiei. Yohane Asɛmpa no afã bi a wɔfrɛ no Rylands Papyrus 457 (P52) a wɔanyɛ no ntɛm koraa ne 125 Y.B. mu no wɔ hɔ. Wɔ 150 kosi 170 Y.B. mu tɔnn no, Tatian, a Justin Martyr kyerɛɛ no ade no, kyerɛw Diatessaron, Yesu asetram nsɛm a ɛbom a woyi fii Nsɛmpa anan koro no ara a ɛwɔ yɛn Bible ahorow mu nnɛ mu no.a Eyi kyerɛe sɛ saa Nsɛmpa no nkutoo na obuu no sɛ edi mu, na na nkurɔfo nsa afi ase reka dedaw. Wɔ bɛyɛ 170 Y.B. mu no, wɔyɛɛ “Apam Foforo” mu nhoma ahorow no din a wɔahyehyɛ ho nhoma a edi kan koraa a wonim a wɔfrɛ no Muratorian Fragment no. Ɛbobɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nhoma horow no dodow no ara din.

Kristofo gyidi ahorow a ɛtrɛwee no maa ɛho behiae bere tiaa bi akyi sɛ wonya Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ne Hebri Kyerɛwnsɛm no nkyerɛase ahorow. Akyiri yi, wɔyɛɛ nkyerɛase pii wɔ kasa ahorow bi te sɛ Armenian, Coptic, Georgian, ne Syriac mu. Mpɛn pii no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nkyerɛwde na wɔde adi saa atirimpɔw no nkutoo ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛ sɛ Ulfilas, afeha a ɛto so anan mu Roma Asɔre no sɔfo panyin bi na ɔyɛɛ Gothic nkyerɛwee no de kyerɛɛ Bible no ase. Nanso oyii Ahene nhoma no fii mu, efisɛ osusuwii sɛ ɛbɛka akodi ho anigye a Gothfo wɔ no mu gya. Nanso saa adeyɛ yi ansiw Gothfo a “wɔadan wɔn Kristofo” no kwan wɔ Rome a wɔfowee wɔ 410 Y.B. mu no ho!

Latin ne Slavonic Kasa Bible Ahorow

Bere rekɔ so no, Latin begyee ntini, na Tete Latin kasa nkyerɛase pii bae. Nanso na sɛnea wɔkyerɛw emu biara ne sɛnea edi mũ no nyɛ pɛ. Enti wɔ 382 Y.B. mu no, Pope Damasus too ne kyerɛwfo Jerome mmati so sɛ ɔnyɛ Latin Bible kunini bi.

Jerome fii ase denam Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no a ɛwɔ Latin kasa mu a ɔsaa mu no so. Nanso Hebri Kyerɛwnsɛm no de, ɔyɛe sɛ ɔkwan biara so ɔbɛkyerɛ ase afi mfitiase Hebri no mu. Enti wɔ 386 Y.B. mu no, otu kɔtraa Betlehem sɛ ɔrekosua Hebri na wahwehwɛ rabi bi mmoa. Eyi maa wɔkekaa ne ho nsɛm pii wɔ asɔre no mu. Ebinom te sɛ Augustine a ɔtraa ase wɔ Jerome bere so no susuwii sɛ Septuagint no fi honhom mu, na wɔbɔɔ Jerome sobo sɛ ɔde ne ho “akɔbata Yudafo.” Bere a Jerome ampa abaw no, owiee n’adwuma no bɛyɛ 400 Y.B. mu. Ɛdenam mfitiase kasa no ne nkyerɛwee a ɔde dii dwuma, ne kyerɛ a ɔkyerɛɛ ase kɔɔ kasa a na wɔka no saa bere no mu so no, Jerome dii anim mfirihyia apem wɔ ɔkwan a wɔfa so kyerɛ nsɛm ase nnɛ no mu. Wɔbɛfrɛɛ ne nkyerɛase no Vulgate, anaa Obiara Nkyerɛase, na ɛboaa nkurɔfo mfehaha pii.

Wɔ apuei fam Kristoman mu no, na nnipa pii da so ara kenkan Septuagint ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no. Nanso akyiri yi, kasa ahorow a efi Slavonic anaa Slavfo abusua mu, bɛyɛɛ nea nnipa pii ka wɔ Europa apuei fam. Wɔ 863 Y.B. mu no, nnipa baanu a wɔyɛ anuanom a wɔka Hela kasa, Cyril ne Methodius, kɔɔ Moravia a seesei ɛwɔ Czech Republic no. Wofii ase kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Tete Slavonic kasa mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ saa no, wɔyɛɛ Glagolitic nkyerɛwee, a akyiri yi Cyrillic nkyerɛwee a wɔde Cyril din too so no besii ananmu no. Ɛno mu na Russia, Ukrain, Serb, ne Bulgaria nkyerɛwde a ɛwɔ hɔ nnɛ no fi bae. Slavonic Bible no boaa nnipa a na wɔwɔ saa beae no awo ntoatoaso pii mu. Nanso bere rekɔ so a kasa resesa no, na mpapahwekwa no nte ase bio.

Hebri Bible no Tra Hɔ

Wɔ saa mmere yi mu, efi bɛyɛ afeha a ɛto so asia kosi du Y.B. mu no, Yudafo kuw bi a wɔfrɛ wɔn Masoretfo de akwan bi a wɔfa so hwɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw foforo na anyera bae. Wɔkɔɔ akyiri araa ma wɔkan nsensanee no nyinaa ne kyerɛwde biara, na wɔhyɛɛ nsonsonoe a ɛwɔ nsaano nkyerɛwee ahorow mu no nsow, a na botae no ne sɛ wɔbɛkora kyerɛw a edi mũ no so. Wɔn mmɔdenbɔ no anyɛ kwa. Sɛ yɛbɛma nhwɛso biako a, sɛ wode nnɛyi Masoret nkyerɛwee no toto Po a Awu Nhoma Mmobɔwee a wɔkyerɛw no 250 A.Y.B. ne 50 Y.B. ntam no ho a, worenhu nkyerɛkyerɛ mu nsakrae biara a aba wɔ bɛboro mfe 1,000 mu.b

Ná wɔtaa ka Mfinimfini Mmere no ho asɛm sɛ Esum Mmere wɔ Europa. Na ɔmanfo akenkan ne adesua wɔ fam. Bere kɔɔ so no, na asɔfo no mu fã kɛse no ara mpo ntumi nkenkan asɔre Latin no, na na mpɛn pii no, wontumi nkenkan wɔn ankasa kasa mpo. Saa bere no ara nso na na Yudafo a wɔwɔ Europa no wɔ wɔn nkutoo atrae. Eyi ka ho bi na Hebri a wɔde kyerɛw Bible no anyera. Nanso mpɛn pii no, esiane afoforo ho adwemmɔne ne ehu nti, wɔn a na wonni atrae hɔ no annya Yudafo no nimdeɛ no bi. Wɔ Europa atɔe fam no, na Hela kasa ho nimdeɛ nso rekɔ fam. Sɛnea na Atɔe fam Asɔre no nso di Jerome Latin Vulgate no ni no sɛee asɛm no koraa. Ná wɔtaa bu no sɛ ɛno nkutoo ne nkyerɛase a edi mu, ɛwom sɛ Masoretfo bere no rekɔ n’awiei no, na wɔregyae Latin kasa no ka de. Enti, bere a ɔpɛ a nkurɔfo wɔ sɛ wobehu Bible mu no mu yɛɛ den nkakrankakra no, ɛbɔɔ kwan maa ntawntawdi a emu yɛ den bi.

Bible Asekyerɛ Hyia Ɔsɔretia

Wɔ 1079 mu no, Pope Gregory VII de asɔre mmara pii a wɔhyehyɛ de baraa nkyerɛase a ɛwɔ kasa a ɔmanfo ka mu a wɔbɛyɛ ne ɛtɔ mmere bi a wobekura mpo, no mu nea edi kan too gua. Otwaa hokwan a na ɛwɔ hɔ sɛ wɔbɔ Mass wɔ Slavonic kasa mu no mu, a nea ɛkaa no maa ɔyɛɛ saa ne sɛ anhwɛ a na ama wɔakyerɛ Kyerɛw Kronkron no afã bi ase. Nea ɛne Kristofo a wodi kan no gyinabea bɔ abira koraa no, ɔkyerɛwee sɛ: “[Ɛsɔ] Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ani sɛ kyerɛw kronkron bɛyɛ ahintasɛm wɔ mmeae bi.” Esiane sɛ na eyi ne asɔre mũ no gyinabea nti, nnipa pii buu wɔn a wɔhyɛɛ Bible akenkan ho nkuran no sɛ wɔn ho yɛ hu.

Ɛmfa ho sɛ na tebea no nye no, wɔkɔɔ so hwɛɛ Bible no so kyerɛw foforo, na wɔkyerɛɛ ase kɔɔ kasa a nnipa dodow no ka mu. Wɔkyekyɛɛ nkyerɛase a ɛwɔ kasa horow pii mu wɔ sum ase wɔ Europa. Nnipa nsa na wɔde kyerɛw eyinom nyinaa, efisɛ wɔanyɛ nhomatintim-afiri wɔ Europa de kosii 1400 mfe no mfinimfini. Nanso esiane sɛ na ne bo yɛ den na ɛnnɔɔso nti, sɛ ɔpapahwekwa bi nya Bible nhoma bi fã bi anaa nkratafa kakraa bi mpo a, na ɔfa ho guan. Ebinom suaa emu nsɛm pii guu wɔn tirim, ebi mpo suaa Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa!

Nanso, bere kɔɔ so no, wofii ase nyaa fekuw ahorow wɔ mmeae pii a wɔkasaa mu sɛ wɔnyɛ nsakrae wɔ asɔre no mu. Ade biako a ɛkanyan saafo yi ne hia a Onyankopɔn Asɛm ho hia wɔ da biara asetra mu a wɔkaa mu gya no. Fekuw ahorow yi ne nhomatintim a ɛbae no kaa Bible no dɛn? Na dɛn na ɛbaa William Tyndale ne ne nkyerɛase a yɛkaa ho asɛm mfiase no so? Yɛbɛtoa saa asɛm a ɛkanyan adwene yi so de abesi yɛn bere yi so wɔ nsɛm bi a ɛbɛba akyiri yi mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York Inc., na wotintimii no yɛ Nsɛmpa anan no a wɔaka abom ho nhwɛso a ɛwɔ hɔ nnɛ.

b Hwɛ Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York Inc., na wotintimii no Po 2, kratafa 315.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 8, 9]

Nna Titiriw Wɔ Bible No Kyekyɛ Mu

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

ANSA NA YƐN BERE YI REBA (A.Y.B.)

Wowiee Hebri Kyerɛwnsɛm no Kyerɛw bɛyɛ 443 A.Y.B.

400 A.Y.B.

Alexander Ɔkɛseɛ (owui 323 A.Y.B.)

300 A.Y.B.

Wofii Septuagint no ase bɛyɛ 280 A.Y.B.

200 A.Y.B.

100 A.Y.B. Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no fã kɛse bɛyɛ 100 A.Y.B. kosi 68 Y.B.

YƐN BERE YI (Y.B.)

Wɔsɛee Yerusalem 70 Y.B.

Wowiee Hela Kyerɛwnsɛm no kyerɛw 98 Y.B.

100 Y.B.

Yohane Asɛmpa no Nkyerɛwee a Rylands yɛe (ansa na 125 Y.B. reba)

200 Y.B.

300 Y.B.

400 Y.B. Jerome Latin Vulgate no bɛyɛ 400 Y.B.

500 Y.B.

600 Y.B.

Wɔyɛ Masoret Nkyerɛwee No

700 Y.B.

800 Y.B.

Cyril Wɔ Moravia 863 Y.B.

900 Y.B.

1000 Y.B.

Mmara a wɔde baraa ɔmanfo kasa mu Bible 1079 Y.B.

1100 Y.B.

1200 Y.B.

1300 Y.B.

[Kratafa 9 mfonini]

Tete Kristofo na wofii ase de nsaano nkyerɛwee no dii dwuma

[Kratafa 10 mfonini]

Jerome kɔɔ Betlehem kosuaa Hebri

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena