“Montɔ Mo Bo Ase”
1 Bere a yehu sɛ Satan nneɛma nhyehyɛe dedaw yi rebɛn n’awiei pɛɛ no, ɛho hia sɛ ‘yɛtɔ yɛn bo ase’ twɛn Yehowa ogye da no. Dɔn a etwa to yi mu titiriw na atamfo dɔm a wɔyɛ abɔnefo no asi wɔn bo sɛ wɔbɛdan yɛn adwene afi Yehowa tumidi ho ɔsɛmpɔw titiriw no so, na wɔde nneɛma pii a yɛn ani gye ho a ebetumi atwitware yɛn ananmu asɔ yɛn ahwɛ. Saa kwan yi so no, Satan bɛdaadaa yɛn ma yɛagyae anaa yɛagow yɛn nsam wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu. (Yak. 5:7, 8; Mat. 24:13, 14) Akwan bɛn so na yebetumi ada ntoboaseɛ a ehia saa no adi?
2 Denam Boasetɔ a Yɛbɛda no Adi So: Sɛ yehyia anibiannaso anaa ɔsɔretia wɔ yɛn som adwuma no mu a, boasetɔ bɛboa yɛn ma yɛakɔ so aka asɛm no. Sɛ nkurɔfo a yehyia wɔn no ka nsɛm a ɛmfata de toto yɛn ano, na wɔantew wɔn anim amma yɛn a, yɛremmɔ hu na ɛrenhaw yɛn ntɛmntɛm. (1 Pet. 2:23) Ahoɔden a ɛte saa a yebenya wɔ yɛn mu no betumi aboa yɛn na yɛanka nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu a wɔda anibiannaso anaa nitan adi wɔ yɛn adwuma no ho no ho nsɛmmɔne, bere a yenim sɛ kasa a ɛte saa no bebu yɛne wɔn a wɔne yɛn yɛ ɔsom adwuma no abam no.
3 Denam Boasetɔ a Yɛde Begyina Pintinn So: Sɛ ɛba sɛ yɛne obi a ɔkyerɛ anigye bɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran wɔ asɛnka mu na sɛ yɛanto no wɔ fie bio a, ebetumi asɔ yɛn boasetɔ ahwɛ. Saa ara na sɛ wɔn a yɛne wɔn sua ade no annya nkɔso ntɛmntɛm na wɔansi gyinae amma nokware no a, ɛte. Nanso mpɛn pii no, boasetɔ a yɛde gyina pintinn no tumi sow aba pa pii. (Gal. 6:9) Onuawa bi yɛɛ ɔbea bi so sankɔhwɛ ahorow pii ansa na wɔretumi afi Bible adesua ankasa ase. Wɔ nsrahwɛ anum a edidi kan mu no, na nneɛma afoforo agye ɔbea no adwene. Bere a onuawa no sɔ hwɛe ne mpɛn asia so no, nsu kɛse bi a ɛtɔe hwee no, nanso oduu hɔ no, wanto obiara wɔ fie. Ne nyinaa mu no, esiane sɛ na wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛma ɔbea no hokwan a etwa to nti, onuawa no kɔɔ hɔ bio na ɔkɔtoo ɔbea no, a na wayɛ krado sɛ obesua ade. Ɛno akyi no, osuani no nyaa nkɔanim nkakrankakra, na bere tiaa bi mu no, ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa.
4 Yenim sɛ Yehowa da no renka akyi. Enti yenya sɛnea odi ne nsɛm ho dwuma no ho koma, bere a yenim sɛ ɔsoro boasetɔ bɛma yɛasow aba pa pii no. (Hab. 2:3; 2 Pet. 3:9-15) Te sɛ Yehowa no, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase, na yegyina pintinn wɔ ɔsom adwuma no mu. Gyina “gyidi ne abodwokyɛre so” fa w’ani to Yehowa so, na ɔbɛma wo w’adwumaden so akatua.—Heb. 6:10-12.