January Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase January 4
Dwom 36
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Sɛ mo nhyiam bere sesae January 1 a, kae obiara sɛ ɔnka bere foforo no nkyerɛ anigyefo.
15 min: “Fa Nhoma Dedaw Di Dwuma Yiye.” Nsɛmmisa ne mmuae. Kyerɛ nhoma dedaw a mo asafo no wɔ. Ka mu nsɛm bi a ɛyɛ anigye, na kyerɛ sɛnea wobetumi de ama afoforo. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa saa nhoma yi nni dwuma wɔ asɛnka mu ne bere a wɔredi adanse bɔnnɔ so wɔ January mu no. Afei nso ma wɔnyɛ asɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ tiawa.
20 min: Mmara Kwan so a Yɛbɛfa Apaw Ayaresa a Wɔmfa Mogya Nni Dwuma Wom (Aso. 15:28, 29). Ɔkasa a ɔpanyin a ɔfata ma. “Advance Medical Directive/Release” krataa no: Nhyiam yi akyi no, wɔbɛma Adansefo a wɔabɔ wɔn asu krataa yi foforo, na wɔn a wɔwɔ mma nketewa a wɔmmɔɔ wɔn asu no benya “Identity Card” biako ama abofra biara. Ɛnsɛ sɛ yegyina so hyehyɛ nkrataa yi ɛnnɛ nko ara. Ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ no kama wɔ fie, a YƐREMFA yɛn nsa nhyɛ ase. Nsa a wɔde bɛhyɛ nkrataa no nyinaa ase, ɛho adanse a wobedi, ne da a wɔbɛkyerɛw ahyɛ krataa no so no bɛba so bere a wɔapɔn Asafo Nhoma Adesua a edi hɔ no, na nhoma adesua sohwɛfo no bɛhwɛ ama wɔadi ho dwuma. Ansa na wode wo nsa bɛhyɛ kratasin no ase no, hwɛ hu sɛ woahyehyɛ awie. Ɛsɛ sɛ wɔn a krataa no yɛ wɔn de no de wɔn nsa hyɛ krataa no ase ma wɔn a wɔde wɔn nsa bɛhyɛ ase sɛ adansefo no de wɔn ani hu. Bere a adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu de nsɛm a ɛwɔ saa kratasin yi so atoto wɔn ankasa tebea ne wɔn gyidi ahorow ho no, wobetumi ayɛ wɔn ankasa krataa, na wɔne wɔn mma de adi dwuma. Ɛsɛ sɛ Nhoma adesua so ahwɛfo yɛ kyerɛwtohɔ de hwɛ hu sɛ wɔn a wɔwɔ wɔn akuw mu nyinaa anya mmoa a wohia na ama wɔatumi ahyehyɛ “Advance Medical Directive/Release” krataa no.
Dwom 61 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 11
Dwom 88
15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka January asɛnka nhyehyɛe ho asɛm. Ka “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo” ho asɛm.
15 min: “Yɛn Bo a Yɛasi—Sɛ Yɛbɛfa Yehowa Asetra Kwan So.” Ɔkasa. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkɔ dapɛn dapɛn asafo nhyiam anum no daa.
15 min: “‘Montɔ Mo Bo Ase.’” Nkɔmmɔ a abusua bi bɔ. Wɔka akwan a wobetumi afa so ada boasetɔ adi kɛse wɔ wɔn som adwuma mu ho asɛm. Fa June 15, 1995, Ɔwɛn-Aban, kratafa 12 nso mu nsɛm a ɛbɛfata ka ho.
Dwom 135 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 18
Dwom 43
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
13 min: “Ma W’asɛnka Adwuma Ntu Mpɔn.” Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ mfinimfini no nkyekyem 1-7 ho. Si nsɛm a ɛne mo mpɔtam hɔ tebea hyia paa no so dua.
12 min: “Ahwɛfo a Wodi Anim—Asafo Nhoma Adesua So Ahwɛfo.” Ɔkasa a nhoma adesua sohwɛfo a ɔbɔ mmɔden ma, na ɔkyerɛkyerɛ ne nnwuma mu. Ɔkyerɛ sɛnea adwuma a ɛte saa boa ma asafo no nkɔso ne ne honhom fam yiyedi tu mpɔn. Ka Yɛn Som Adwuma, nkratafa 43-5, 74-6 mu nsɛntitiriw nso.
15 min: “Adesua a Yebefi Ase Wɔ Ahwehwɛde Nhomawa no Mu.” Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw ho.
Dwom 197 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 25
Dwom 201
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
10 min: “Nsakrae a Wɔayɛ Wɔ Akwampaefo Nnɔnhwerew Ahwehwɛde Mu.” Ɔkasa a ɔpanyin ma. Kamfo akwampaefo a wɔwɔ asafo no mu, na hyɛ adawurubɔfo pii nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ akwampaefo aboafo ne daa akwampae adwuma no mu, na wɔmma ɛntra wɔn adwene mu sɛ yɛbɛyɛ pii wɔ March, April, ne May mu. Ka nkrataa a ɛhyɛ February 1997 ne July 1998 Yɛn Ahenni Som mu no nso mu asɛm.
15 min: “Ma W’asɛnka Adwuma Ntu Mpɔn.” Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ mfinimfini no nkyekyem 8-21 ho. Ma nkɔmmɔbɔ no nnyina nsɛm a ɛfa mo mpɔtam hɔ tebea ho kɛse no so.
15 min: So Wohwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu Daa? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Afe biara Asafo ti ma yɛn Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ nhomawa foforo. So mode nhomawa yi di dwuma sɛ ankorankoro anaa mmusua? Kyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ so a enti ɛsɛ sɛ da biara yesusuw daa asɛm no ho. Ka nnianim nsɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa—1999, nkratafa 3-4 no mu nsɛm. Ma adawurubɔfo nka mmɔden kɛse a wɔrebɔ na ama wɔatumi asusuw daa asɛm mu kyerɛwsɛm ne nkyerɛkyerɛmu no ho sɛ ankorankoro ne mmusua a wɔntotom.
Dwom 225 ne mpaebɔ a wɔde wie.