Ahwɛfo a Wodi Anim—Asafo Nhoma Adesua So Ahwɛfo
1 Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo a ɔfata bɛsom sɛ Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo. Ne kuw mufo honhom fam ahiade a obedi ho dwuma no yɛ asɛyɛde a anibere wom. Ne dwumadi no wɔ afã horow abiɛsa.
2 Nkyerɛkyerɛ a Etu Mpɔn: Egye ahosiesie a edi mũ ansa na Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo atumi ama ne kuw mufo anya ntease dapɛn biara. Ne botae ne sɛ ɔbɛkanyan nea wɔresua no ho anisɔ. Sɛ anka n’ankasa bɛkasa pii bere a wɔreyɛ adesua no, obisa nsɛm foforo bi de twe adwene si adesua no mu nsɛntitiriw so mmom wɔ bere a ɛfata sɛ ɔyɛ saa no. N’adwuma ne sɛ ɔbɛma ade a wɔresua no ayɛ anigye na aba aba mu na wama obiara anya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa. Ne botae ne sɛ ɔbɛhyɛ honhom fam onyin mu den, asi mfaso a ɛwɔ adesua no mu so dua, na wama ade a wɔresua no aka adwene ne koma mu.—1 Tes. 2:13.
3 Nguanhwɛ Adwuma a Mfaso Wɔ So: Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no te sɛ “mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea.” (Yes. 32:2) Ɔhwɛ ne kuw mufo nyinaa so ankasa, na ɔhwɛ hu sɛ ɔde honhom fam mmoa bɛma wɔn a ɔhwɛ wɔn so no bere a wɔn mu bi apa abaw no.—Hes. 34:15, 16; 1 Tes. 2:7, 8.
4 Asɛnka Adwuma mu Nsiyɛ: Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no ani ku nhyehyɛe pa a ɔbɛyɛ ama ne kuw mufo nyinaa anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa akosi ase no ho. Odi asɛnka adwuma no anim, efisɛ onim sɛ sɛ ɔyɛ adwuma no daa de nsi ne anigye yɛ a, afoforo a wɔwɔ kuw no mu besuasua. (Kol. 4:17; 2 Tes. 3:9) Bere kɔ so no, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔne ne kuw muni biara bɛkɔ asɛnka. Sɛ yɛpɛ sɛ yetu mpɔn wɔ asɛm a yɛka kyerɛ ne sɛnea yɛkyerɛkyerɛ wɔ asɛnka mu no mu a, Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no betumi aboa yɛn ma yɛadu yɛn botae no ho.—1 Tim. 4:16; 2 Tim. 4:5.
5 Anokwa, wɔde nnipa mu akyɛde yi a wɔayɛ krado sɛ wɔde honhom fam mmoa bɛma yɛn na wɔafi ɔdɔ mu aboa yɛn yi ahyira yɛn. (1 Tes. 5:14) Ɛmmra sɛ yɛbɛkyerɛ anisɔ ama Yehowa nsiesiei nwonwaso yi denam yɛn ho a yɛde bɛhyɛ nhoma adesua mu daa ne nokwaredi mu a yebefi aboa asɛnka adwuma no so.—Heb. 10:25.