Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkaebɔ Ahorow
    Ahenni Som—1993 | September
    • Nkaebɔ Ahorow

      ◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Yɛde True Peace and Security—How to Find It ne “Let Your Kingdom Come” abien nyinaa bɛma de agye ₵1,000. October: Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban kra. November: New World Translation of the Holy Scriptures ne The Bible—God’s Word or Man’s nhoma no. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn asram biara Literature Order Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi.

      ◼ Nhoma a efi November 8, 1993 yebesua wɔ ɔman no nyinaa mu wɔ Asafo Nhoma Adesua ase ne, Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye.

      ◼ Yɛrekae ɔsom boayikuw no sɛ wɔnhwɛ nhu sɛ ebedu September 6, 1993 no, na wɔde Literature Inventory kratasin no (S-18) no amana baa dwumadibea no. Ɛsɛ sɛ wɔde Asafo Dwumadi Mu Nhwehwɛmu ho Amanneɛbɔ (S-10) no mana ansa na September 10, 1993 adu.

      ◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔreyɛ nhyehyɛe afi daa akwampae ɔsom adwuma ase October 1, 1993 no kyerɛw akwammisa ntɛm. Ɛsɛ sɛ wɔde akwammisa krataa no mana Asafo ti no bere tenten ansa na September awiei adu. Yɛsrɛ mo monhwɛ nea ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 21 kosi 26 mu.

      ◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu wɔ September 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ saa wie a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ asafo no amanneɛ.

      ◼ Yɛrekae mpanyimfo sɛ wonni akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-3 mu a ɛfa obiara a wɔatu no anaa watwe ne ho a ebia ɔbɛpɛ sɛ wɔsan gye no ho no ho dwuma.

      ◼ Nhoma Ahorow a Ebi Asan Aba Bio:

      Ewe, Ga, Twi: Kenkan Mfiase. Ewe ne Twi: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn.

  • Sua Tra Ase Daa ne Ɔsom Nhoma No
    Ahenni Som—1993 | September
    • Sua Tra Ase Daa ne Ɔsom Nhoma No

      1 Nkratawa, brochure, nsɛmma nhoma, ne nhoma ahorow—wobetumi de ne nyinaa adi dwuma ne anigyefo afi ofie Bible adesua ase. Esiane sɛnea wɔakyekyɛ Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no ne sɛnea nkurɔfo ani gye ho no nti, wɔde adi dwuma afi adesua ahorow ase. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ obiara nkuran ma ɔkenkan na osua. Yɛayɛ eyi denam yɛn ho a yesiesie ma Asafo Nhoma Adesua na yɛkɔ daa no so.

      2 Nanso yɛwɔ nhoma abien titiriw bi a ɛsɛ sɛ yɛne afoforofo sua na aboa wɔn ma wɔate mfitiase Bible nkyerɛkyerɛ ne afei Kristofo asetra gyinapɛn ahorow no ase. Ɛnonom ne: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ne Biako a Wɔayɛ de Resom Nokware Nyankopɔn Koro No. Wɔhyɛ nkuran sɛ wɔn a wɔde nhoma afoforo yɛ ofie Bible adesua no nnan nkɔ nhoma abien yi mu biako so ntɛm sɛnea ebetumi ayɛ yiye biara. Sɛ na wode Onipa a Ɔsen Biara nhoma no yɛ adesua bi a, hyɛ osuani no nkuran ma n’ankasa nkenkan. Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ Bible adesua kosi sɛ wobewie Tra Ase Daa nhoma no ne Ɔsom nhoma no, ɛwom sɛ ebia wɔbɛbɔ obi asu ansa na wasua nhoma a ɛto so abien no awie de. Saa kwan yi a wɔbɛfa so no bɛma Bible osuani no anya nhumu pii na wagyina pintinn wɔ honhom mu.

  • Boa Afoforo Denam Nsɛmma Nhoma a Wode Bedi Dwuma no So
    Ahenni Som—1993 | September
    • Boa Afoforo Denam Nsɛmma Nhoma a Wode Bedi Dwuma no So

      1 Hwɛ sɛnea yɛn ani gye bere a yɛn nsa ka Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba foforo no. Yɛhwehwɛ hokwan a yɛde bɛkenkan no ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara. Wɔ emu nsɛm a ɛso bɛba yɛn ankasa mfaso a yɛbɛhwehwɛ akyi no, eye sɛ yɛbɛhwehwɛ nsɛm a yebetumi de adi dwuma bere a yɛde nsɛmma nhoma no rema afoforo no. Yebetumi ahyɛ mmeae a nkurɔfo bɛkyerɛ ho anigye wɔ yɛn asafo no asasesin mu no agyirae, anaa yebetumi mpo akyerɛw nsɛm ntiantia wɔ yɛn de ano na ama yɛakae nkɔmmɔbɔ nsɛm ahorow ne ɔkwan a yebetumi aka ho asɛm wɔ yɛn asasesin mu.

      2 Yɛn nsɛmma nhoma no so wɔ mfaso bere nyinaa. Ɛwom sɛ ebia nsɛmma nhoma a aba foforo titiriw na yɛde bɛma de, nanso ɛho nhia sɛ yɛto nea aba dedaw gu, efisɛ emu nsɛm no ankasa ntwam. Fa nea aba atwam hyɛ wo bag mu sɛnea wo nsa betumi aka wɔ adansedi mu. Eyinom so bɛba mfaso titiriw bere a wuhu ofiewura no ahiade pɔtee bi no. Sɛ mo asafo no wɔ nsɛmma nhoma dedaw gu hɔ a, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe ma nsɛmma nhoma ɔsatu titiriw bi na mode ayi afi hɔ.

  • June Ɔsom Akontaabu
    Ahenni Som—1993 | September
    • June Ɔsom Akontaabu

      Nnɔn. Nsɛm. San. BA

      Dodow: Nky. Nky. Nky. Nky.

      Akw. Tit. 941 40.1 10.5 69.3 9.4

      Daa Akw. 2,378 78.2 6.9 42.2 6.9

      Akw.Abf. 1,806 58.3 4.7 26.2 5.0

      Adwf. 34,086 12.5 1.0 6.0 1.5

      NKABOM 38,364 Asubɔfo: 130

  • Asafo Nhoma Adesua
    Ahenni Som—1993 | September
    • Asafo Nhoma Adesua

      Nhyehyɛe ma asafo adesua wɔ Onipa a Ɔsen Biara a Watra Pɛn nhoma no mu

      September 6: Atiri 108-110

      September 13: Ti 111

      September 20: Atiri 112-115

      September 27: Ti 116

  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Ahenni Som—1993 | September
    • Teokrase Nsɛmmansɛmma

      Chile: Ná adawurubɔfo 42,778 a wɔbɔɔ amanneɛ wɔ April mu no mu 8,680 yɛ akwampaefo. Wonyaa daa akwampaefo dodow a ɛsen biara 2,820. Nnɔnhwerew nkabom a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ April mu yɛ 1,009,001.

      Lesotho: Adawurubɔfo a wɔbɔɔ amanneɛ April no dodow yɛ 1,895, a ɛdɔɔso sen afe a etwaam no de a wɔakyekyem pɛpɛɛpɛ ɔha biara mu nkyem 19.

      Portugal: Wonyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 41,472 wɔ April mu. Wonyaa nkɔanim a ɛsen biara afoforo nso wɔ nnɔnhwerew, sankɔhwɛ, ne ofie Bible adesua nkabom mu.

      Venezuela: Adwumaden a adawurubɔfo no yɛe wɔ April mu no de nkɔanim afoforo bae wɔ nnɔnhwerew, sankɔhwɛ, ne ofie Bible adesua ahorow mu.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena