Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/07 kr. 5
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Ɔmansin Nhyiam Horow—Honhom Mu Apontow Mo Ahyɛ Yɛn Nyinaa Den
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Ɔmansin Nhyiam a Ɛbɛboa Yɛn ma Yɛde Yɛn Adwene Asi Honhom mu Nneɛma So
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 1/07 kr. 5

Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Nnipa a wɔwɔ wiase pɛ sɛ yenya adwene sɛ wɔrensɛe wiase yi da. Nanso Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ ɛnte saa koraa. (1 Yoh. 2:15-17) Ɛboa yɛn ma yɛte ase sɛ ‘ademude a yɛbɛhyehyɛ wɔ asase so’ no yɛ ɔbrɛgu. Nea ɛbɛyɛ na wɔahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo den no, wɔayɛ ɔmansin nhyiam a yɛbɛkɔ wɔ 2007 ɔsom afe no mu ho nhyehyɛe, na ɛbɛkyerɛkyerɛ asɛmti, ‘Hyehyɛ W’ademude Ɔsoro’ no mu.—Mat. 6:19, 20.

Honam fam adedodowpɛ ho asɛm wɔ nea wɔka ho asɛm wɔ Efesofo 2:2 sɛ “sɛnea mframa a ɛrebɔ no panyin pɛ; ɛno ne honhom a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no” mu. Sɛnea mframa wɔ baabiara a yetumi home no, saa ara na “wiase honhom” nso adonnɔn wiase no. (1 Kor. 2:12) Esiane sɛ ano yɛ den paa nti, wɔka sɛ ɛwɔ tumi. Ɔmansin nhyiam dwumadi foforo no bɛboa yɛn ma yɛakwati wiase adedodowpɛ su no na yɛde yɛn adwene asi nneɛma a ɛho hia paa so. (Mat. 6:33) Bio nso, nhyiam no bɛboa yɛn ma yɛde yɛn ho ato Yehowa so bere a yɛreyɛ yɛn som adwuma no ɛmfa ho nhyɛso ne ɔtaa ahorow a yehyia.

Hwɛ sɛ wobɛkɔ nnanu no nyinaa na ‘wode w’adwene asi nsɛm a wobɛte no so akyɛn sɛnea woyɛ daa no.’ (Heb. 2:1) Yɛ kyerɛwtohɔ ntiantiaa a wubetumi de adi dwuma wɔ w’asetra ne wo som adwuma mu. Sɛ wokotie honhom fam dwumadi a ɛma denhyɛ yi fi mfiase kosi awiei a, ɛbɛhyɛ wo nkuran ma woakɔ so ‘ahyehyɛ ademude wɔ ɔsoro’!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena