Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/07 kr. 1
  • “M’ani Nnye Ho”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “M’ani Nnye Ho”
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ So Bere Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Woyɛ W’ade Dɛn Wɔ Anibiannaso Ho?
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • So Wɔde Nnianim Asɛm A Ɛfata Di Dwuma?
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Wo Nsɛm a Wobɛdannan Mu So
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 1/07 kr. 1

“M’ani Nnye Ho”

1 Wɔ mmeae bi no, wɔtaa ka asɛm a ɛte saa kyerɛ yɛn wɔ asɛnka mu. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na sɛ nkurɔfo ankyerɛ asɛm no ho anigye a, yɛn abam ammu? Yɛbɛyɛ dɛn ama afoforo ani agye asɛmpa no ho?

2 Mma W’abam Mmu: Sɛ yɛkae nea enti a nnipa pii nkyerɛ asɛm no ho anigye a, ɛbɛboa yɛn ma yɛn abam remmu. Ebetumi aba sɛ nnipa a wosuaa adannandi ho ade anaa wɔtetee wɔn wɔ baabi a wonnye Onyankopɔn nni no rensusuw sɛnea Bible som bo no ho. Ebia na afoforo abam abu esiane nyaatwom a wohu sɛ ɛrekɔ so wɔ nyamesom mu no nti. Wɔ ebinom fam no, esiane sɛ wɔahaw na wonni anidaso biara nti na wɔn ani nnye asɛm no ho no. (Efe. 2:12) Asetram dadwen a ahyɛ afoforo so no ama ‘wonhu’ nea ɛreba.—Mat. 24:37-39.

3 Ɛmfa ho sɛ afoforo ntie asɛm a yɛka no, yebetumi anya anigye wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu, efisɛ yenim sɛ mmɔden a yɛrebɔ no hyɛ Yehowa anuonyam. (1 Pet. 4:11) Bio nso, nokware no ho asɛm a yɛka kyerɛ nnipa a wɔnkyerɛ asɛm no ho anigye mpo no hyɛ yɛn gyidi den. Momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yebenya adwene a Yehowa wɔ wɔ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ho bi. Nnipa a na wɔte Niniwe a na “wonnim nifa ne benkum” no asɛm yɛɛ Yehowa mmɔbɔ. (Yona 4:11) Nnipa a wɔte yɛn asasesin mu no hia asɛmpa no! Ne saa nti, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu, na mmom, ɛsɛ sɛ yɛpɛ akwan a yɛbɛfa so ama wɔakyerɛ Bible mu asɛm no ho anigye.

4 Munsusuw Nsɛm a Ɛhaw Mpɔtam Hɔfo no Ho: Wubetumi de asɛm bi a ɛhaw wo mpɔtam hɔfo afi wo nkɔmmɔbɔ no ase na woabisa ofiewura no adwene wɔ ho. Sɛ ɔrekasa a, yɛ aso tie no, na afei ka Bible mu asɛm a ɛma awerɛkyekye no kyerɛ no. Bere a asiane bi sii mpɔtam bi no, Ɔdansefo bi kɔɔ ofie biara mu kɔkyekyee wɔn werɛ. Ɔkae sɛ: “Wofii ase ne me kasae ntɛm ara. Esiane sɛ mekyerɛɛ wɔn ho anigye nti, saa da no, me ne nnipa pii bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye.”

5 Onyankopɔn Ahenni bedi adesamma haw biara ho dwuma. Bɔ mmɔden sɛ wubehu nea ɛhaw ofiewura no paa. Ebia ɔbɛma wo kwan ma woakyerɛkyerɛ Bible mu anidaso asɛm no mu akyerɛ no. Sɛ amma saa mpo a, ebia “bere foforo” no obetie wo.—Aso. 17:32.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena