Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/07 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase January 8
  • Dapɛn a Efi Ase January 15
  • Dapɛn a Efi Ase January 22
  • Dapɛn a Efi Ase January 29
  • Dapɛn a Efi Ase February 5
Yɛn Ahenni Som—2007
km 1/07 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase January 8

Dwom 108

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ No Blood—Medicine Meets the Challenge video no mfa nsiesie ne ho mma Ɔsom Nhyiam dwumadi a wɔbɛyɛ no January 22 dapɛn no mu no. Ka “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo” no ho asɛm. Sɛ wunim da a mobɛyɛ da koro nhyiam titiriw a edi hɔ no a, ka kyerɛ wɔn. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde January 1 Ɔwɛn-Aban anaa asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde January Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Ma wɔnkyerɛ sɛnea wobua obi a ɔka sɛ “Minni adagyew” de siw nkɔmmɔbɔ kwan no wɔ ɔyɛkyerɛ no mu.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no, kr. 11.

15 min: “Atuhoama Su De Nhyira Ba.”a Bisabisa onipa baako anaa nnipa baanu a wonim wɔn yiye sɛ wɔwɔ atuhoama su no nsɛm. Dɛn na wɔayɛ de akyerɛ sɛ wɔwɔ atuhoama su? Nsakrae bɛn na na ɛho hia sɛ wɔyɛ, na wɔyɛɛ dɛn yɛɛ nsakrae yi? Nhyira bɛn na wɔanya afi mu?

15 min: Ka Asɛmpa no Kyerɛ Obiara. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no kratafa 92 kosi asɛmti ketewaa a ɛwɔ kratafa 102 so.

Dwom 165 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 15

Dwom 3

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo” no ho asɛm, na sɛ wunim da a mobɛyɛ ɔmansin nhyiam a edi hɔ no a, ka kyerɛ wɔn.

15 min: Meyɛ Yehowa Dansefo! Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Esiane sɛ mmofra binom suro sɛ wɔn atipɛnfo bɛserew wɔn nti, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo. Nanso nneɛma pii wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ woma wohu onipa kõ a woyɛ. Ɛda adi sɛ akyerɛkyerɛfo a wonim nea wugye di no bɛte wo ase na wɔrenhyɛ wo sɛ fa wo ho hyɛ biribi a w’ani nnye ho mu. Ɛbɛyɛ den ama mmofra a wonni suban pa sɛ wɔbɛfrɛ wo ne wo akɔyɛ biribi a ɛmfata. Afoforo bɛte nea enti a womfa wo ho nhyɛ nneɛma bi te sɛ mmarima ne mmea ntam nantew anaa sukuu mu agodie ne sukuu akyi nneɛma foforo a wɔyɛ mu no ase yiye. Afei nso, worensuro pii sɛ wubedi adanse wɔ sukuu mu anaa wubehyia wo sukuuni bi bere a worekɔ asɛnka no. (g02-TW 4/8 kr. 16) Ma atiefo nka sɛnea wɔn ho adi a wɔdae sɛ Yehowa Adansefo wɔ sukuu mu no boaa wɔn. Wubetumi ne onipa baako anaa nnipa baanu adi kan asusuw nea wɔbɛka ho.

20 min: “M’ani Nnye Ho.”b Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 no ho a, bisa atiefo ma wɔnka nsɛm a nnipa a wɔwɔ mo asasesin mu no ani gye ho. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien mfa nkyerɛ sɛnea wobebua obi a ɔka sɛ “M’ani nnye ho” de siw nkɔmmɔbɔ kwan no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no, kr. 8.

Dwom 135 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 22

Dwom 137

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde January 15 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde January Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔreyɛ sankɔhwɛ wɔ obi a wɔma no nsɛmma nhoma daa hɔ wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu.

15 min: “Woasiesie Wo Ho Ama Asiane?”c Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin di ho dwuma. Fa November 2005 Yɛn Ahenni Som mu nsɛm a ɛwɔ kratafa 3 no ka ho.

20 min: “Dɛn ne Aduruyɛ a Edi Mũ Paa?” Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin di ho dwuma. Momfa nsɛmmisa a wɔde ama no nsusuw No Blood video no ho. Kenkan nkyekyɛm a etwa to no fa wie, na hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔntɔ wɔn bo ase nkenkan Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a wɔatwe adwene asi so no.

Dwom 188 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 29

Dwom 55

7 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa January asɛnka akontaabu mmra. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma wɔ February mu.

12 min: Sɛ Woka sɛ Wobɛsan Akɔ a, Di Wo Bɔhyɛ So. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina September 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 11 so. Ma atiefo nka osuahu ahorow a ɛkyerɛ nhyira a wɔanya afi wɔn bɔhyɛ a wodii so no mu nkyerɛ.

26 min: “Momma Onyankopɔn Asomdwoe Ntra Mo Abusua Mu.”d Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔwɔ kasa mu ahotoso di ho dwuma. Kenkan nkyekyɛm ahorow no bi na kyerɛ sɛnea wɔde Kyerɛwnsɛm atitiriw a ɛwom no bedi dwuma sɛnea bere bɛma kwan.

Dwom 37 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 5

Dwom 93

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw Asɛmmisa Afã no ho.

17 min: Asafo mu Ahiade. Asafo ahorow a wonnya nyɛɛ ɔmantam nhyiam dwumadi no ntĩmu no betumi de saa fã yi atĩ mu sɛnea yɛkae wɔ November 2006 Yɛn Ahenni Som, kratafa 2 mu no.

18 min: “Ɔdɔ—Su a Ɛma Asɛnka Adwuma no Sow Aba.”e Fa February 1, 2003 Ɔwɛn-Aban, kratafa 23, nkyekyɛm 16-17 no mu asɛm ka ho.

Dwom 83 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena