Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/09 kr. 3
  • Monhwehwɛ Wɔn a Wɔfata

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monhwehwɛ Wɔn a Wɔfata
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwan a Yɛfa So Ka Asɛmpa No
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Wowɔ W’ankasa Asasesin?
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Wie Wo Som Koraa
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • So Wubenya Asasesin a Wɔde Ama Wo no So Mfaso?
    Yɛn Ahenni Som—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 9/09 kr. 3

Monhwehwɛ Wɔn a Wɔfata

1. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛanya de yɛ asɛnka adwuma no?

1 Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma no, ɔbɔɔ mmɔden pii kaa asɛmpa a ɛma awerɛkyekye no kyerɛɛ ahobrɛasefo. (Yes. 61:1, 2) Sɛ́ ahemmɔfo a yegyina Kristo ananmu no, ɛnnɛ yɛanya hokwan soronko sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara a yɛrempa abaw de ahwehwɛ wɔn a wɔfata wɔ yɛn asasesin mu de asuasua Yesu.—Mat. 10:11; 2 Kor. 5:20.

2. Ɔkwan bɛn so na Paulo yɛɛ fakaa, na dɛn na efii mu bae?

2 Yɛ Fakaa: Ná ɛyɛ ɔsomafo Paulo su sɛ obedi kan akɔ hyiadan mu akɔka asɛm no akyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo no. (Aso. 14:1) Bere a na Paulo ne Silas wɔ Filipi no, wɔkɔhwehwɛɛ nkurɔfo wɔ baabi a na ‘wosusuw sɛ wɔbɔ mpae’ wɔ hɔ. Wofii ase dii mmea bi a na wɔahyiam wɔ hɔ no adanse. Ntɛm ara na wɔn mu biako a wɔfrɛ no Lidia gyee nokware no.—Aso. 16:12-15.

3. Wɔ afie afie asɛnka adwuma a yɛyɛ akyi no, asɛnka adwuma no afã bɛn na yebetumi anya hokwan ayɛ?

3 Wɔ afie afie asɛnka adwuma a woyɛ wɔ w’asasesin mu akyi no, so wubetumi aka asɛm no akyerɛ nnipa a wuhyia wɔn wɔ hyɛn gyinabea, ahomegyebea, faako a wɔpɛ adwuma, akwan a nkurɔfo taa fa so, nnwuma ahorow mu, ne sotɔɔ akɛse a ɛwɔ w’asasesin no mu nso? Ebia wubetumi afa krataakyerɛw anaa telefon so adi nkurɔfo a wɔtete adan a wɔabɔ ho ban mu no adanse. Sɛ woma w’ani da hɔ na woyɛ fakaa a, wubetumi ahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ tebea horow a ɛwɔ w’asasesin mu no ho, na ama woatumi ayɛ “pii wɔ Awurade adwuma no mu.”—1 Kor. 15:58.

4. Sɛ yɛn asafo no asasesin sua a, dɛn na yebetumi ayɛ?

4 Adawurubɔfo pii atu kɔ asafo foforo a ɛwɔ wɔn man anaa ɔman foforo so mu, na ama wɔanya hokwan atrɛw wɔn som adwuma no mu. Afoforo nso asua ɔman foforo so kasa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka asɛm no akyerɛ nnipa a wofi aman foforo so no.

5. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ mmere a yɛte mu yi ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

5 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma ɛtena yɛn adwenem sɛ “afuw no ne wiase” no. (Mat. 9:37; 13:38) Esiane sɛ wiase bɔne yi awiei abɛn nti, ɛsɛ sɛ obiara susuw ne nsɛm tebea, ne dom akyɛde, ne hokwan ahorow a ebetumi ama wayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu no ho anibere so. Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ yɛde Ahenni nneɛma di kan a, obehyira mmɔden a yefi yɛn komam bɔ de trɛw yɛn som adwuma mu no so.—Mat. 6:33.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena