Fa Yɛ Wo Botae sɛ Wobɛyɛ Bible Adesua
1. Yesu ahyɛde a ɛwɔ Mateo 28:19, 20 a yebedi so no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?
1 Yesu maa yɛn ahyɛde sɛ ‘yɛnyɛ asuafo na yɛnkyerɛkyerɛ wɔn.’ (Mat. 28:19, 20) Enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛka Bible adesua ho asɛm bere nyinaa, na ɛnyɛ dapɛn biako a wɔayi asi hɔ sɛ yɛmfa nka Bible adesua ho asɛm no nkutoo. Nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa yɛn.
2. Henanom na yebetumi aka Bible adesua ho asɛm akyerɛ wɔn?
2 Ka Ho Asɛm: Mpɛn dodow a yɛka Bible adesua ho asɛm no, dodow no ara na hokwan bebue ama yɛanya bi. (Ɔsɛnk. 11:6) So woaka Bible adesua ho asɛm tee akyerɛ obi pɛn? Asafo bi a ɛwɔ United States bɔɔ mmɔden sɛ wɔde ɔsram biako bɛyɛ saa. Hwɛ sɛnea wɔn ani gyei bere a wotumi fii Bible adesua 42 ase no! Nnya adwene sɛ anigyefo a wokɔ wɔn hɔ no nim sɛ wopɛ sɛ wo ne wɔn yɛ Bible adesua. Bere foforo a wobɛkɔ no, dɛn nti na wonka Bible adesua ho asɛm nkyerɛ wɔn? Sɛ wɔampene so a, mma ɛnhaw wo. Wubetumi akɔ so akanyan wɔn anigye. So woaka akyerɛ w’afipamfo, w’abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo ne sukuufo sɛ wopɛ sɛ wo ne wɔn yɛ Bible adesua? Wubetumi abisa wo Bible asuafo nso sɛ ebia wɔwɔ nnamfo anaa abusuafo a wɔn ani begye ho sɛ wo ne wɔn bɛyɛ Bible adesua anaa.
3. Adwinnade bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛafi Bible adesua ase, na bere bɛn na yebetumi de ama?
3 Adwinnade a Ebetumi Aboa: Adwinnade titiriw a yebetumi de afi Bible adesua ase ne kratawa a wɔato din So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? Sɛ afiewuranom gye nhoma bi anaasɛ wɔannye nhoma biara mpo a, wubetumi de kratawa yi ama wɔn. Wubetumi de ama bere a woredi adanse wɔ asasesin a nnwuma wom mu ne mmɔnten so, bere a worekyerɛw krataa, ne bere a woreyɛ sankɔhwɛ. Wubetumi agyaw bi wɔ fie a woanto obiara wɔ mu no mu. Dɛn nti na womfa bi nhyɛ wo ho bere a worekɔfa kar, worekodi gua anaa bere a wowɔ adwumam? Wɔaka Bible adesua nhyehyɛe ho asɛm tiawa wɔ kratawa no akyi, na ɛtwe adwene si Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no so.
4. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so de So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no afi adesua ase?
4 Bere a wode kratawa no ama onii no awie no, wubetumi atwe n’adwene asi nsɛmmisa a ɛwɔ kratawa no anim no so na woabisa sɛ, “Nsɛmmisa yi mu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho paa?” Afei wo ne no nsusuw mmuae a kratawa no de ma no ho, na kenkan anaa kyerɛkyerɛ Bible adesua ho nhyehyɛe a ɛwɔ kratawa no akyi no mu kyerɛ no. Ɛno akyi no wubetumi akyerɛ no baabi a obenya asɛm no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu, fa nhoma no ma no, na wo ne no nyɛ nhyehyɛe a wode bɛkɔ hɔ bio ne no akɔtoa so.
5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua?
5 Nnipa pii wɔ yɛn asasesin mu a wɔpɛ sɛ wohu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa. Sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua a, yebenya hokwan pii aboa afoforo ma wɔafa nkwa kwan no so na ama yɛn ani agye.—Mat. 7:13, 14.