Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 50 kr. 258-kr. 262 nky. 4
  • Mmɔden a Wɔbɔ Du Komam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmɔden a Wɔbɔ Du Komam
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɔ Mmɔden Ma Asɛm No Nka W’atiefo Koma
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nea Ɛbɛma Yɛn Nkyerɛkyerɛ Apusu Nkurɔfo
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Kɔ So Tu Mpɔn Sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nkrasɛm a Ɛsɛ sɛ Yɛka
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 50 kr. 258-kr. 262 nky. 4

ADESUA 50

Mmɔden a Wɔbɔ Du Komam

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Susuw sɛnea nkurɔfo te nka wɔ nsɛm a moresusuw ho no ho. Boa wɔn ma wonnya nkate ne nkuranhyɛ a ɛbɛma wɔabɛn Nyankopɔn na wɔabɛyɛ ne nnamfo.

Dɛn nti na ɛho hia?

Ɛsɛ sɛ nkurɔfo de Onyankopɔn Asɛm dua wɔn komam denneennen na ama wɔasɔ Yehowa ani.

SƐ WUDI nkurɔfo adanse a, ehia sɛ wobɔ mmɔden du wɔn komam nso. Wɔ Bible no mu no, wɔtaa de koma no bɔ sɛnea wohu sɛ obi te ankasa no abira. Sɛnkyerɛnne kwan so koma no gyina hɔ ma sɛnea obi te ankasa—sɛnea ɔte nka, nea odwen ho nyinaa, nea enti a odwen saa, ne sɛnea saa nsusuwii no nya ne nneyɛe so nkɛntɛnso. Sɛnkyerɛnne kwan so koma yi mu na wogu nokware aba no. (Mat. 13:19) Na koma no mu na ɛsɛ sɛ wofi yɛ osetie ma Nyankopɔn.—Mmeb. 3:1; Rom. 6:17.

Sɛnea ɛbɛyɛ na wo nkyerɛkyerɛ atumi ahyɛn koma no mu no, fa w’adwene si botae horow yi so: (1) Hu nea anya wo tiefo no koma so nkɛntɛnso dedaw no. (2) Hyɛ su ahorow a ɛhyɛ nkuran, te sɛ ɔdɔ ne Nyankopɔn suro mu den. (3) Hyɛ wo tiefo no nkuran ma onsusuw ne nkate ho na ama watumi asɔ Yehowa ani yiye.

Nhumu a Wode Bedi Dwuma. Nea enti a nkurɔfo ntumi nnyee nokware no gu ahorow. Sɛ woreyɛ ofie Bible adesua a, ebehia sɛ woma nokwasɛm ahorow da adi na wode yi adwemmɔne biara a ɛwɔ osuani no adwene mu no fi hɔ, anaasɛ ebehia sɛ wode adanse a ɛkyerɛ sɛ nea woka no yɛ nokware ma. Bisa wo ho sɛ: ‘So nipa yi nim sɛ sɛ́ onipa no, ɔwɔ honhom fam ahiade ahorow? Nneɛma bɛn na ogye di dedaw? Dɛn na onnye nni? Dɛn nti na osusuw saa? So ohia mmoa na ama watumi adi nneɛma a ebetumi asiw no kwan a ɛmma onnye asɛyɛde a ɛbata nokware no a obehu ho ntom so?’

Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu nea enti a nkurɔfo gye nneɛma bi di no. Mmebusɛm 20:5 ka sɛ: “Ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ, nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw.” Nhumu ne ade a etumi boa ma wuhu biribi a ɛyɛ den sɛ wobehu mu no mu. Eyi hwehwɛ sɛ wobɛhyɛ nneɛma nsow yiye na woasusuw nneɛma ho.

Ɛnyɛ nsɛm nyinaa na wɔde ano ka. Asɛm bi betumi ama osuani no anim yɛbea anaa ne nne asesa. Sɛ woyɛ ɔwofo a, akyinnye biara nni ho sɛ nsakrae bi a wubehu wɔ wo ba nneyɛe mu no betumi akyerɛ sɛ biribi foforo a ɛrenya n’asetra so nkɛntɛnso na ɛma ɔyɛ saa. Mmu w’ani ngu sɛnkyerɛnne ahorow yi so. Ɛkyerɛ nea ɛwɔ ne komam.

Nsɛmmisa a ɛfata a wobɛpaw no betumi aboa ma woahu nea ɛwɔ obi komam. Wubetumi abisa sɛ: “Wote nka dɛn wɔ . . . ?” “Dɛn na ɛma wugye di sɛ . . . ?” “Wobɛyɛ w’ade dɛn sɛ . . . ?” Nanso, hwɛ yiye na woamfa nsɛmmisa pii ampuapua nkurɔfo. Wubetumi afa anifere kwan so afi wo nsɛmmisa ase sɛ, “So metumi abisa sɛ . . . ?” Nea ɛwɔ obi komam a wubehu no yɛ ade a ne yɛ yɛ den a ɛno nti enhia sɛ wopere wo ho wɔ ho. Mpɛn pii no ebehia sɛ nipa no nya wo mu ahotoso kyɛ ansa na watumi ada nea ɛwɔ ne komam adi akyerɛ wo. Ɛno mpo no, ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na onipa no ante nka sɛ wopɛ sɛ wuhu ne kokoam nsɛm a ɛmfa wo ho.—1 Pet. 4:15.

Sɛnea woyɛ w’ade wɔ nsɛm a wote ho no nso gye nhumu. Kae sɛ wo botae ne sɛ wobɛte nkurɔfo ase sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahu Bible mu asɛm a ebetumi akanyan wɔn. Sɛ wote nka sɛ ɛsɛ sɛ woda wɔn nsusuwii bi a ɛnteɛ adi a, ka hyɛ ntɛm ara. Mmom no, ma w’ani nna hɔ sɛ wubehu sɛnea wɔte nka wɔ nsɛm a woka no ho. Ɛno ansa na wubehu nea ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ ho; na bere a wo suani no te nka sɛ wote n’ase no, ɛbɛma wadwen nea woka no ho yiye.—Mmeb. 16:23.

Wubetumi akanyan ankorankoro ɔkwan bi so ɛmfa ho sɛ ebia worekasa akyerɛ nnipadɔm no. Sɛ wutumi hwɛ atiefo anim yiye, hwɛ wɔn anim yɛbea, na wubisa nsɛm a ɛkanyan adwene a, ɛda adi sɛ wubetumi ahu sɛnea w’atiefo no te nka wɔ nea woreka no ho. Sɛ wunim w’atiefo yiye a, ma wonhu sɛ wote wɔn tebea ahorow no ase. Bere a wo ne asafo no resusuw Nyankopɔn Asɛm ho no, susuw wɔn nneyɛe ho.—Gal. 6:18.

Nkate Pa a Wobɛkanyan. Bere a woate nea obi gye di, nea onnye nni, ne nea enti a ɛte saa ase no, wubetumi agyina ɛno so aboa no. Wɔ Yesu wusɔre akyi no, oduu n’asuafo no komam denam ‘kyerɛw nsɛm no mu a obue’ de kyerɛɛ wɔn nsɛm bi a esii nkyɛe no so. (Luka 24:32) Ɛsɛ sɛ wo nso wobɔ mmɔden sɛ wobɛma abusuabɔ ada nea onipa no ahu pɛn, nea ɔpɛ sɛ ohu, ne nea ɔrehu wɔ Nyankopɔn Asɛm mu no ntam. Sɛ osuani no hu pefee sɛ: “Eyi ne NOKWARE NO!” a, eyi bɛka ne koma ɔkwan pa so.

Sɛ wusi Yehowa papayɛ, ne dɔ, ne dom, ne n’akwan a ɛteɛ so dua a, na woreboa wɔn a worekyerɛkyerɛ wɔn no ma wɔanya ɔdɔ ama Nyankopɔn. Sɛ wugye bere de kyerɛ w’atiefo no su pa ahorow a Nyankopɔn hu wɔ wɔn ho sɛ ankorankoro no a, woma wohu sɛ wobetumi ne no anya abusuabɔ. Wubetumi ayɛ eyi denam kyerɛw nsɛm te sɛ Dwom 139:1-3, Luka 21:1-4, ne Yohane 6:44 a mubesusuw ho so, na woaboa w’atiefo ma wɔahu ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma ne nokware asomfo no. (Rom. 8:38, 39) Kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnyɛ yɛn mfomso nko na Yehowa hu na mmom ohu yɛn asetra kwan nyinaa, nsi a yɛyɛ wɔ ɔsom kronn ho, ne ɔdɔ a yɛwɔ ma ne din no nso. (2 Be. 19:2, 3; Heb. 6:10) Sɛ ankorankoro no ɔkae yɛn ho nsɛm nyinaa, na wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so no, ɔbɛsan de ‘wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa’ aba nkwa mu. (Yoh. 5:28, 29; Luka 12:6, 7) Esiane sɛ wɔbɔɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so nti, mpɛn pii no, ne su ahorow a yebesusuw ho no taa kanyan yɛn nkate.—Gen. 1:27.

Sɛ nnipa no sua sɛ wobesusuw afoforo ho sɛnea Yehowa yɛ no a, ebetumi akanyan wɔn koma. Ntease wom sɛ sɛ yɛn Nyankopɔn kyerɛ anisɔ ma yɛn sɛ ankorankoro a, ɛnde na ɔkyerɛ afoforo nso ho anisɔ a ɛte saa ara, ɛmfa ho baabi a wɔte, ɔman a wofi mu anaa abusua a wofi mu. (Aso. 10:34, 35) Bere a obi anya ntease a ɛte saa awie no, obenya Kyerɛwnsɛm mu nnyinaso a ɛbɛma wayi ɔtan ne adwemmɔne afi ne komam. Eyi bɛboa no ma ɔne afoforo adi no asomdwoe mu bere a ɔresua sɛ ɔbɛyɛ Nyankopɔn apɛde no.

Onyankopɔn suro nso yɛ nkate foforo a ehia sɛ woboa afoforo ma wonya. (Dw. 111:10; Adi. 14:6, 7) Obu a ɛte saa a emu dɔ, anaa Onyankopɔn suro, betumi akanyan obi ma watumi ayɛ biribi a anka ontumi mfi n’ankasa ahoɔden mu nyɛ no. Sɛ wususuw Yehowa nnwuma a ɛyɛ nwonwa ne n’adɔe a ɛso nni no ho a, wubetumi aboa afoforo ma wɔasuro sɛ wɔbɛyɛ nea ɔmpɛ.—Dw. 66:5; Yer. 32:40.

Hwɛ hu sɛ w’atiefo no bɛte ase sɛ sɛnea wɔbɔ wɔn bra no hia Yehowa. Ɔwɔ nkate, ma enti sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ n’akwankyerɛ ho no betumi ahyɛ no awerɛhow anaasɛ ama n’ani agye. (Dw. 78:40-42) Kyerɛ afoforo nea enti a wɔn ankasa abrabɔ betumi abua ahohora a Satan bɔ Nyankopɔn no.—Mmeb. 27:11.

Boa w’atiefo ma wonhu sɛ Onyankopɔn ahwehwɛde a wobedu ho no so wɔ mfaso ma wɔn. (Yes. 48:17) Ɔkwan biako a wubetumi afa so ayɛ eyi ne sɛ wobɛkyerɛ ɔhaw a sɛ wɔpo Nyankopɔn nyansa a ebetumi ato wɔn wɔ honam fam ne nkate fam no, ɛmfa ho sɛ wɔyɛ wɔ bere tiaa bi mu no. Kyerɛ sɛnea bɔne ma yɛne Nyankopɔn ntam kwan ware, ɛma afoforo hwere hokwan a wɔwɔ sɛ wosua nokware no fi yɛn hɔ, na mmom wɔtoto hokwan a wɔwɔ no ase no. (1 Tes. 4:6) Boa w’atiefo no ma wɔnkyerɛ nhyira a wɔanya dedaw esiane Onyankopɔn mmara a wodi so nti no. Hyɛ anisɔ a wɔwɔ wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa trenee akwan a yɛfa so no ma asiane ahorow pa yɛn ti so no mu den. Sɛ obi nya Onyankopɔn akwan mu gyidi wie a, ɛpam no fi biribiara a ɛsɔre tia no no ho. (Dw. 119:104) Obebu osetieyɛ sɛ ɛnyɛ adesoa, na mmom sɛ ɔkwan a ɔbɛfa so afi ɔdɔ mu ada ahofama a ɔwɔ ma Yehowa sɛ obi ankasa no adi.

Afoforo a Wobɛboa Wɔn Ma Wɔayɛ Nhwehwɛmu. Nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo akɔ so anyin wɔ honhom fam no, wohia sɛ wɔma wɔn ani kũ wɔn komam tebea ho. Kyerɛkyerɛ sɛnea Bible no betumi aboa wɔn ma wɔayɛ eyi mu.

Boa w’atiefo ma wonhu sɛ ɛnyɛ mmara nsɛm, afotusɛm, abakɔsɛm a asisi, ne nkɔmhyɛ ahorow nko na wɔakyerɛw wɔ Bible no mu. Ɛsan da Onyankopɔn nsusuwii adi. Wɔ Yakobo 1:22-25 no, wɔde Nyankopɔn Asɛm toto ahwehwɛ ho. Yɛnam sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ nea Bible no ka ho ne ɔkwan a Yehowa fa so da n’atirimpɔw adi so hu nea ɛwɔ yɛn komam. Enti ɛda sɛnea Nyankopɔn, nea “ɔsɔ koma hwɛ” no hu yɛn no adi. (Mmeb. 17:3) Hyɛ w’atiefo no nkuran ma wɔmma eyi ntra wɔn adwenem. Ma wonsusuw nea Nyankopɔn akora so ama yɛn wɔ Bible kyerɛwtohɔ no mu ne nsakrae a ebehia sɛ wɔyɛ wɔ wɔn asetram sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ n’ani yiye no ho. Boa wɔn ma wommu Bible akenkan sɛ nea wɔnam so behu sɛnea Yehowa ‘susuw koma ne adwene mu nsusuwii’ ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne Nyankopɔn bɛyɛ adwene wɔ nsakrae biara a ehia sɛ wɔyɛ ho.—Heb. 4:12; Rom. 15:4.

Ebia na Bible asuafo binom pɛ sɛ wɔyɛ nea wɔresua no ho biribi; nanso nea afoforo bedwen wɔ ho no haw wɔn. Ebia na wɔne honam akɔnnɔ bi redi apere. Anaasɛ ebia na wɔresusuw ɔkwan a wɔbɛfa so asom Onyankopɔn na bere koro no ara wɔabata wiase nneyɛe ho ho. Ma wonhu asiane a ɛwɔ adwene nta a ɛte saa no mu. (1 Ahe. 18:21) Hyɛ wɔn nkuran ma wɔmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔnhwehwɛ wɔn mu na ɔntew wɔn koma ho.—Dw. 26:2; 139:23, 24.

Kyerɛ wɔn sɛ Yehowa te wɔn apereperedi no ase na Bible no kyerɛkyerɛ nea ɛrekɔ so no mu. (Rom. 7:22, 23) Boa wɔn ma wɔnyɛ ahwɛyiye sɛnea ɛbɛyɛ a koma a ɛnyɛ pɛ na ɛtɔ kɔ bɔne so renni wɔn so.—Mmeb. 3:5, 6; 28:26; Yer. 17:9, 10.

Hyɛ wɔn mu biara nkuran ma onsusuw nea enti a ɔyɛ nneɛma bi no ho. Kyerɛkyerɛ no ma ommisa ne ho sɛ: ‘Dɛn nti na mepɛ sɛ meyɛ eyi? So ɛbɛma Yehowa ahu sɛ m’ani sɔ nea wayɛ ama me nyinaa no ampa?’ Bɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ ahotoso a ɛne sɛ nkitahodi pa a wɔne Yehowa benya no ne agyapade a ɛsen biara a obi betumi anya no mu den.

Boa w’atiefo no ma wonhu sɛnea Yehowa a wobefi wɔn “koma nyinaa mu” asom no no ho hia. (Luka 10:37) Eyi kyerɛ sɛ wɔn nkate, akɔnnɔ, ne wɔn nsusuwii nyinaa ne Yehowa akwan hyia. Enti kyerɛkyerɛ w’atiefo no ma wonsusuw sɛnea wɔte nka wɔ Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow ho ne afei nea wɔyɛ ne adwene a wɔwɔ wɔ som a wɔsom no no ho. (Dw. 37:4) Bere a w’asuafo no hu mmeae a ehia sɛ wɔyɛ nsakrae no, hyɛ wɔn nkuran ma wɔmmɔ Yehowa mpae sɛ: “Ka me koma bom ma ensuro wo din.”—Dw. 86:11.

Sɛ osuani no ne Yehowa nya abusuabɔ a, ɔnam gyidi so betie Nyankopɔn a ɛnyɛ nea wohyɛ no sɛ ɔnyɛ kɛkɛ nti. Afei n’ankasa bɛkɔ so ‘asɔ nea ɛsɔ Awurade ani yiye no ahwɛ.’ (Efe. 5:10; Fil. 2:12) Osetie a efi komam saa no sɔ Yehowa ani.—Mmeb. 23:15.

Ma ɛntra w’adwenem sɛ Yehowa na ɔhwehwɛ komam na ɔtwe nkurɔfo ma wɔne no nya abusuabɔ. (Mmeb. 21:2; Yoh. 6:44) Yɛn fam de a yɛbɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛboa. (1 Kor. 3:9) Ɛte sɛ nea ‘Onyankopɔn nam yɛn so tu fo.’ (2 Kor. 5:20; Aso. 16:14) Yehowa nhyɛ obiara sɛ onnye nokware no, na mmom bere a yɛde Kyerɛwnsɛm no di dwuma no, obetumi ama yɛn atiefo no ahu sɛ nea wɔretie no ne wɔn nsɛmmisa—anaa wɔn mpaebɔ no ho mmuae. Ma saa nokwasɛm yi ntra w’adwenem bere biara a wubenya hokwan akyerɛkyerɛ afoforo no, na srɛ Yehowa hɔ akwankyerɛ ne mmoa anibere so.—1 Be. 29:18, 19; Efe. 1:16-18.

SƐNEA WUBETU MPƆN

  • Da nokware dɔ adi.

  • Hu nea anya w’atiefo koma so nkɛntɛnso no.

  • Si Yehowa su horow a ɛyɛ anigye no so dua.

  • Boa atiefo ma wɔnte sɛnea wɔbɛhwehwɛ wɔn nsusuwii ahorow mu na wɔateɛ wɔn botae ase.

DWUMADI AHOROW: (1) Kenkan Mateo 6:21, na susuw sɛnea saa kyerɛw nsɛm yi ka w’asetra ho. Kenkan nkyekyem 19 ne 20 no nso, na susuw nsakrae a wo koma ka wo sɛ yɛ no ho. (2) Susuw nea ɛkaa wo ma wosom Yehowa no ho. Dɛn na ɛka wo seesei? Nneɛma a ɛbɛma woasɔ Yehowa ani bɛn na wopɛ sɛ wohyɛ mu den?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena