Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/14 kr. 4
  • Nsato Titiriw Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsato Titiriw Bi
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • To Nsa Frɛ Wɔn
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Ɔsatu a Yɛde Bɛbɔ Nkaedi no Ho Dawuru Befi Ase March 1
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Ɔsatu a Yɛbɛyɛ De Ato Nsa Afrɛ Afoforo Aba Ɔmantam Nhyiam
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Yebefi Ase Akyekyɛ Nkaedi Nsato Krataa no March 22
    Yɛn Ahenni Som—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 4/14 kr. 4

Nsato Titiriw Bi

1. Bere bɛn na yebefi ase akyekyɛ afe 2014 nhyiam nsato krataa no?

1 Fa no sɛ wopɛ sɛ wobɔ ka gye bere noa aduan bi a ɛyɛ dɛ ma wo nnamfo anaa w’abusuafo. Sɛ woreto nsa afrɛ wɔn a, wobɛyɛ no sɛn? Ɛda adi sɛ wode anigye ne ahokeka na ɛbɛka ho asɛm akyerɛ wɔn. Saa ara na afe 2014 ɔmantam ne amanaman ntam nhyiam a yɛbɛkɔ no te. Wɔde bere pii ayɛ adwumaden asiesie honhom fam aduan a wɔde bɛma yɛn wɔ hɔ no. Yebenya hokwan ato nsa afrɛ afoforo ma wɔaba bi. Enti sɛ ɛka nnawɔtwe mmiɛnsa ama yɛakɔ nhyiam no a, yebefi ase ato nsa afrɛ nkurɔfo. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde ahokeka akyekyɛ nsato krataa no?

2. Dɛn na ɛbɛma yɛayere yɛn ho akyekyɛ nhyiam nsato krataa no?

2 Sɛ yɛkɔ nhyiam a, Yehowa to yɛn pon ma yenya honhom fam nnuan pii di mee. Sɛ yedwinnwen saa nneɛma pa a yenya wɔ amantam nhyiam ase no ho a, ɛbɛka yɛn ama yɛayere yɛn ho akyekyɛ nsato krataa no. (Yes. 65:13, 14) Momma yɛnkae sɛ nhyiam nsato krataa a yɛkyekyɛ no afe biara no tumi sow aba pa. Nnipa a yɛbɛto nsa afrɛ wɔn no bi bɛba nhyiam no. Sɛ wɔn a wɔbɛba no nnɔɔso mpo a, nsato krataa no a yɛbɛkyekyɛ no bɛhyɛ Yehowa anuonyam na ɛbɛma obiara ahu sɛ ɔyɛ ɔyamyefo.—Dw. 145:3, 7; Adi. 22:17.

3. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so akyekyɛ nsato krataa no?

3 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw biara hwɛ akwan a wɔn asafo no betumi afa so akyekyɛ nsato krataa no pii. Wobetumi nso ahwɛ sɛ ɛho hia sɛ yɛde nsato krataa no bi hyɛ baabi ma wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie no anaa. Afei nso, sɛ ɛho hia sɛ wɔkyekyɛ bi wɔ mmɔnten so a, wɔbɛhwɛ ama wɔayɛ no saa. Edu Memeneda ne Kwasida na morekyekyɛ nsato krataa no a, baabi a ɛbɛyɛ yiye no momfa nsɛmma nhoma nka ho mma. Yenim sɛ Memeneda a edi kan wɔ bosome biara mu no, yɛkɔhwehwɛ Bible adesua foforo. Nanso, nnawɔtwe mmiɛnsa a mode bɛkyekyɛ nsato krataa no de, sɛ Memeneda a edi kan ka ho mpo a, momfa mo adwene nsi nsato krataa no kyekyɛ so. Sɛ nnawɔtwe mmiɛnsa no so a, hwɛ sɛnea yɛn ani begye sɛ yɛde ahokeka too nsa frɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra Yehowa apontow kɛse no ase!

Dɛn na Wobɛka?

Sɛ wukyia onipa no wie a, wubetumi aka sɛ: “Yɛreyɛ nhyiam titiriw bi wɔ wiase nyinaa, na yɛde saa krataa yi reto nsa afrɛ nkurɔfo ama wɔaba bi. Bere ne baabi a yɛbɛyɛ yɛn de no wɔ krataa yi so.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena