Nsɛm a Yɛbɔ Tie
1. Sɛ yɛde nneɛma a yɛtumi kenkan to nkyɛn a, ɛdeɛn bio na ɛwɔ yɛn wɛbsaet a ɛbɛtumi aboa yɛn?
1 Nnipa pii kɔ jw.org kɔkenkan nsɛm a ɛyɛ nokware na ɛyɛ dɛ. (Ɔsɛnk. 12:10) Nsɛm a yɛbɔ tie no nso ɛ? Woatie bi pɛn? Wonim, yɛwɔ nneɛma bebree wɔ wɛbsaet hɔ a wobɛtumi abɔ atie. Wobɛyɛ dɛn anya nsɛm a ɛte saa so mfaso?
2. Yɛne yɛn mmusua bɛyɛ dɛn anya nsɛm a yɛbɔ tie so mfaso?
2 Yɛbɛtumi Abɔ Atie Anaa Yɛde Ayɛ Abusua Som: Sɛ yɛretu kwan anaa yɛreyɛ nneɛma foforo a, yɛbɛtumi abɔ Bible ne nwoma ahorow atie. Wei bɛma yɛde yɛn bere ayɛ adwuma yie. (Efe. 5:15, 16) Yɛreyɛ abusua som a, yɛbɛtumi abɔ nneɛma a ɛwɔ wɛbsaet hɔ no bi na yɛafa yɛn nwoma no adi akyi. Afei sɛ yɛpɛ sɛ yɛn akenkan mu da hɔ anaa yɛsua kasa bi a, yɛbɛtumi abɔ bi atie.
3. Hwannom na wɔwɔ yɛn asasesin mu a yɛbɛtumi de nsɛm a yɛbɔ tie aboa wɔn?
3 Asɛnka Mu: Nnipa a yɛkɔ wɔn nkyɛn no bebree nni adagye a wɔde kenkan adeɛ. Nanso sɛ woma wɔn biribi a wɔbɛtumi abɔ atie a, ebia wɔn ani bɛgye ho. Ɛtɔ da nso a, yɛhyia nkurɔfo a wɔnte yɛn kasa, nanso sɛ yɛnya biribi a wɔbɛtumi atie wɔ “kasa a wɔde woo” wɔn mu a, wɔbɛyɛ aso ama Ahenni ho asɛmpa a yɛreka no. (Aso. 2:6-8) Mmeae bebree wɔ hɔ a, ɔkwan titiriw a nkurɔfo fa so sua adeɛ ne sɛ wɔbɛtie. Yɛmfa Hmongfo nyɛ nhwɛso. Wɔtaa ka tete nsɛm kyerɛ nkyirimma, nanso anikasɛm ne sɛ wɔn werɛ mfi. Woba Afrika a, nnipa bebree ani gye ho sɛ wɔbɛtie mpaninsɛm.
4. Bere a yɛpɛ sɛ yɛboa nkurɔfo wɔ yɛn asasesin mu no, nsɛm bɛn na yɛbɛtumi abisa yɛn ho?
4 Wohwɛ w’asasesin mu a, obi wɔ hɔ a wobɛtumi abɔ wɛbsaet hɔ nsɛm no bi akyerɛ no wɔ ne kasa mu anaa? Obi wɔ hɔ a yɛbɛtumi atwe nwoma bi amane no ama wɔabɔ atie? Yɛbɛtumi atwe nwoma bi mu nsɛm agu CD so de aka nwoma no ankasa ho ama obi abɔ atie? Sɛ yɛtwe nwoma, nwomawa, kratawa, anaa nsɛmma nwoma ma obi a, yɛbɛtumi abu ho akontaa. Nanso sɛ yɛtwe ne fa bi kɛkɛ a, ɛnneɛ yɛrentumi mmu ho akontaa. Wɔahyɛ da akenkan nneɛma yi agu jw.org sɛ yɛmfa nsua adeɛ na yɛmfa nnua Ahenni aba no.—1 Kor. 3:6.