TI 9
Akwan a Yɛfa So Ka Asɛmpa No
YESU amfa asɛnka adwuma no anni agorɔ koraa, na watwa sa pa ato hɔ ama n’akyidifo nyinaa. Wantwɛn sɛ nkurɔfo mmra ne nkyɛn, na mmom ɔno ara sii mu kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo wɔ afie mu ne mmɔnten so, na ogyee bere kyerɛkyerɛɛ wɔn. (Mat. 9:35; 13:36; Luka 8:1) Sɛ onipa baako na Yesu benya no a, onnyaa no mma ɔnkɔ; ɔne no kasa. Sɛ n’asuafo nso na ɔne wɔn wɔ hɔ a, na ogye bere kyerɛkyerɛ wɔn. Ɛtɔ da a, na ɔkasa kyerɛ nnipadɔm pii anaa nnipa mpempem mpo. (Mar. 4:10-13; 6:35-44; Yoh. 3:2-21) Bere biara a obenya kwan sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ahyɛ wɔn nkuran ama wɔanya anidaso no, na ɔyɛ saa. (Luka 4:16-19) Bere a wabrɛ na ɔpɛ sɛ ogye n’ahome mpo no, sɛ ɔkwan bue sɛ odi nkurɔfo adanse a, na ommu n’ani ngu so. (Mar. 6:30-34; Yoh. 4:4-34) Sɛ yɛkenkan Yesu ho asɛm na yɛhwɛ nsi ne ahokeka a ɔde yɛɛ asɛnka adwuma no a, yɛn kɔn nnɔ sɛ yebesuasua no anaa? Anokwa, yɛpɛ sɛ yɛde nsi yɛ adwuma no sɛnea Yesu asomafo no yɛe no.—Mat. 4:19, 20; Luka 5:27, 28; Yoh. 1:43-45.
2 Ɛnnɛ, Kristofo wɔ akwan pii a wɔfa so yɛ asɛnka adwuma a Yesu Kristo hyɛɛ ase bɛyɛ mfe 2,000 ni no. Ma yɛnhwɛ emu bi.
AFIE AFIE ASƐNKA
3 Yehowa Adansefo ahu sɛ mfaso wɔ so paa sɛ wɔbɛkɔ afie afie akɔka Ahenni ho asɛmpa no. Yɛaka asɛm no wɔ afie afie ara ama nkurɔfo de ahyɛ yɛn nsow. Ɛnyɛ afie afie asɛnka adwuma no a, anka yɛbɛyɛ dɛn adi nnipa mpempem pii adanse bere tiaa mu? Wohwɛ nea afi mu aba a, ɛnyɛ obi na ɔbɛka akyerɛ wo sɛ nyansa wom sɛ yɛkɔ nkurɔfo afie mu. (Mat. 11:19; 24:14) Ɛno ne ɔkwan baako a yɛfa so kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa.—Mat. 22:34-40.
4 Onyankopɔn asomfo fii ase yɛɛ afie afie asɛnka adwuma no, ɛnyɛ nnɛ. Ebinom hyɛɛ ase tete, na Yehowa Adansefo retoa so nnɛ. Yɛhwɛ ɔsomafo Paulo sei a, na ɔkɔ nkurɔfo fie kɔkyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ Efeso sɛ: “Efi da a edi kan a mebaa Asia mantam mu no, . . . mamfa nea mfaso wɔ so a ɛsɛ sɛ meka kyerɛ mo biara, ne kyerɛ a ɛsɛ sɛ mekyerɛkyerɛ mo . . . afie afie no ankame mo.” Paulo faa saa kwan yi ne akwan foforo so ‘dii Onyankopɔn fam adwensakra ne yɛn Awurade Yesu mu gyidi ho adanse fefeefe kyerɛɛ Yudafo ne Helafo nyinaa.’ (Aso. 20:18, 20, 21) Saa bere no, na Roma ahempɔn hyɛ abosonsom ho nkuran, na na nnipa pii suro wɔn anyame no. Ná ehia paa sɛ nnipa hwehwɛ “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa no.” Ɔno na na “ɔreka akyerɛ adesamma a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ obiara nsakra.”—Aso. 17:22-31.
5 Ɛnnɛ paa na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo. Wiase bɔne yi awiei abɛn pɛɛ, enti ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn sapɔw mu nsu na yɛyɛ asɛnka adwuma no denneennen. Nanso sɛ yebetumi ahu nnipa a nokware no ho kɔm de wɔn paa a, etwa besi afie afie asɛnka adwuma yi ara so. Yesu ne asomafo no bere so no, afie afie asɛnka adwuma no sow aba paa, na saa ara na ɛresow aba nnɛ.—Mar. 13:10.
6 Wode nsi ne ahokeka reyɛ afie afie asɛnka adwuma no bi anaa? Ɛnde, nya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ nea woreyɛ no paa. (Hes. 9:11; Aso. 20:35) Ebia ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no. Yɛreka yi, ebia wunni ahoɔden papa anaa w’asasesin mu yɛ den; nkurɔfo mpɛ sɛ wɔhwɛ w’anim mpo na kampɛsɛ wɔatie wo. Ebi nso a, na aban abara asɛnka adwuma no. Ebia wofɛre ade, na ɛyɛ den ma wo sɛ wo ne obi a wunnim no bɛkasa. Enti ɛba sɛ worekɔyɛ afie afie asɛnka a, na wo nsono gu gya mu. Sɛ saa a, mma w’abam mmu. (Ex. 4:10-12) Hyɛ no nsow sɛ tebea koro no ara na wo nuanom bebree refa mu wɔ wiase nyinaa.
7 Yesu hyɛɛ n’asuafo no bɔ sɛ: “Hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mat. 28:20) Saa asɛm yi hyɛ yɛn den ma yemia yɛn ani yɛ asuafoyɛ adwuma no. Enti yetumi ka asɛm a ɔsomafo Paulo kae yi bi: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.” (Filip. 4:13) Bere biara a w’asafo no bɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no, bɔ mmɔden fa wo ho hyem. Wo ne afoforo bom yɛ afie afie adwuma no a, wɔbɛhyɛ wo nkuran na wɔaboa wo ama woatu mpɔn. Mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛbɔ mpae. Afei yere wo ho fa wo ho hyɛ asɛmpaka adwuma no mu denneennen.—1 Yoh. 5:14.
8 Sɛ woka asɛmpa no a, wunya kwan ma afoforo hu ‘anidaso a ɛwɔ wo mu no.’ (1 Pet. 3:15) Asɛnka adwuma no bɛma woahu sɛ Yehowa nkoa anya agyapade kɛse paa. Ɛbɛma woahu paa sɛ Ahenni no ama yɛanya anidaso a nnipa pii nni. (Yes. 65:13, 14) Afei adwuma no bɛma w’ani agye, efisɛ anyɛ hwee koraa no, wubehu sɛ woayɛ aso retie Yesu asɛm yi: “Momma mo kanea nhyerɛn.” Bio, wubetumi mpo aboa nkurɔfo ama wɔabehu Yehowa ne nokware a ɛkɔ daa nkwa mu no.—Mat. 5:16; Yoh. 17:3; 1 Tim. 4:16.
9 Asafo no tumi yɛ afie afie asɛnka adwuma no Memeneda ne Kwasida ne da foforo biara wɔ nnawɔtwe no mu. Baabi wɔ hɔ a, nnipa ntaa ntena fie awia, enti asafo no kɔ asɛnka anwummere anwummere. Mmeae bi mpo de, nkurɔfo mpɛ sɛ obi ba wɔn nkyɛn anɔpa, nanso anwummere de, ebia wɔbɛtew wɔn anim ama wo.
YƐHWEHWƐ NNIPA A WƆFATA
10 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔnhwehwɛ’ nnipa a wɔfata. (Mat. 10:11) Ɛnyɛ afie afie asɛnka nko ara na ɔfaa so hwehwɛɛ nnipa a wɔte saa. Bere biara a obenya hokwan sɛ odi adanse no, na ɔntwentwɛn so koraa. (Luka 8:1; Yoh. 4:7-15) Asomafo no nso yɛɛ saa; baabiara a wobenya nnipa no, na wɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn.—Aso. 17:17; 28:16, 23, 30, 31.
Nea esi yɛn ani so ne sɛ yɛbɛka Ahenni no ho asɛmpa no akyerɛ obi biara a yebenya no
11 Ɛnnɛ nso, nea esi yɛn ani so ne sɛ yɛbɛka Ahenni no ho asɛmpa no akyerɛ obi biara a yebenya no. Nea ɛbɛboa yɛn ne sɛ yebesuasua Yesu ne n’asomafo no na yɛafa akwannuasa nyinaa so ayɛ asɛnka adwuma no sɛnea wɔyɛe no. Ade rekye a ade resa nyinaa, sesa ara na nneɛma resesa, enti ɛsɛ sɛ yehu tebea a nkurɔfo wom seesei na yɛhwɛ kwan a yɛbɛfa so aboa wɔn. (1 Kor. 7:31) Wei ho nhwɛso ne sɛ, adawurubɔfo kɔ nnwumam kodi nkurɔfo adanse anaa wɔyɛ saa wɔ mmɔnten so, na wei asow aba wɔ aman pii so. Baabi a nkurɔfo kodi agorɔ anaa wokogye wɔn ahome, anaa baabi a wɔde kar sisi nyinaa, adawurubɔfo kodi adanse wɔ hɔ. Nokwasɛm ni, baabi a nnipa wɔ biara, adawurubɔfo kɔ hɔ kodi adanse. Asafo bi hyehyɛ nhoma gu pon anaa trɔk so gyina mmeae ahorow wɔ wɔn asasesin mu. Afei nso, Betel tumi yi adawurubɔfo fi asafo ahorow mu ma wɔkɔyɛ baguam adansedi adwuma titiriw wɔ mmeae a nnipa abɔ apee so. Wei nti sɛ obi nni fie koraa a, yɛn nsa tumi ka no di no adanse.
12 Sɛ yehyia nkurɔfo wɔ kurom na yehu sɛ wɔn ani gye Bible mu asɛm ho a, yebetumi de nhoma a ɛfata ama wɔn. Nea ɛbɛyɛ na woaboa onipa no ama wanya nkɔso no, wubetumi de wo tɛlɛfon nɔma anaa w’address ama no, na woayɛ nhyehyɛe akɔ ne nkyɛn. Wubetumi akyerɛ no sɛnea ɔbɛkɔ jw.org, anaa woakyerɛ no baabi a ɛbɛn no paa a obetumi akɔ asafo nhyiam. Sɛ yesi yɛn bo sɛ yebedi nkurɔfo adanse wɔ mmɔnten so a, yebehu sɛ ɛyɛ adwuma a ɛyɛ anika paa.
13 Nanso ɛnyɛ Kristofo adwuma ara ne sɛ wɔbɛbɔ asɛmpa no ho dawuru. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa anigyefo ma wohu nokware a ɛkɔ daa nkwa mu no a, ehia sɛ yɛma yɛn nan yɛ ntiantiaa wɔ wɔn nkyɛn. Afei nkakrankakra wɔn ase betim, na wobɛhwɛ na wɔabɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw.
SANKƆHWƐ
14 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔ asase ano nohoa.” (Aso. 1:8) Nanso, ɔsan kaa sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mat. 28:19, 20) Ade baako a ɛyɛ anigye wɔ Yehowa som mu ne sankɔhwɛ. Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ obi na otie a, ebia n’ani begye sɛ ɔbɛsan ahu yɛn bio. Yɛsan kɔ ne nkyɛn ne no kɔtoa Bible mu nkɔmmɔ a yɛne no bɔe no so a, ɛbɛhyɛ ne gyidi den, na aboa no ama wahu sɛ ohia Onyankopɔn akwankyerɛ. (Mat. 5:3) Sɛ yesiesie yɛn ho yiye ansa na yɛakɔyɛ sankɔhwɛ na yɛkɔ onii no nkyɛn bere pa mu a, yebetumi ahyɛ Bible adesua ase. Bible adesua a yebefi ase no, ɛno paa nti na yɛkɔyɛ sankɔhwɛ. Enti yedua nokware aba no a na yenwiei; ehia sɛ yegye bere gugu so nsu.—1 Kor. 3:6.
15 Ɛnyɛ obiara na ɛyɛ mmerɛw ma no sɛ ɔbɛyɛ sankɔhwɛ. Ebia ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛkɔ akogyina obi anim adi no adanse; yɛbɛka mpo a, ne yɛ yɛ wo dɛ. Nanso edu sɛ wobɛsan akɔ ne nkyɛn ne no akosusuw Bible ho a, na agyaw wo adwinnwen. Nanso, sɛ wudi kan sua asɛm a wo ne no rekosusuw ho no yiye a, ɛbɛma woanya akokoduru. Nyansahyɛ ahorow a wɔde ma yɛn wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu ase no, hwɛ sɛ wode bɛyɛ adwuma. Wubetumi nso ama ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw akogya wo.
BIBLE ADESUA
16 Bere bi, na ɔbarima bi a wasakra abɛyɛ Yudani rekenkan Onyankopɔn Asɛm no, na ɔsɛmpakafo Filipo bisaa no sɛ: “Wote nea worekenkan no ase?” Ɔbarima no buae sɛ: “Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn atumi ate ase?” Sɛ yɛkan asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma ti 8 a, yehu sɛ Filipo ne ɔbarima no susuw asɛm a na ɔrekenkan no ho, na ɔtoaa so “kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ no.” (Aso. 8:26-36) Yennim bere tenten a Filipo dii wɔ ɔbarima no nkyɛn, nanso ɔkyerɛkyerɛɛ nsɛm mu kyerɛɛ no ma ogye dii. Ɛnde, dɛn na efii mu bae? Ɔbarima no ka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔmmɔ no asu. Afei ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo suani.
17 Ɛnnɛ, nnipa pii nnim Bible ho hwee. Enti sɛ yebetumi aboa wɔn ama wɔn gyidi ayɛ den na wɔabɔ asu a, ehia sɛ yɛkɔ wɔn nkyɛn mpɛn pii na yegye bere ne wɔn sua Bible nnawɔtwe dodow bi, abosome dodow bi, afe, anaa nea ɛboro saa mpo. Nanso sɛ wotɔ wo bo ase boa anigyefo ma wɔbɛyɛ Yesu asuafo a, wubenya nhyira pii. Yesu kaa sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Aso. 20:35.
18 Yɛwɔ nhoma pii a yɛde yɛ Bible adesua; wubetumi ayi mu bi ne nkurɔfo asua. Sɛ wode akwankyerɛ a wɔde ma wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu ase no yɛ adwuma na wo ne anuanom a wonim nkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu kɔ asɛnka a, wubetumi ayɛ Bible adesua ahorow a etu mpɔn, na woaboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ Yesu Kristo asuafo.
19 Sɛ wopɛ sɛ obi boa wo ma woyɛ Bible adesua a, ka ho asɛm kyerɛ ɔpanyin anaa onua bi a ne ho akokwaw wɔ sɛnea yɛyɛ Bible adesua mu. Nyansahyɛ a ɛwɔ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma mu no ne ɔyɛkyerɛ ahorow no betumi aboa wo. Fa wo ho to Yehowa so, na srɛ no sɛ ɔmmoa wo na wuntumi nyɛ Bible adesua. (1 Yoh. 3:22) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa si w’ani so sɛ, adesua a wo ne w’abusua yɛ da nkyɛn a, wubenya Bible adesua baako aka ho. Wobɔ mmɔden yɛ Bible adesua a, ɔsom adwuma no bɛyɛ wo dɛ!
BOA ANIGYEFO MA WƆMMRA YEHOWA AHYEHYƐDE NO MU
20 Sɛ yɛboa nkurɔfo ma wobehu Yehowa Nyankopɔn na wɔbɛyɛ Yesu Kristo asuafo a, na wɔabɛka asafo no ho. Sɛ Bible asuafo hu Yehowa ahyehyɛde no na wogye akwankyerɛ a ahyehyɛde no de ma tom a, wɔn ase betim na wɔanya nkɔso wɔ asafo no mu. Enti ehia sɛ yɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔne ahyehyɛde no bɛbɔ. Wɔahyɛ da ayɛ video ahorow ne nhomawa a wɔato din Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? a yɛde bɛboa nkurɔfo. Nsɛm a ɛwɔ nhoma yi Ti 4 no mu bi nso bɛboa.
21 Wo ne obi fi Bible adesua ase a, mfiase pɛɛ no, boa no ma onhu sɛ Yehowa wɔ ahyehyɛde bi a ɔnam so rehwɛ ama yɛayɛ asɛnka adwuma no wɔ asase so nnɛ. Kyerɛ no ma onhu nhoma ne nneɛma foforo a ahyehyɛde no ayɛ a yɛde sua Bible ne mfaso a ɛwɔ so. Afei ma onhu sɛnea yɛyɛ saa nneɛma yi nyinaa ne ɔkwan a yɛfa so ma nkurɔfo nsa ka bi wɔ wiase nyinaa. Mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛda no adi sɛ anuanom a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn na wɔatu wɔn ho ama reyɛ saa adwuma yi nyinaa. Hyɛ da ka kyerɛ Bible suani no sɛ wopɛ sɛ ɔne wo kɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so. Ma onhu sɛnea yɛyɛ nhyiam no, na fa no kyia anuanom. Afei wubetumi ato nsa afrɛ no ma ɔne wo akɔ amansin ne amantam nhyiam akohu Adansefo pii. Wo ne no kɔ baabi saa a, ma ɔno ara mfa n’ani nhwɛ sɛnea Yehowa asomfo dodɔ wɔn ho; wei bɛma wahu sɛ ampa, yɛyɛ nokware Kristofo. (Yoh. 13:35) Sɛ osuani no hu Yehowa ahyehyɛde no ne nneɛma a ɛreyɛ a, ɛbɛma wabɛn Yehowa kɛse.
NHOMA A YƐDE YƐ ADWUMA
22 Tete Kristofo no bɔɔ Onyankopɔn Asɛm no ho dawuru anibere so. Wɔhwɛɛ Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw bi fae, na wɔyɛɛ bi maa asafo no. Ná wonim sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware, na wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Saa bere no, na nea wɔde wɔn nsa akyerɛw no nnɔɔso, na na ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi nsa bɛka bi. (Kol. 4:16; 2 Tim. 2:15; 3:14-17; 4:13; 1 Pet. 1:1) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo afa abɛɛfo kwan so atintim Bible ne nhoma a yɛde sua Bible ɔpepehaha pii. Ebi yɛ nkratawa, nhoma akɛse ne nketewa, ne nsɛmma nhoma, na wɔatintim wɔ kasa ɔhaha pii mu.
23 Sɛ woreka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo a, nkɔ nnyaw nhoma a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ ma yɛde sua Bible no. Sɛ wo ara wohwɛ mfaso a woanya afi Yehowa Adansefo nhoma ahorow so a, ɛnka wo sɛ fa bi ma afoforo anaa?—Heb. 13:15, 16.
24 Ɛnnɛ, nnipa pii sua ade wɔ Intanɛt so. Wei nti, sɛ Bible ho nhoma a yɛyɛ no da nkyɛn a, yɛn wɛbsaet, jw.org no nso boa paa ma yɛtrɛw asɛmpa no mu. Ɛmfa ho ɔman a obi wɔ so no, obetumi akenkan Bible ne yɛn nhoma ahorow wɔ kasa bebree mu wɔ kɔmputa so; afei obetumi abɔ bi atie. Sɛ obi mpɛ sɛ ɔne yɛn bɛbɔ nkɔmmɔ anaa baabi a ɔte no, ɛyɛ den sɛ obenya Yehowa Adansefo ne wɔn abɔ nkɔmmɔ a, obetumi atena ne dan mu ahwehwɛ nea yegye di mu wɔ jw.org.
25 Wei nti, hokwan biara a yebenya no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu yɛn wɛbsaet, jw.org no. Sɛ yɛnam asɛnka mu na obi bisa asɛm fa Yehowa Adansefo ho a, yebetumi ahwɛ wɛbsaet no wɔ yɛn fon anaa kɔmputa so na yɛakenkan mmuae no akyerɛ no wɔ hɔ ara. Yehyia obi a ɔnka yɛn kasa anaa yɛkɔto obi a ɔyɛ mum a, yebetumi akyerɛ no yɛn wɛbsaet no. Obenya Bible ne nhoma foforo wɔ ne kasa mu. Adawurubɔfo pii taa yi video a ɛwɔ yɛn wɛbsaet no kyerɛ nkurɔfo, na ama wɔatumi ne nkurɔfo abɔ Bible mu nkɔmmɔ.
BƆNNƆ SO ADANSEDI
26 Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔayɛ aso retie n’asɛm no sɛ: “Mone wiase hann. . . . Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nnwuma pa na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mat. 5:14-16) Saa asuafo no suasuaa Yesu, na wɔmaa nkurɔfo huu Onyankopɔn akwan. Yesu ankasa kaa ne ho asɛm sɛ: “Mene wiase hann.” Kristofo suasua nhwɛso a Yesu yɛ maa wɔn no. Enti wɔma “nkwa hann” no hyerɛn ma obiara a obetie wɔn.—Yoh. 8:12.
27 Ɔsomafo Paulo nso atwa sa pa ato hɔ ama yɛn. (1 Kor. 4:16; 11:1) Bere a ɔwɔ Atene no, da biara na ɔkɔ gua so kɔka asɛmpa no kyerɛ obiara a obenya no. (Aso. 17:17) Kristofo a wɔwɔ Filipi dii ne nhwɛso akyi. Wei nti Paulo kyerɛw kɔmaa wɔn sɛ ‘wɔrehyerɛn sɛ akanea’ wɔ “awo ntoatoaso a akɔntɔn na akyea” mu. (Filip. 2:15) Ɛnnɛ, yɛn nso yebetumi ama Ahenni no ho nokwasɛm no ahyerɛn. Yɛbɛyɛ no sɛn? Ɛne sɛ, hokwan biara a ebebue no, yɛn nso yɛbɛma yɛn kasa ne yɛn nneyɛe atwetwe nkurɔfo adwene aba asɛmpa no so. Ɛyɛ ampa, yɛn suban pa ne yɛn nokwaredi nko ara ma nkurɔfo hu sɛ yɛyɛ soronko wɔ wiase no ho. Nanso sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn a, ɛbɛma wɔahu nea enti a yɛyɛ soronko no.
28 Yehowa nkurɔfo pii ka asɛmpa no kyerɛ nnipa a wohyia wɔn wɔ adwumam, sukuu mu, kar mu, anaa baabi foforo biara. Yɛretu kwan a, yebetumi de hokwan no aka asɛm no akyerɛ nkurɔfo. Yɛne nkurɔfo rebɔ nkɔmmɔ a, momma yɛmfa yɛn ani nto fam; ebia yebetumi afa kwan bi so de asɛmpa no abewura mu. Bere biara a hokwan bi beyi ne ti no, momma yenni nkurɔfo adanse.
29 Ɛnde, dɛn na ɛbɛboa ama yɛatumi ayɛ saa? Ɛno ara ne sɛ yɛde bɛhyɛ yɛn adwenem sɛ yɛka asɛm no de kamfo yɛn Bɔfo no na yɛhyɛ ne din anuonyam. Ɛno da nkyɛn a, asɛm a yɛka no boa ahobrɛasefo ma wobehu Yehowa na wɔsom no na wonya Yesu Kristo mu gyidi. Wei ma wɔn nso nya anidaso sɛ daa nkwa da hɔ retwɛn wɔn. Sɛ yedi adanse bɔnnɔ so a, Yehowa ani gye, na obu no sɛ ɛyɛ ɔsom kronn.—Heb. 12:28; Adi. 7:9, 10.
ASASESIN
30 Yehowa pɛ sɛ yɛka Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase baabiara, nkurow akɛse ne nketewa nyinaa mu. Wei nti Betel kyekyɛ asasesin ma asafo biara. Anuanom a wɔka asɛmpa no wɔ mmeae a atew ne ho nso, Betel ma wɔn asasesin no bi. (1 Kor. 14:40) Asomafo no bere so no, saa ara na Onyankopɔn ma wɔyɛɛ asɛnka adwuma no. (2 Kor. 10:13; Gal. 2:9) Ahenni adwuma no renya nkɔso ntɛmntɛm wɔ awiei bere yi mu; enti ehia nhyehyɛe pa na asafo biara atumi ayɛ n’asasesin mu adwuma yiye.
31 Ɔsom adwuma sohwɛfo na ɔhwɛ saa nhyehyɛe yi so. Nanso asafo mu mpanyimfo betumi apaw ɔsomfo bi ma wakyekyɛ asasesin no. Asasesin no gu ahorow mmienu; yɛwɔ asɛnka kuw asasesin ne ankorankoro de. Sɛ asafo no asasesin sua a, wɔbɛkyekyɛ ama asɛnka akuw so ahwɛfo na wɔn kuw ayɛ mu adwuma. Nanso asasesin no sõ a, ɛnde adawurubɔfo betumi akogye bi.
32 Sɛ ɔdawurubɔfo bi wɔ ɔno ara n’asasesin a, ɛda a asɛnka nhyiam nni hɔ anaa biribi nti ontumi ne ne kuw nhyiam no, obenya baabi aka asɛm no. Adawurubɔfo bi gye asasesin a ɛbɛn wɔn adwumam, enti edu awia ahomegye bere anaa wɔpɔn adwuma a, wotumi kɔyɛ mu adwuma kakra. Ebinom nso ne wɔn mmusua gye asasesin wɔ wɔn mpɔtam, na wɔyɛ mu adwuma anwummere anwummere. Sɛ ɔdawurubɔfo bi nya asasesin bi a ɛbɛn no saa a, etumi boa ma ɔde bere a ɔde kɔ asɛnka no yɛ adwuma yiye. Nanso ɛtɔ da a, anuanom a wɔwɔ kuw no mu betumi aboa ayɛ ankorankoro bi asasesin mu adwuma. Ɔdawurubɔfo bi pɛ asasesin a, obetumi ahu ɔsomfo a ɔhwɛ asasesin so no na wama no bi.
33 Sɛ kuw sohwɛfo bi gye asasesin ma ne kuw a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ adawurubɔfo no ayɛ nea wobetumi biara sɛ wɔne obi bɛkasa wɔ fie biara mu. Sɛ nso ɔdawurubɔfo bi gye ɔno ara n’asasesin a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔne obi bɛkasa wɔ fie biara mu. Nhyehyɛe biara a mobɛyɛ no, ɛsɛ sɛ mudi mo hɔnom mmara a ɛfa nhyehyɛe a wɔde bɔ nkurɔfo ho nsɛm ho ban no so. Sɛ wɔde asasesin ma kuw sohwɛfo anaa ɔdawurubɔfo a, ɛsɛ sɛ ɔde si n’ani so sɛ akyɛ koraa bosome nnan de, na wawie mu adwuma. Owie a, ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ ɔsomfo a ɔhwɛ asasesin so no. Kuw sohwɛfo no anaa ɔdawurubɔfo no bɛhwɛ sɛnea asasesin no mu te, na wasi gyinae sɛ ɔbɛsan ayɛ mu adwuma bio anaa ɔbɛdan ama onua a ɔhwɛ asasesin so no.
34 Sɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu nyinaa boa ma nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no yɛ adwuma a, wobetumi ayɛ asasesin no mu adwuma fekɔfekɔ. Wei nso bɛboa na adawurubɔfo mmienu anaa nea ɛboro saa anyɛ asasesin koro mu adwuma amfa anhyɛ nkurɔfo abufuw. Afei nso, ɛbɛkyerɛ sɛ yedwen yɛn nuanom ne nkurɔfo a wɔte asasesin no mu ho.
BOA MA WƆNKA ASƐMPA NO NKYERƐ NNIPA A WƆKA KASA NYINAA
35 Ehia sɛ obiara sua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no ne Ahenni no ho ade. (Adi. 14:6, 7) Yɛpɛ sɛ yɛboa nnipa a wɔka kasa nyinaa ma wɔbɔ Yehowa din, na wɔafata ama nkwagye. Afei nso, yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔhyɛ nipasu foforo no. (Rom. 10:12, 13; Kol. 3:10, 11) Asasesin bi wɔ hɔ a, nnipa a wɔwom no, kasa a wɔka no gu ahorow. Sɛ yɛreka asɛmpa no wɔ baabi saa a, ɔhaw bɛn na yɛtaa hyia? Yɛbɛyɛ dɛn adi ɔhaw a ɛte saa so, na yɛaboa nnipa pii ama wɔate Ahenni ho asɛmpa no wɔ wɔn kasa mu?—Rom. 10:14.
36 Wɔhwɛ kasa a asafo biara ka na wɔakyerɛ baabi a wɔbɛka asɛm no. Enti asasesin a nnipa a wɔwom no kasa gu ahorow no, ɛnyɛ asafo baako na ɛyɛ mu adwuma. Ɛba saa a, ne papa mu ne sɛ asafo biara mu adawurubɔfo bedi nnipa a wɔka wɔn kasa no adanse. Sɛ wɔrekyekyɛ nkrataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba yɛn dwumadi ahorow ase afe biara no a, saa na wɔbɛyɛ no. Nanso sɛ adawurubɔfo redi adanse wɔ mmɔnten so anaa wɔreyɛ bɔnnɔ so adansedi a, ɛnde wobetumi ne obiara akasa na wɔama no nhoma wɔ kasa biara mu.
37 Ɛtɔ da a, asafo ahorow a ɛka kasa pɔtee bi no, wobɛhwɛ na wontumi nkɔ nkurɔfo a wɔka wɔn kasa a wɔte akyirikyiri wɔ wɔn asasesin mu no nkyɛn hyewhyew. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma so ahwɛfo a wɔwɔ asafo ahorow a ɛwɔ saa asasesin no mu nyinaa di nkitaho hwɛ sɛnea wɔbɛyɛ asasesin no mu adwuma. Wei bɛma obiara a ɔwɔ asasesin no mu anya hokwan ate Ahenni ho asɛmpa no. Afei ɛremma sɛ anuanom bedi ofie baako mu akɔneaba.—Mmeb. 15:22.
38 Ɛnde, sɛ yɛreyɛ afie afie asɛnka adwuma no na yɛkɔto obi a ɔnte yɛn kasa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ adawurubɔfo a wɔka ne kasa no bɛba ne nkyɛn. Adawurubɔfo binom asua nsɛm kakra a wɔde bedi adanse wɔ kasa bi mu. Nea enti a wɔayɛ saa ne sɛ, wɔtaa hyia nkurɔfo a wɔka saa kasa no wɔ wɔn asasesin mu. Yehyia obi a ɔnte yɛn kasa a, yebetumi akɔma no nhoma bi wɔ ne kasa mu anaa yɛbɛkyerɛ no yɛn wɛbsaet, jw.org ama wakenkan nhoma wɔ hɔ anaa watwe bi.
39 Sɛ yehu sɛ n’ani gye nokware no ho a, ɛsɛ sɛ yɛpɛ obi a ɔte ne kasa na ɔboa no. Afei yebetumi akyerɛ no baabi a ɛbɛn no a wɔyɛ asafo nhyiam wɔ ne kasa mu. Sɛ ɔpɛ sɛ obi ne no besua ade wɔ ne kasa mu a, yebetumi akyerɛ no baabi a obetumi akyerɛw ne ho nsɛm wɔ jw.org. Ɔyɛ saa a, Betel bɛpɛ onua bi anaa kuw anaa asafo a ɛbɛn no ama wɔakɔboa no.
40 Yebetumi akɔ ne nkyɛn ara kosi sɛ ɔbɛbɔ yɛn amanneɛ sɛ obi a ɔka ne kasa abɛsra no. Ɛtɔ da a, Betel bɛka akyerɛ asafo mu mpanyimfo no sɛ ɔdawurubɔfo biara nni hɔ a ɔka onipa no kasa. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛtoa so boa no sɛnea yebetumi biara. Ɛbɛyɛ yiye a, yebetumi apɛ Bible ho nhoma bi a ɛwɔ ne kasa mu na yɛne no de ayɛ Bible adesua. Sɛ yɛde mfoni a ɛwɔ nhoma no mu di dwuma yiye na yɛma ɔkenkan kyerɛwnsɛm ahorow no a, Bible mu nsɛntitiriw bi de, ɔbɛte ase. Sɛ ɔwɔ busuani bi a obetumi akyerɛ asɛm a yɛreka no ase ama no a, yebetumi ama wayɛ saa.
41 Sɛ yenya obi a n’ani gye nokware no ho na sɛ ɔnte yɛn kasa mpo a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nkuran ma ɔba Kristofo nhyiam. Ɛwom, ebia ɛnyɛ biribiara na ɔbɛte ase, nanso nkakrankakra ɛbɛtwe no abɛn Onyankopɔn ahyehyɛde no. Sɛ yɛrekan kyerɛwsɛm bi na ɔwɔ Bible wɔ ne kasa mu a, yebetumi aboa no ma wabue. Otumi ba adesua na ɔne anuanom fi ase bɔ a, ɛbɛhyɛ ne gyidi den ma wanya nkɔso.
42 Adawurubɔfo Akuw: Asafo ahorow bi wɔ hɔ a adawurubɔfo no bi tumi ka kasa foforo, na wɔde saa kasa no kɔ asɛnka. Sɛ ɛkɔba sɛ asafo mu panyin a ɔfata anaa ɔsomfo a ɔfata biara nni hɔ a obedi anim ama wɔayɛ asafo nhyiam wɔ saa kasa no mu nnawɔtwe biara a, yɛfrɛ saa kuw no adawurubɔfo kuw. Nea edidi so yi na Betel begyina so agye asafo bi atom sɛ ɛnhwɛ adawurubɔfo kuw bi so:
(1) Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔka saa kasa foforo no dɔɔso kakra.
(2) Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wonya adawurubɔfo kakra a wotumi ka saa kasa no anaa wɔayɛ krado sɛ wobesua saa kasa no.
(3) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no yɛ krado sɛ wɔbɛhwɛ ayɛ nhyehyɛe a wɔde bɛka asɛm no akyerɛ nkurɔfo a wɔka saa kasa no.
Sɛ mpanyimfo kuw bi pɛ sɛ wɔhwɛ adawurubɔfo kuw bi so a, wɔne ɔmansin sohwɛfo no besusuw ho. Ebia na ɔmansin sohwɛfo no nim asafo afoforo bi a wɔpɛ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a wɔka saa kasa no, enti ebia obetumi aboa ama wɔahu asafo a ɛfata paa sɛ ɛhwɛ saa adawurubɔfo kuw no so. Sɛ wonya asafo a ɛbɛhwɛ kuw no so a, emu mpanyimfo no de krataa bɛkɔ Betel sɛ wɔmma wɔn kwan mma wɔnhwɛ adawurubɔfo kuw no so.
43 Akuw: Nea edidi so yi na Betel begyina so agye asafo bi atom sɛ ɛnhwɛ kuw bi so:
(1) Ɛsɛ sɛ wohu sɛ nnipa a wɔka saa kasa no pii ani gye asɛm no ho na kuw no betumi adɔre daakye.
(2) Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wonya adawurubɔfo kakra a wɔka saa kasa no anaa wɔresua saa kasa no.
(3) Ɛsɛ sɛ wonya asafo mu panyin a ɔfata anaa ɔsomfo a ɔfata a obedi kuw no anim ama wɔayɛ asafo nhyiam. Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wotumi yɛ asafo nhyiam baako wɔ saa kasa no mu nnawɔtwe biara, anaa wotumi yɛ ne fã bi te sɛ baguam kasa anaa Ɔwɛn-Aban Adesua wɔ saa kasa no mu nnawɔtwe biara.
Sɛ wodu ahwehwɛde ahorow yi ho sɛnea ɛsɛ a, mpanyimfo kuw no bɛkyerɛw kuw no ho nsɛm nyinaa akɔ Betel sɛ wɔmma wɔn asafo no kwan mma ɛnhwɛ saa kuw no so. Asafo mu panyin a obedi nneɛma anim no bɛyɛ “kuw sohwɛfo.” Sɛ asafo mu somfo na obedi nneɛma anim a, ɔbɛyɛ “kuw somfo.”
44 Sɛ wɔtew kuw no wie a, asafo a ɛhwɛ kuw no so mu mpanyimfo na wɔbɛkyerɛ sɛ, asafo nhyiam no fã a kuw no yɛ no, wɔmfa adesua no fã a aka no bi nka ho anaa. Afei nso, wɔn na wɔbɛkyerɛ mpɛn dodow a kuw no bɛyɛ asafo nhyiam wɔ bosome baako mu. Wobetumi nso ayɛ asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe ama kuw no. Asafo mu mpanyimfo a kuw no hyɛ wɔn nsa no na wɔbɛhwɛ anuanom a wɔwɔ kuw no mu nyinaa so. Wɔde akwankyerɛ a ɛfata bɛma anuanom a wɔwɔ kuw no mu na wɔahwɛ nea wobetumi ayɛ aboa kuw no. Sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra asafo no a, ɔne kuw no bɛyɛ adwuma na wahwɛ nkɔso a wɔanya na wakyerɛw ho nsɛm kakra akɔ Betel; wohia mmoa bi a obetumi aka ho asɛm. Nkakrankakra kuw no betumi abɛyɛ asafo. Sɛ obiara de asafo akwankyerɛ yɛ adwuma a, Yehowa ani begye.—1 Kor. 1:10; 3:5, 6.
ASƐNKA A YƐNE ANUANOM BƐBOM AKƆ
45 Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no, wɔn mu biara wɔ asɛde sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so aka asɛmpa no, nanso yɛn mu dodow no ara pɛ sɛ yɛne yɛn nuanom bom yɛ asɛnka adwuma no. (Luka 10:1) Wei nti, asafo ahorow hyia Memeneda ne Kwasida anaa da foforo kɔ asɛnka. Edu nnapɔnna a, anuanom bebree nkɔ adwuma, enti wotumi hyiam kɔ asɛnka. Asafo Ɔsom Boayikuw no na ɛbɛyɛ asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe ama asafo no. Anɔpa oo, anwummere oo, wɔbɛhwɛ bere a ɛfata ne baabi a wɔbɛyɛ asɛnka nhyiam no.
46 Sɛ anuanom bom yɛ asɛnka adwuma no a, “obiara benya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ.” (Rom. 1:12) Adawurubɔfo a wɔyɛ foforo no benya kwan ne wɔn a wɔn ho akokwaw akɔ asɛnka, na wɔanya ntetee a ɛbɛma wɔn nso ho akokwaw. Mmeae bi wɔ hɔ a ɛhɔ yɛ hu, enti ne papa mu ne sɛ anuanom mmienu anaa nea ɛboro saa bɛbom anantew wɔ asɛnka mu. Sɛ wopɛ sɛ wo nko ara wokɔ asɛnka mpo a, ɛbɛyɛ papa sɛ wokɔ asɛnka nhyiam; wei bɛhyɛ mo nyinaa nkuran. Wo de, hwɛ sɛ woreyɛ asɛnka adwuma no na wunim sɛ wo nuanom pii gu adwuma koro no ara so wɔ mpɔtam hɔ ara! Ɛma wunya ahoɔden ne ahotoso ka asɛm no denneennen. Nanso, ɛnsɛ sɛ akwampaefo ne adawurubɔfo nya adwene sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ asɛnka nhyiam biara. Yɛreka yi, ebia da biara, asafo no yɛ asɛnka nhyiam, na ɛnyɛ ne nyinaa na wobetumi akɔ bi. Nanso, wobetumi abɔ wɔn ho mmɔden akɔ emu bi nnawɔtwe biara.
47 Momma yɛn nyinaa nni Yesu ne asomafo no nhwɛso akyi na yensi yɛn bo sɛ yɛbɛka Ahenni ho asɛmpa no denneennen; ɛyɛ adwuma a ɛho hia paa. Yɛyɛ saa a, Yehowa nhyira remmɔ yɛn da!—Luka 9:57-62.