Wɔn a Wɔaboa Kɛse Wɔ Ayaresa Mu
BERE a José a ofi Belgium kurow ketewa Oupeye mu dii mfe 61 no, wɔka kyerɛɛ no sɛ ehia sɛ wɔyɛ no oprehyɛn de obi foforo berɛbo ma no hyɛ ne de a asɛe no ananmu. Ɔka sɛ: “Me ho nnwiriw me saa da wɔ m’asetram.” Wɔ mfe aduanan pɛ a abɛsen kɔ mu no, na wosusuw sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔde obi berɛbo bɛma onipa foforo. Wɔ 1970 mfe no mpo mu no, na nnipa ɔha mu 30 pɛ na sɛ wɔde ebinom mmerɛbo ma wɔn a, wotumi nya nkwa. Nanso, ɛnnɛ, wɔtaa de nkurɔfo berɛbo ma nnipa foforo ma wɔn mu pii nya nkwa.
Nanso, asiane pii da so ara wom. Esiane sɛ sɛ wɔreyɛ oprehyɛn de obi berɛbo ama onipa foforo a, mogya tu no kɛse nti, nnuruyɛfo taa de mogya di dwuma wom. Esiane José ɔsom mu gyidi nti, wampɛ sɛ wɔbɛma no mogya. Nanso na ɔpɛ sɛ wɔyɛ no oprehyɛn no de obi foforo berɛbo ma no. So na eyi ntumi nyɛ yiye? Ebinom besusuw saa. Nanso oduruyɛfo panyin no susuw sɛ ɔne n’ahokafo no betumi ayɛ oprehyɛn no a wɔmfa mogya biara nka ho. Wotumi yɛɛ oprehyɛn no a wɔamfa mogya anka ho! Wɔ oprehyɛn no akyi nnafua 25 pɛ no, José san kɔkaa ne yere ne wɔn babea ho wɔ fie.a
Esiane wɔn a Time nsɛmma nhoma no frɛ wɔn “ayaresa mu nkonimdifo” no mmɔdenbɔ nti, ɛnnɛ wɔhwɛ nnipa pii yare na wɔyɛ wɔn oprehyɛn a wɔmma wɔn mogya. Nanso, dɛn nti na nnipa pii ani agye eyi ho saa? Sɛ yɛbɛma asɛm no ho mmuae a, momma yensusuw mogya a wɔde ma ho abakɔsɛm a ɛhaw adwene no ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Yehowa Adansefo ma obiara fi n’ahonim mu si gyinae wɔ oprehyɛn a wɔyɛ de obi nipadua fã bi ma onipa foforo no ho.
[Mfonini wɔ kratafa 3]
Nnuruyɛfo bɛboro 90,000 na wɔagye atom nnansa yi sɛ wɔbɛhwɛ Yehowa Adansefo yare a wɔmfa mogya nka ho