Nsonsonoe a Ɛda Asikafo ne Ahiafo Ntam no Reyɛ Kɛse
“Wɔatumi ama ohia ho nsɛnnennen so atew kɛse wɔ wiase nyinaa wɔ mfe aduonum a abɛsen kɔ no mu sen nea wɔyɛe wɔ mfe ahanum a na edi kan no mu,” saa na nhoma UNDP Today a Amanaman Nkabom Mpɔntu Adwuma no yɛe no ka. “Efi 1960 reba no, aman a wonnyaa nkɔso pii no ama mmofra a wowuwu no so atew ɔha biara mu 50, wɔama mmofra dodow no mu nkyem abiɛsa anya aduan pa, na wɔatumi de wɔn mu nkyem anan akɔ sukuu.” Nanso, nhoma koro no ara ka sɛ, nkɔso yi a wɔanya nyinaa akyi no, “nnipa pii da so ara” di hia.
Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, sɛnea nkurɔfo ne aman bi rehu amane no da so reyɛ kɛse. UN Boayikuw a Ɛhwɛ Wiase Aduan Ho Nsɛm So no kwankyerɛfo panyin a wɔfrɛ no Catherine Bertini ka sɛ: “Sɛ yɛde nnɛ toto afe a etwaam ho a, yehu sɛ wiase nnipa pii na wonnya aduan pa nni.” Nokwarem no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 840 na ɛnnɛ wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu a wodi kɔm daa, bɛboro ɔpepepem biako na wonnya nsu pa nnom, na bɛyɛ ɔpepepem 1.5 na sika a wonya de hwɛ wɔn ho da biara nnu dɔla biako. Mary Robinson a ɔyɛ UN Soafo Panyin Ma Hokwan a Nnipa Wɔ no bɔ kɔkɔ sɛ, “yɛrehyɛn bere bi a ɛnyɛ sɛ aman bi bedi yiye na ebinom adi hia nko mu, na mmom aman bi benya wɔn ho na afoforo nso adi hia buruburoo.”
Ɛka ahe na ɛsɛ sɛ wiase aman a nnipa ɔpepepem nsia tete mu no bɔ na ama wɔatumi ama nsonsonoe a ɛda asikafo ne ahiafo ntam no ayɛ ketewa? Ebia ennu sɛnea obi besusuw no. UN bu akontaa sɛ wobehia sika foforo dɔla ɔpepepem 9 (a sɛ wɔkyekyem a, obiara benya dɔla 1.50) afe biara na wɔatumi anya nneɛma a ɛde ahotew ba ne nsu pa wɔ wiase nyinaa ne dɔla ɔpepepem 13 (a sɛ wɔkyekyem a, obiara benya dɔla 2.00) afe biara na ama wɔanya akwahosan pa ne aduan wɔ asase so baabiara. Ɛwom sɛ eyi yɛ sika kɛse de, nanso sɛ wɔde toto ɛka a wɔbɔ wɔ nneɛma foforo no ho a, ɛnsɛ hwee koraa. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe bi a abɛsen kɔ nnansa yi ara mu no, wiase no bɔɔ ka dɔla ɔpepepem 435 (a sɛ wɔkyekyem a, obiara benya dɔla 70) wɔ aguade ho dawurubɔ ho na wɔbɔɔ ka dɔla ɔpepepem 780 (a sɛ wɔkyekyem a, obiara benya dɔla 130) wɔ sraadi ho. Ɛda adi pefee sɛ enhia sika pii na wɔatumi adi nsonsonoe a ɛda asikafo ne ahiafo ntam no ho dwuma, nea ɛwom ara ne sɛ, yɛyɛ nea ehia ansa na yɛayɛ nea ɛfata.