Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 5/8 kr. 16-17
  • “Wubewu!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wubewu!”
  • Nyan!—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Woasisise Wo Ho Sɛ Wubegyina Aduruyɛ Mu Tebea A Ɛsɔ Gyidi Hwɛ Ano?
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nnuruyɛfo ne Yehowa Adansefo Yɛ Biako
    Nyan!—1994
  • Wɔnyɛ Nkonyaayifo Anaa Anyame
    Nyan!—1994
  • Wo Mma ho Ban a Wobɛbɔ na Wɔamfa Mogya Anni Dwuma Ɔkwammɔne So
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 5/8 kr. 16-17

“Wubewu!”

SƐNEA LEANNE KARLINSKY KA KYERƐE

Ayaresa a ɛsen biara a wɔmfa mogya nka ho a mehwehwɛe wɔ Spain

SƐ ƐKƆBA sɛ woretu kwan akɔ wiase yi mu baabi a, anka ɔman bɛn na wobɛkɔ mu? Me fam no, na mmuae no yɛ tiawa. Mekyerɛ Spain kasa wɔ sukuu mu, na me ne me kunu Jay, ne yɛn ba Joel wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Galax, Virginia, U.S.A., a wɔka Spain kasa mu. Na nea me kɔn dɔ saa bere no ne sɛ metu kwan akɔ Spain. Enti, hwɛ anigye ara a minyae bere a m’awofo kae sɛ wɔde me bɛkɔ hɔ no! Ɛwom sɛ me kunu ne me babarima no antumi ankɔ bi de, nanso nea na mehwɛ kwan no baam bere a me ne m’awofo traa wimhyɛn a ɛkɔ Madrid mu no. Bere a yeduu hɔ wɔ April 21 no, yesii gyinae sɛ yɛbɛtra kar mu akɔ Estella, kurow ketewa bi a ɛwɔ Navarre, a ɛwɔ Spain atifi fam no mu. Mekɔtraa kar no akyi akongua no so, na ankyɛ koraa na medae.

Nea mekae sɛ mihui bio ara ne sɛ meda asase bi so a owia rehye me. ‘Ɛhe ni? Ɛyɛɛ dɛn na mebaa ha? Mereso dae?’ Bere a megu so resusuw nsɛm yi ho no, asɛm paa bi sii. Na biribi atoto, na na eyi nyɛ adaeso ara kwa. Na m’atade a ɛhyɛ me no nsa benkum atetew, na na mintumi mma me nsa so, ntumi ntu me nan. Akyiri yi, mihui sɛ yɛn kar no akɔpem dadeban bi a ne tenten yɛ anammɔn 65 wɔ kwan no mu ma abu afa so ma enti mafi mu abɛtɔ fam. Anwonwasɛm ne sɛ, me ne m’awofo nyinaa anhu ɔkwan ko a kar no faa so hwee ase.

Meteɛɛm hwehwɛɛ mmoa, na ofirikafo bi tuu mmirika baa me nkyɛn. Afei osianee dadeban no baa yɛn kar no ho wɔ faako a m’awofo apirapira gugu no. Ɔteɛɛm ka kyerɛɛ nea ɔne no nam no sɛ, “Ma wɔmfa ambulance no mmra ntɛm! Kar no mufo apirapira yiye!” Afei, ɔbaa faako a meda a mintumi nyɛ hwee no, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwe me nan mu. Ɛyɛɛ me yaw ma misuu denneennen, efisɛ saa bere no na mihui sɛ mapira ankasa.

Ankyɛ koraa na wɔde me kɔɔ Logroño ayaresabea hɔ, faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn yare mu ayɛ den no. Ɛhɔ polisifo no fi ayamye mu maa hɔnom Yehowa Adansefo no tee asɛm a asi ne faako a wɔde me akɔto. Ankyɛ koraa na asafo ahorow a ɛwɔ Estella ne Logroño no mufo pii ne Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no duu hɔ. Nokwarem no, nna a midii wɔ ayaresabea hɔ nyinaa no, Kristofo adɔfo a na minnim wɔn da no fi wɔn pɛ mu hwɛɛ me. Wofi ɔdɔ mu hwɛɛ m’awofo a wɔn ho tɔɔ wɔn wɔ dapɛn biako akyi fi bere a yenyaa akwanhyia no ma woyii wɔn kɔɔ fie no nso.

Wukuda awia bɛyɛ1:00 no, nnuruyɛfo no bɛyɛɛ me dwonku a abu no oprehyɛn. Meka kyerɛɛ oduruyɛfo no sɛ mempɛ mogya.a Ɔpenee nea mekae no so biarabiara, ɛwom sɛ ɔkae sɛ ɛyɛ dɛn ara a, mewu de. Wotumi yɛɛ oprehyɛn no wiee, nanso bere a akyiri yi mihui sɛ wɔansiesie apirakuru no na wɔansesa ntamasin a wɔde kyekyeree so no, me ho dwiriw me.

Eduu Fida no, na me mogya so atew abedu 4.7, na na mayɛ mmerɛw. Oduruyɛfo no penee so sɛ ɔbɛma me aduru foforo—ɔde erythropoietin (EPO), a wotumi de fra nnuru afoforo ma wonya mogya ntɛmntɛm no bɛwɔ me paane.b Saa bere yi na Jay ne Joel baa hɔ. Hwɛ sɛnea m’ani gyei bere a mihuu me kunu ne me ba no!

Bɛyɛ awia 1:30 no, oduruyɛfo biako ka kyerɛɛ Jay sɛ asɛnnibea no ama wɔn kwan sɛ sɛ me yare no mu yɛ den a, wɔmma me mogya. Jay ka kyerɛɛ no sɛ nea mekae ne sɛ sɛnea yare no bɛyɛ biara, ɛnsɛ sɛ wɔma me mogya. Oduruyɛfo no nso kae sɛ: “Ɛnde, obewu!”

Jay kɔka kyerɛɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no sɛ ɔpɛ sɛ oyi me kɔ ayaresabea foforo—faako a wɔbɛpene nea maka no so. Ɛnyɛ nnuruyɛfo no nyinaa na wɔampene nea na maka no so. Sɛ nhwɛso no, oduruyɛfo biako ka kyerɛɛ me sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara ma wɔafa ɔkwan a m’ani gye ho so ahwɛ me. Nanso ankyɛ na nnuruyɛfo foforo fii ase sɛ wɔbɛkeka nsɛm de abu m’abam. Wobisaa me sɛ: “Wopɛ sɛ wuwu gya w’abusuafo hɔ?” Meka kyerɛɛ wɔn sɛ mepɛ sɛ wɔfa ɔkwampa biara so hwɛ me a wɔmma me mogya. Nnuruyɛfo no annya ɔpɛ biara sɛ wɔbɛboa me. Wɔn mu biako ka kyerɛɛ me pen sɛ: “Wubewu!”

Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no kohuu ayaresabea bi wɔ Barcelona na wɔpenee so sɛ wɔbɛhwɛ me a wɔmma me mogya. Hwɛ sɛnea ɛsono ayaresabea yi mu biara! Ayarehwɛfo baanu bi a wɔwɔ Barcelona de ntoboaseɛ popaa me ho hwɛɛ me ma m’ani gyei. Bere a ayarehwɛfo no resesa ntamasin a wɔde akyekyere kuru no, wɔn mu biako hui sɛ ne kɔla no asesa ayɛ sɛ apopobibiri na mogya abobɔ atɔw wom. Ɔkae sɛ ɛyɛ no aniwu sɛ nankasa man mufo anhwɛ me yiye.

Ankyɛ na wofii ase sɛ wɔrefa ɔkwan a anka ɛsɛ sɛ ayaresabea a ɛwɔ Logroño no fa so no so ahwɛ me. Nea efi mu bae no yɛɛ ahodwiriw. Nna kakraa bi na me ho fii ase sɛ ɛretɔ me, na na me mogya akɔ soro akodu 7.3. Bere a woyii me fii ayaresabea hɔ no, na me mogya akɔ soro akodu 10.7. Bere a ehiae sɛ wɔyɛ me oprehyɛn foforo wɔ ayaresabea bi wɔ United States no, na me mogya adu 11.9.

M’ani sɔ mmɔden a nnuruyɛfo ne ayarehwɛfo binom bɔ ne krado a wɔyɛ sɛ wobetie nea ayarefo ka ɛmfa ho sɛ wɔn ani gye ho anaasɛ wɔn ani nnye ho no. Sɛ nnuruyɛfo kyerɛ obu ma gyidi a yarefo bi kura, na wɔhwɛ no a, na wɔreyɛ biribi a edi mu—ma enti na ɛyɛ ayaresa a ɛfata na wɔde rema.

[Ase hɔ nsɛm]

a Yehowa Adansefo nnye mogya esiane nea Bible no ka no nti.—Hwɛ Genesis 9:4; Leviticus 7:26, 27; 17:10-14; Deuteronomium 12:23-25; 15:23; Asomafo no Nnwuma 15:20, 28, 29; 21:25.

b Sɛ Kristoni bi bɛma wɔawɔ no EPO anaasɛ ɔmpene no yɛ nankasa asɛm.—Hwɛ October 1, 1994, Ɔwɛn-Aban no kratafa 31.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Me ne me kunu ne yɛn ba

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no mufo baanu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena