Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 6/8 kr. 31
  • Television a Wode Bedi Dwuma Nyansam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Television a Wode Bedi Dwuma Nyansam
  • Nyan!—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Television Asakra Wo?
    Nyan!—1991
  • Nya Television So Tumi Ansa Na Anya Wo
    Nyan!—1991
  • Television—Sɛnea Ɛka Yɛn
    Nyan!—1983
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyae TV a Mehwɛ No Pii Dodo No?
    Nyan!—1985
Nyan!—2000
g00 6/8 kr. 31

Television a Wode Bedi Dwuma Nyansam

NOT in the Public Interest—Local TV News in America, amanneɛbɔ bi a kuw bi a wɔyɛ nsɛm ho amanneɛbɔ mu nhwehwɛmu wɔ United States de too gua no ka sɛ, wɔnam Television so “te nsɛm, bɔ mmofra atrase, na ɛkyerɛ ɔmanfo nea wɔnyɛ. TV atwa yɛn ho ahyia . . . Te sɛ sigaret wusiw no, ɛwɔ mframa mu.” Na sɛnea sigaret wusiw a wobɛtwe akɔ wo mu betumi apira wo no, saa ara na nnɔnhwerew pii a wubedi wɔ TV ho a wonyɛ ɛso dwumadi ahorow mu nhwehwɛmu no betumi anya wo so nkɛntɛnso bɔne—titiriw mmofra.

Bere a amanneɛbɔ koro no ara reka nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a woyi kyerɛ wɔ TV so ho asɛm no, ɛka sɛ “nhwehwɛmu ɔhaha pii a wɔayɛ ada no adi sɛ basabasayɛ mfonini a mmofra hwɛ no mma wontumi nsua ade, wɔyɛ basabasa, na wonnya timmɔbɔ.” Amerika Nnuruyɛfo Kuw no kae wɔ 1992 mu sɛ “television so basabasayɛ ne ade titiriw a ɛrehaw mmofra nkumaa akwahosan.”

Wobɛyɛ dɛn adi nkɛntɛnso bɔne a TV so dwumadi a ɛmfata betumi anya wɔ wo mma so no ho dwuma? Amanneɛbɔ no de nyansahyɛ ahorow bi a wonya fii nnuruyɛfo akuw hɔ, a ɛkamfo sɛnea wɔde television bedi dwuma nyansam kyerɛ no ma. Nyansahyɛ ahorow no bi na edidi so yi.

◼ Yɛ TV a wohwɛ ho nhyehyɛe na tew bere a wode hwɛ no so. Kyerɛ bere pɔtee a ɛsɛ sɛ mmofra no de hwɛ. Mfa TV nsi ɔdan a mmofra da mu no mu.

◼ Fa asase mfonini si TV no ho sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra no betumi ahu mmeae a wɔrehwɛ wɔ dwumadi no mu no.

◼ Wo ne wo mma mmom nhwɛ television na ama woatumi akyerɛkyerɛ nnaadaasɛm ne nokwasɛm mu akyerɛ wɔn. Mpɛn pii no, ɛyɛ a mmofra a wonnya nnii mfe du no ntumi nhu nneɛma bi mu nsonsonoe.

◼ Mfa television no nsi baabi a wobehu no ntɛm. Fa TV no hyɛ adaka mu. Ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛsɔ na wɔahwehwɛ dwumadibea afoforo wɔ so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena