Betie Baguam Ɔkasa a Wuntua Hwee
“Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wudwen Onyankopɔn Anwonwade Ho”
EFI November afe yi kosi January 2001 no, wɔbɛma atifi hɔ ɔkasa no wɔ “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam pii a wɔde nnansa bɛyɛ no ase sɛ nhyiam no mu ɔkasa titiriw wɔ Ghana ne Togo. Wɔbɛyɛ nhyiam no wɔ Dangme, Engiresi, Ewe, Frafra, Franse, Ga, Kabyé, Mum Kasa, Nzema, ne Twi, kasa mu. Wɔbɛma atifi hɔ kasa no wɔ nhyiam bɛboro 2,000 a ɛtete saa ase wɔ aman bɛboro 150 mu wɔ wiase nyinaa.
Wɔ afeha 20 no mu no, nnipa tumi yɛɛ anwonwade ahorow pii na ɛda adi sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsen saa mpo wɔ afeha 21 yi mu. Nanso hwɛ sɛnea nnwuma a nnipa ayɛ no nsɛ hwee bere a wɔde toto nea Onyankopɔn ayɛ ho no! Ɛnyɛ nwonwa sɛ tete ɔbarima nyansafo bi kaa eyi no: “Gyina hɔ dwen Onyankopɔn anwonwade ho”!—Hiob 37:14.
Dɛn na yesua wɔ abɔde a atwa yɛn ho ahyia te sɛ asorɔkye, osutɔ, asukyenee, ne mframa, ho? Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nea ɔbɔɔ eyinom no nya yɛn asetra so nkɛntɛnso nnɛ? Wɔbɛma eyi ne nsɛmmisa afoforo ho mmuae wɔ ɔkasa no mu.
Kohu Yehowa Adansefo a wɔwɔ faako a wote no anaa kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi no ma wɔnkyerɛ wo beae a ɛbɛn wo a wɔbɛyɛ nhyiam yi bi no. Wɔkyerɛɛ mmeae ahorow a wɔbɛyɛ nhyiam yi bi wɔ Ghana, Togo, United States, Canada, Britain, ne Ireland wɔ February 15, Ɔwɛn-Aban, a ɛyɛ yɛn nsɛmma nhoma foforo a ɛka eyi ho no mu.