Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 6/8 kr. 16-17
  • Sɛnea Wohuu Kristofo Dɔ Bere a Ogya Bepɔw Bi Paee No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wohuu Kristofo Dɔ Bere a Ogya Bepɔw Bi Paee No
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristofo Dɔ Da Adi
  • Kristofo Dɔ Nya Nnipa Pii So Nkɛntɛnso
  • Ɔdɔ a Wɔda No Adi—Asiane Bere Mu Mmoa a Egye Bere ne Mmɔdenbɔ
    Nyan!—2002
  • Ogye Nnwuma a Yehowa Reyɛ ‘Mprempren
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Wɔn a Wɔsan kɔ Ɔman a Wofi Mu No, Yehowa Hyira Wɔn Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Biribi a Ahum Biara Antumi Antwe Ankɔ
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 6/8 kr. 16-17

Sɛnea Wohuu Kristofo Dɔ Bere a Ogya Bepɔw Bi Paee No

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ CAMEROON HƆ

AFE a etwaam no, bepɔw tenten bi paee a na ɛyɛ hu wɔ Afrika Atɔe fam man Cameroon mu. Bepɔw Cameroon yɛ ogya bepɔw a ɛwɔ soro sen po anammɔn 13,353. Wɔbɔ amanneɛ sɛ, bepɔw yi a ɛpaee—nea ɛto so anum wɔ afeha 20 mu—no, yɛ nea na ɛyɛ hu na ɛsɛee ade sen biara.

Bepɔw no dii kan paee Memeneda awia, March 27, 1999. Wɔn a wɔte Buea, kurow a ɛda bepɔw no ase, a wohuu nea esii no kae sɛ, ɛmaa afasu, adan, ne nnua mpo, wosow denneennen. Ɛda a edi hɔ no anadwo nnɔnwɔtwe ne fã no, asasewosow a ano yɛ den sen biara na ɛsɛe ade kɛse sii kurow no mu. Wɔn a wɔte Douala kurow a ɛwɔ kilomita 70 no mpo tee. Le Messager atesɛm krataa a ɛbaa Benada, March 30, 1999, no nnianim asɛm no kae sɛ: “Bepɔw Cameroon Apae—Nnipa 250,000 Nkwa Da Asiane Mu.” Ɛtoaa so sɛ: “Wɔ nnanu ntam no, asase no wosow mpɛn 50; ama yɛanya bonhwa 4 dedaw; ma adan pii abubu; ɔmampanyin dan a ɛwɔ Buea no abubu.”

Yehowa Adansefo a wɔte Buea no dodow yɛ 80. Wɔn mu pii adan, a na wɔn Ahenni Asa ka ho, bubui pasaa. Nanso, obiara anwu.

Kristofo Dɔ Da Adi

Kristofo daa wɔn dɔ adi ntɛm ara, boa ma wosiesiee nneɛma a ogya bepɔw no sɛee no no. Woyii boayikuw a wɔde mmoa bɛma, na Yehowa Adansefo Sodikuw no yɛɛ nhyehyɛe a ebetumi ama wɔanya sika a wohia no, na Adansefo ɔhaha pii yii wɔn yam de wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn sika boae.

Yehowa Adansefo asafo ahorow no de nnuan kɔboae. Ɔdansefo biako de ntayaa 1,000 a wɔde semɛnte atwa boae. Ɔfoforo nso yɛɛ nhyehyɛe ma wotumi nyaa nkankyee a wɔde bɔ dan so a ne bo wɔ fam tɔe. Ɔfoforo nso nantew twaa kwan kilomita 16 kotwaa nnua. Aberante bi de sika a ɔde asie sɛ ɔde bɛyɛ ne yere ho ade no kosiesiee afiri a ɔde bu nnua, na otuu n’ayeforohyia no hyɛɛ da. Okodii nnawɔtwe abiɛsa wɔ wuram de twaa nnua a ɛbɛso adan no nyinaa si! Kristofo mmerante a wɔn ho yɛ den soaa nnua no twaa kilomita anum koguu baabi a wɔde kar bɛkɔ akɔfa.

April 24 da no, nnipa 60 kohyiaa faako a asiane no sii no kofii adansi no ase. Adapɛn a edi hɔ no, nnipa no dodow kɔɔ soro koduu 200. Adansefo baasa bi a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ honam fam adwuma no de, sɛ wɔpɔn a, na wɔkɔboa ma wɔyɛ adwuma no kosi ɔdasum. Na Ɔdansefo bi a ɔte Douala yɛ ne honam fam adwuma anɔpa biara; na afei otu ne moto twa kilomita 70 kɔboa adwuma no kosi ɔdasum ansa na wakɔ fie. Anni asram abien mpo na wosisii adan asia wiei. Saa bere no, na Asafo a ɛwɔ Buea no yɛ wɔn nhyiam wɔ ofie bi mu, ɛmfa ho sɛ na wɔn a wɔkɔ nhyiam no dodow bu bɔ asafo no mufo ho abien no.

Bere koro no ara no, boayikuw a wɔde mmoa ma no de nnuru 40,000 kɔe de kosiesiee nsu a wɔnom no na wɔde bi hwɛɛ nnipa bɛyɛ du a na mframa bɔne ne nsõ a efi bepɔw no mu ama wɔanya ɔhome mu nyarewa no. Kristofo dɔ yi kaa wɔn a wohui no dɛn?

Kristofo Dɔ Nya Nnipa Pii So Nkɛntɛnso

Bere a owura bi a ɔwɔ Boayikuw a Ɛhwɛ Kuayɛ so mu hui sɛ wɔasi dan biako awie no, ɔkae sɛ: “Ɔdan no ankasa di adanse . . . , sɛ wɔwɔ ɔdɔ.” Ɔkyerɛkyerɛfo bi kae sɛ: “Minhuu biribi sɛɛ wɔ m’asetram da. . . . Nokwarem no, eyi ma wohu nokware Kristofo ankasa.”

Wɔn a wosii dan no maa wɔn no nso kyerɛɛ ho anisɔ. Timothy, a wadi mfe 65 na ɔyare no, kyerɛw sɛ: “Bere biara a yɛn ani bɛbɔ yɛn dan foforo no so no, yɛn ani gye araa ma nusu taataa yɛn. Yɛda Yehowa ase daa wɔ nea wayɛ ama yɛn no ho.” Okunafo bi a ɔnyɛ Yehowa Dansefo ne ne mma baanan hweree wɔn nneɛma nyinaa bere a wɔn dan bubui no. Afei, wɔn a wɔbɔɔ wɔn paa sɛ wɔmmɛboa no no wiaa ne nkankyee a na egu ne dan so no. Adansefo a na wɔatu wɔn ho ama no kɔboaa no. Ɔkae sɛ: “Minhu sɛnea menna mo ase. Anigye ahyɛ me koma ma.” Elizabeth, a ne kunu yɛ panyin wɔ Kristofo asafo no mu no, kae sɛ: “Ɛyɛ me anigye sɛ Yehowa ahyehyɛde no mufo dodɔ wɔn ho saa. Ɛkyerɛ sɛ yɛresom Nyankopɔn teasefo no.”

Na bepɔw no a ɛpaee no yɛ hu ankasa, nanso amma ɔdɔ a Kristofo yi wɔ ma wɔn ho no ammrɛ ase. Sɛnea honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee no, “ɔdɔ to ntwa da.”—1 Korintofo 13:8.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Abo a ɛnan danee nsu no sɛee nneɛma pii

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Wɔn a wotuu wɔn ho mae no yɛɛ adwumaden de siesiee adan a ebubui no

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Bepɔw Cameroon

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena