Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 6/8 kr. 22-25
  • Nea Ɛyɛe a Yɛsan Ka Boom Sɛ Abusua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛyɛe a Yɛsan Ka Boom Sɛ Abusua
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yenyaa Mfiase Pa
  • Yɛn Mu a Ɛpaapae
  • Nsakrae a Lars Yɛe Mpofirim
  • Judith Nso Ɛ?
  • Wɔn Ayeforohyia a Ɛto So Abien
  • Mmofra No
  • Yɛn Asetra Nnɛ
  • Mpenatwe Anaasɛ Aware?
    Nyan!—1986
  • Anigye A Yehowa Som Ama Manya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • So Yehowa Adansefo Gu Nkurɔfo Aware?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban: Bible Tumi Sesa Nnipa
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 6/8 kr. 22-25

Nea Ɛyɛe a Yɛsan Ka Boom Sɛ Abusua

Sɛnea Lars ne Judith Westergaard ka kyerɛe

WƆN fie hɔ tebea te sɛ nea abusua biara a emu yɛ anigye wɔ Denmark no te no ara. Ɛyɛ ofie a ɛyɛ fɛ a wɔayɛ turo fɛfɛ bi wom a ɛwɔ akuraa bi a asomdwoe wɔ hɔ ase. Wɔde mmofra a wɔwɔ abusua no mu a wɔte apɔw na wɔwɔ anigye no mfonini kɛse bi abɔ ofie hɔ.

Wɔn papa, Lars, yɛ ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo asafo bi mu. Ne yere, Judith, yɛ ɔkwampaefo (bere nyinaa ɔsɛmpakafo). Ɛwom sɛ wɔyɛ awarefo a wɔwɔ anigye de, nanso na ɛnte saa bere nyinaa. Lars ne Judith afa mmere bɔne mu pɛn a ɛkowiee awaregyae mu na ɛmaa wɔn abusua no mu paapaee. Nanso, seesei abusua no asan ayɛ biako. Dɛn ntia? Wɔn ankasa kyerɛkyerɛ nea ɛbae no mu.

Ɛnhaw Lars ne Judith sɛ wɔbɛka nea ɛmaa wɔn aware no sɛee ne sɛnea ɛyɛe a wɔsan ka boom no ho asɛm. Wɔte nka sɛ wɔn suahu no betumi aboa afoforo.

Yenyaa Mfiase Pa

Lars: Ná yɛwɔ anigye a edi mũ bere a yɛwaree wɔ April 1973 mu no. Na ɛte sɛ nea yɛwɔ biribiara wɔ wiase. Na yennim Bible no anaa Yehowa Adansefo ho biribiara, nanso na yɛwɔ gyidi sɛ yebetumi ama wiase no ayɛ baabi pa a nnipa betumi atra bere a obiara yɛ adwumaden de boa no. Enti yɛde yɛn ho hyɛɛ amammuisɛm mu kɛse. Yɛn anigye no yɛɛ kɛse bere a yenyaa mmarimaa baasa a wɔwɔ apɔwmuden na wɔn ho yɛ fɛ—Martin, Thomas, ne Jonas—kaa yɛn ho no.

Judith: Ná mewɔ dibea a ɛkorɔn wɔ aban adwuma bi mu. Saa bere no mu ara no, mede me ho hyɛɛ amammuisɛm ne adwumayɛfo nkabom kuw dwumadi ahorow mu. Wɔmaa me dibea a ɛkorɔn nkakrankakra.

Lars: Me de, na meyɛ adwuma wɔ adwumayɛfo nkabom kuw kɛse bi mu, mekɔɔ anim araa konyaa dibea a ɛkorɔn. Yenyaa nkɔso wɔ yɛn adwuma no mu araa ma na biribiara nni hɔ a ebetumi atwitware yɛn anan mu.

Yɛn Mu a Ɛpaapae

Lars: Nanso yɛde yɛn ho hyɛɛ yɛn nnwuma mu fee araa ma na yennya bere mma yɛn ho koraa. Ná yɛyɛ adwuma wɔ amammui kuw koro mu, nanso na ɛsono obiara dwumadibea. Afoforo na na ɛhwɛ yɛn mma mmarimaa no ma yɛn, ɛtɔ da bi a na yɛma obi hwɛ wɔn, na ɛtɔ da bi nso a, na yɛde wɔn kɔ baabi a wɔhwɛ mmofra. Esiane sɛ na yɛn mu biara dwene n’ankasa yiyedi ho nti, ɛmaa yɛn abusua no mu paapaee. Na yɛtaa ham da a yɛn baanu nyinaa wɔ fie no. Enti, mifii ase nom nsa sɛnea ɛbɛma me werɛ afi me haw ahorow no.

Judith: Nokwarem no, na yɛda so ara dɔ yɛn ho ne mmofra no, nanso na ɔdɔ no nni mũ; na ehinhim. Yɛn ntam abusuabɔ bɛsɛee koraa, na ɛde mmofra no too asiane mu.

Lars: Esiane sɛ na merebɔ mmɔden denneennen sɛ yɛbɛsan ama yɛn abusua no ayɛ yiye nti, misii gyinae sɛ megyae m’adwuma no. Wɔ 1985 mu no, yetu fii kurow kɛse mu kɔtraa kurow ketewa a yɛte mu seesei no mu. Nneɛma yɛɛ yiye kakra, nanso na obiara da so dwene n’ankasa ho. Awiei koraa wɔ February 1989 mu no, yeguu yɛn aware a na adi mfe 16 no. Yɛn abusua no baa ɔhaw mu.

Judith: Ná ɛyɛ awerɛhow kɛse bere a yehuu sɛ yɛn abusua no mu apaapae na yɛn mma no rehu amane no. Yɛtentanee yɛn ho araa ma na yɛn adwene mpo ntumi nhyia sɛ yɛbɛbom ahwɛ mmarimaa no, enti me nkutoo na mehwɛɛ wɔn baasa nyinaa.

Lars: Me ne Judith bɔɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛka yɛn abusua a asɛe no abom bio. Yɛbɔɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛɛ mmoa mpo. Nanso na yenni Onyankopɔn ho nimdeɛ ahe biara.

Judith: Ná yɛte nka sɛ Onyankopɔn ntie yɛn mpaebɔ. Yɛn ani gye sɛ efi saa bere no yɛahu sɛ Onyankopɔn yɛ mpaebɔ tiefo.

Lars: Ná yennim sɛ ɛsɛ sɛ yɛn ankasa bɔ yɛn ho mmɔden na yɛyɛ nsakrae. Enti awaregu no maa yedii yaw ankasa.

Nsakrae a Lars Yɛe Mpofirim

Lars: Nanso bere a na me nkutoo mete no, nneɛma sesae mpofirim koraa maa me. Da bi, migyee nsɛmma nhoma abien fii Yehowa Adansefo hɔ. Kan no, na mempɛ sɛ mehu Adansefo no anim. Nanso bere a mekenkanee saa nsɛmma nhoma no, mihuu sɛ Adansefo no wɔ Onyankopɔn ne Yesu Kristo mu gyidi ankasa. Ɛno yɛɛ me nwonwa yiye. Ná mennye nni sɛ wɔyɛ Kristofo koraa.

Bere koro no ara no, me ne ɔbea bi a na mahyia no pɛn kɔbɔɔ fipam. Ɛbɛdaa adi sɛ na ɔyɛ Yehowa Dansefo. Bere a mifii ase bisabisaa no nsɛm no, ofi Bible mu kyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Enti “Yehowa Adansefo” kyerɛ “Onyankopɔn Adansefo”!

Ɔbea no yɛɛ nhyehyɛe maa mikotiee baguam ɔkasa wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa bi so. Nea mihuu wɔ hɔ no maa m’ani gyee yiye. Mekɔɔ hɔnom Ahenni Asa so kosuaa pii, na yɛyɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe. Ankyɛ na mibehuu sɛ asetra a mewom no nye, enti mitu gyaw me yɔnko bea no hɔ, na me nkutoo kɔtraa me kurom. Bere a metwɛnee kakra no, mehwehwɛɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no ne wɔn toaa Bible adesua no so.

Nanso, na m’adwenem da so ara yɛ me naa. So Yehowa Adansefo yɛ Onyankopɔn nkurɔfo ampa? Na nneɛma a na masua wɔ mmofraberem no nso ɛ? Esiane sɛ wɔtetee me sɛ Seventh-Day Adventistni nti, mikohuu Adventist sɔfo bi. Ogyee pene sɛ ɔne me besua ade Wukuda biara, bere a na Yehowa Adansefo nso ne me sua ade Dwoda biara no. Nea na merehwehwɛ ara ne sɛ menya nsɛm anan a edidi so yi ho mmuae pɔtee afi wɔn mu biara hɔ: Kristo sanba, owusɔre, Baasakoro nkyerɛkyerɛ, ne sɛnea asafo no di nneɛma ho dwuma. Egyee me asram kakraa bi pɛ na metee biribiara ase. Wɔ saa nsɛm anan no mu—ne biribi foforo biara mu no—na Yehowa Adansefo gyidi nkutoo na egyina Bible so pintinn. Enti, mede anigye fii ase nyaa asafo dwumadi nyinaa mu kyɛfa, na mihyiraa me ho so maa Yehowa ntɛm ara. Wɔ May 1990 mu no, wɔbɔɔ me asu.

Judith Nso Ɛ?

Judith: Bere a yegyaee aware koraa akyi no, mifii ase kɔɔ asɔre. Bere a metee sɛ Lars abɛyɛ Yehowa Dansefo no, m’ani annye ho koraa. Ɛtɔ mmere bi a, na yɛn ba barima kumaa Jonas a na wadi mfe du no kɔsra ne papa, nanso mebɔɔ Lars kɔkɔ denneennen sɛ ɔmmfa Jonas nnkɔ Adansefo no nhyiam biara. Lars de asɛm no kɔdan asɛnnibea, nanso wodi maa me.

Ná mahu ɔbarima foforo. Afei nso, na mede me ho ahyɛ amammuisɛm ne ɔman nnwuma ahorow nyinaa mu. Enti sɛ obi kae saa bere no sɛ yɛn abusua no betumi aka abom bio a, anka minnye nni.

Bere a merepɛ biribi agyina so atia Yehowa Adansefo no, mekɔɔ mpɔtam hɔ asɔre no sɔfo hɔ, na ɔkyerɛe amonom hɔ ara sɛ onnim Adansefo no ho biribiara, na onni wɔn ho nhoma biara. Nea otumi kae ara ne sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ megyae wɔn akyi di. Nokwarem no, ɛno antumi ansakra adwemmɔne a na manya wɔ Yehowa Adansefo ho no. Nanso, me ne wɔn konyaa abusuabɔ wɔ ɔkwan bi a na menhwɛ kwan so.

Ná me nuabarima a ɔwɔ Sweden abɛyɛ Yehowa Dansefo, na ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra n’ayeforohyia ase wɔ Ahenni Asa so! Osuahu a minyaa wɔ hɔ no maa mesakraa m’adwene koraa wɔ Adansefo no ho. Anwonwasɛm ne sɛ, na wɔnyɛ wɔn a wɔn ho nyɛ anika sɛnea misusuw bere nyinaa no. Ná wɔyɛ nnipa a wɔwɔ ayamye ne anigye, na na wɔpɛ serew mpo.

Ɛde besi saa bere yi no, na me kunu dedaw, Lars, asakra koraa. Ná wabɛyɛ obi a n’ani ku asɛyɛde ho yiye, na onya mmofra no ho bere, na ɔwɔ ayamye, na ɔhwɛ ne kasa yiye, na na ɔnnom nsa pii bio sɛnea na ɔyɛ kan no. Ná ne nipasu asesa koraa! Na afei de wabɛyɛ ɔbarima a mepɛ sɛ ɔyɛ daa no. Sɛ ebesi me tirim sɛ ɔnyɛ me kunu bio, na ebia da bi ɔbea foforo bɛware no a, na ɛhaw me!

Afei mefaa anifere kwan so “kɔɔ no so.” Esiane sɛ na Jonas ne ne papa te nti, meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mede me nuanom mmea baanu bɛka me ho akɔ Jonas ne Lars hɔ, a adwene no ne sɛ Jonas sewaanom no rekɔhwɛ no. Yehyiaa wɔ anigyebea bi. Bere a na Jonas wɔ ne sewaanom nkyɛn no, me ne Lars pɛɛ benkyi bi traa so.

Anwonwasɛm ne sɛ, bere a mekaa yɛn daakye ho asɛm pɛ, na Lars yii nhoma bi fii ne kotoku mu. Ná wɔfrɛ no Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye.a Ɔde nhoma no maa me ka kyerɛɛ me sɛ menkenkan ti a ɛfa okunu ne ɔyere asɛyɛde wɔ abusua mu ho no. Ɔhyɛɛ da sii no pi sɛ menkenkan kyerɛw nsɛm no.

Afei, bere a me ne Lars sɔre fii benkyi no so no, mepɛe sɛ anka miso ne nsa, nanso wampene. Ná Lars nyɛɛ n’adwene sɛ ɔne me benya abusuabɔ bio bere a onnim adwene a mikura wɔ ne gyidi foforo no ho. Ɛhyɛɛ me aniwu kakra, nanso mihui sɛ ntease wɔ nea ɔyɛe no mu, na sɛ ɔsan bɛyɛ me kunu a ɛbɛboa m’ankasa.

Eyi nyinaa maa mehwehwɛɛ Yehowa Adansefo ho nsɛm pii sen bere biara. Ade kyee no, mekɔhwehwɛɛ ɔbea bi a na minim sɛ ɔyɛ Ɔdansefo, na yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne ne kunu mmɛkyerɛ me nsɛm bi a mihia fa wɔn som no ho. Wonyaa mmuae a egyina Bible so maa me nsɛmmisa no nyinaa. Mibehuu sɛ nea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ no gyina Bible so pintinn. Migyee biribiara a yesusuw ho no toom sɛ ɛyɛ nokware.

Saa bere no na migyaee Evangelical Lutheran Asɔre no na mitwaa m’amammui dwumadi nyinaa mu. Migyaee sigaretnom mpo. Ná ɛno ne anammɔn a ne tu yɛ den sen biara. Mifii me Bible adesua ase wɔ August 1990 mu, na wɔ April 1991 mu no, wɔbɔɔ me asu sɛ Yehowa Dansefo.

Wɔn Ayeforohyia a Ɛto So Abien

Judith: Afei de, na wɔabɔ yɛn baanu nyinaa asu sɛ Adansefo. Ɛwom sɛ yɛn mu biara faa ɔkwan a ɔpɛ so de, nanso na yɛn nyinaa asua Bible no. Esiane Bible no nkyerɛkyerɛ pa nti, na yɛnte sɛ kan no bio. Ná yɛdwene yɛn ho yɛn ho ho, ebia na ɛkyɛn kan no mpo. Enti na yɛanya hokwan sɛ yɛbɛsan aware—na yɛwaree. Yɛkaa aware ho ntam a ɛto so abien, nanso saa bere yi de, yɛyɛɛ saa wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so.

Lars: Anwonwasɛm—yɛn abusua no asan aka abom! Hwɛ anigye ne abotɔyam ara a yenyae saa bere no!

Judith: Yɛn mmabarima no, yɛn abusuafo pii, ne yɛn nnamfo foforo ne dedaw nyinaa baa yɛn ayeforohyia no ase. Ná ɛyɛ adeyɛ a ɛyɛ anigye. Ná ebinom a wonim yɛn kan aware no wɔ hɔ bi; wɔn ani gyei sɛ wohui sɛ yɛaka abom bio na wɔn ho dwiriw wɔn bere a wohuu nokware anigye a Yehowa Adansefo wɔ no.

Mmofra No

Lars: Efi bere a wɔbɔɔ yɛn asu no, yɛatumi aboa yɛn mmabarima baanu ma wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa.

Judith: Jonas kyerɛɛ Bible mu nokware no ho anigye fi bere a na ɔyɛ abarimaa a na ɔkɔsra ne papa no. Bere a na wadi mfe du no ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔpɛ sɛ ɔne ne papa kɔtra efisɛ sɛnea ɔkyerɛe no , “Paapa di Bible no akyi.” Wɔbɔɔ Jonas asu bere a na wadi mfe 14. Wawie sukuu, na seesei ɔyɛ bere nyinaa somfo.

Lars: Seesei, yɛn ba panyin Martin adi mfe 27. Nsakrae a ohui sɛ yɛayɛ no maa osusuw nneɛma ho yiye. Ofii fie kɔtraa ɔman no fã baabi. Mfe abien a atwam no, ofii ase ne hɔnom Yehowa Adansefo no suaa Bible. Asram anum pɛ no, na wayɛ krado sɛ ɔbɛbɔ asu. Ɔda so ara wɔ nhyehyɛe pa sɛ ɔbɛkɔ so atra ase daakye sɛ Kristoni.

Seesei, yɛn ba a ɔda ntam, Thomas, nyɛ Yehowa Ɔdansefo. Nokwarem no, yɛda so dɔ no, na yɛne no wɔ abusuabɔ pa. N’ani gye nsakrae a ɛbaa yɛn abusua mu no ho. Na yɛn nyinaa gye tom sɛ nnyinasosɛm a yɛn sɛ awofo no sua fii Bible mu no na ama yɛn abusua no asan ayɛ biako no. Hwɛ nhyira a ɛyɛ sɛ seesei yetumi tra bom sɛ abusua, a mmarimaa baasa no ne yɛn awofo no nyinaa ayɛ biako!

Yɛn Asetra Nnɛ

Lars: Ɛnyɛ nea yɛrepɛ akyerɛ ne sɛ yɛabɛyɛ nnipa a wɔyɛ pɛ. Nanso yɛasua biribi—sɛ ɔdɔ ne bu a obiara bebu ne yɔnko ne nneɛma titiriw a ɛma aware gyina. Fapem a yɛn aware no gyina so seesei no ne kan de no bɔ abira koraa. Ɛnnɛ, yɛn baanu nyinaa de yɛn ho to tumi bi a ɛkorɔn sen yɛn so efisɛ yɛn baanu nyinaa nim sɛ yɛte ase ma Yehowa. Me ne Judith te nka sɛ yɛayɛ biako ankasa, na yɛde ahotoso hwɛ daakye kwan.

Judith: Misusuw sɛ yɛn tebea no di adanse ankasa sɛ Yehowa ne aware ne abusua ho fotufo a ɔsen biara.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii wɔ 1978 mu; seesei wɔagyae tintim.

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Lars ne Judith bere a wohyiaa ayeforo a edi kan no wɔ 1973 mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Mmarimaa baasa no hweree wɔn abusua a na biakoyɛ wom no, na wɔn nsa aka bio

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Lars ne Judith nnɛ, Bible nnyinasosɛm a wɔde dii dwuma ama wɔasan ayɛ biako

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena