Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 6/8 kr. 26-27
  • Nnipa A Wɔte Abodan Mu Nnɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa A Wɔte Abodan Mu Nnɛ
  • Nyan!—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kenya Ɔbodan Mu Trafo A Wɔda Nsow
    Nyan!—1991
  • Ɔhamuni—Obi A Wakɔ So Atra Ase Wo Tebea A Emu Yɛ Den Mu Wɔ Afrika
    Nyan!—1985
  • Po A Awu Nhoma Mmobɔwee​—Ademude A Ɛso Nni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • “Wodi Aburow Aduan Pii”
    Nyan!—1985
Nyan!—2000
g00 6/8 kr. 26-27

Nnipa A Wɔte Abodan Mu Nnɛ

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ LESOTHO HƆ

NNIPA BI TE ABODAN MU nnɛ? Ebinom wɔ Lesotho, Afrika kesee fam ahemman a mmepɔw ayɛ hɔ ma a wɔfrɛ no Afrika Switzerland no. Efi wɔn akuraa, Ha Kome rekɔ Lesotho ahenkurow, Maseru, a ɛda Maluti Mmepɔw a ɛkorɔn ase no yɛ kilomita 60. Wɔ ahohuru bere mu no, nhwiren kɔkɔɔ pii fifi wɔ mmepɔw yi nsianee so. Sɛ wɔde nhwiren fɛfɛ a wonim no sɛ nhwiren kɔkɔɔ a ɛhyerɛn [Kniphofia caulenses] no toto kwae berentuw a ɛwɔ beae hɔ no ho a, ɛyɛ soronko koraa.

Mmusua pii a wɔtete ha no asetra te sɛ wɔn a na wɔwɔ hɔ mfehaha pii a atwam de no. Wosisi wɔn adan wɔ abodan a ɛwowɔ bepɔw no ase no mu. Wɔde nnua ne nneɛma foforo, te sɛ demmire, na ɛyɛ anim fasu a ɛyɛ den no. Wɔde dɔte ne nantwibin yɛ ntwõmã kwa fasu no ho. Ntwõmã yi ma dan mu yɛ hyew bere a awɔw aba Lesotho na wim ayɛ nwini paa no. Wɔatu fam hɔ baabi frɛ hɔ ifo, a ɛkyerɛ “gyaade,” na na ɛno nso ma wonya ɔhyew wɔ awɔw bere mu.

Ɔbotan a wɔde ayɛ dan no ara bi na ɛyɛ suhyɛ ne fasu biara. Wɔde ntwõmã a wɔde dɔte ne nantwibin ayɛ no kwa ɔbodan yi ho, na saa ara na wɔyɛ no afe biara. Eyi ma ɔbotan no nya kɔla foforo na ɛma ɛho yɛ toromtorom. Wɔde nantwi nhoma siesie ɔdan no mu, na wɔsan da so.

Obi a ofi atɔe fam bɛsra hɔ no behu sɛ ɛhɔ asetra no yɛ soronko koraa. Ade a wɔde siesie wɔn ho titiriw ne kuntu a ɛyɛ fɛ ne sare kyɛw. Wɔtaa hu mmarimaa a wɔnhyɛ mpaboa a wɔrehwɛ wɔn nguan wɔ hɔ. Wotumi hu akuraa no ase mmarima no sɛ wɔreyɛ wɔn aburofuw mu adwuma anaasɛ wɔne afoforo rebɔ nkɔmmɔ denneennen.

Wɔntaa nhu nneɛma a afi nyansahu mu aba nnɛ no bi. Ɛtɔ da a, wimhyɛn nketewa a etwam wɔ akuraa no ase ne lɔre a ɛde nkurɔfo bɛhwɛ abodan no ma mmofra ne mpanyin nyinaa ani gye. Wɔtaa sɔ gya bukyia mu abɔnten noa wɔn aduan wɔ dadesɛn a ne nan abiɛsa a ɛho tumm mu. Esiane sɛ nnyina ho yɛ nã nti, wɔde nantwibin a akyen, demmire, ne mmabaa na ɛfra sɔ gya. Nnwinade a wɔde yɛ ade wɔ fie a wuhu wɔ ɔbodan yi mu bi ne waduru a wosi mu aburow ne dua a wɔde ka koko.

Wonim Lesotho yiye sɛ beae a Bushmenfo yeyɛɛ mfonini a mpɛn pii no wohu wɔ abodan pii mu ne abotan a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no ho. Bushmenfo yi ne nnipa a na mfiase no wɔte Ha Kome abodan ahorow no mu. Mfonini a wɔyeyɛe no dɔɔso, ebi ne nhyɛmma ne asau a wɔde yi mpataa ne nnipa a wɔhyehyɛ aboa nhoma a wɔsaw. Wɔyɛɛ mmoa te sɛ kontromfi, gyata, susono, ne adowa nso mfonini. Mfonini a ɛwɔ Ha Kome abodan ahorow mu no pii asɛesɛe. Nea Bushmenfo no yɛe no mu kakraa bi pɛ na aka.

Yehowa Adansefo kuw bi yɛ asɛnka adwuma wɔ baabi a efi hɔ rekɔ Ha Kome nware koraa. Ɛtɔ da a, wɔkɔsra abodan mufo yi a wɔpɛ ahɔhoyɛ no. Mpɛn pii no, sɛ Adansefo no kɔ hɔ a, wɔma wɔn ɛhɔnom koko a wɔfrɛ no motoho no bi. Ha Komefo no pii de anigye gye Bible ho nhoma. Mpɛn pii no, sɛ wɔn nsa ka nhoma no a, wɔde mfunne, kesua, ne nneɛma foforo ma sɛ nea wɔde boa Adansefo no nkyerɛkyerɛ adwuma no.

Saa nnipa a wɔte abodan mu nnɛ no wɔ obu a emu dɔ ma Bible no, na wɔtaa bisa nsɛm fa asetra, owu, ne wɔn atetesɛm ho. Adwuma a Adansefo no de nsi yɛ wɔ saa beae no ama wɔanya Bible adesuafo pii. Wɔnam saa kwan yi so agu nokware ho aba no wɔ nnipa ahobrɛasefo yi koma a ɛte sɛ anhwea pa no mu.—Mateo 13:8.

[Asase mfonini wɔ kratafa 26]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

HA KOME

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena