Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 3/8 kr. 30-31
  • Sɛnea Ɔyare Ama Madi Amia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Ɔyare Ama Madi Amia
  • Nyan!—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkɔso A Aba Ɛyaw Ho Ayaresa Mu
    Nyan!—1994
  • Ɛyaw Kõ A Ebefi Hɔ
    Nyan!—1994
  • Wɔnyɛ Nkonyaayifo Anaa Anyame
    Nyan!—1994
  • Wie A Miwiee Me Ko No
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 3/8 kr. 30-31

Sɛnea Ɔyare Ama Madi Amia

SƐNEA TANYA SALAY KA KYERƐE

Mfe kakra a atwam ni no, na meyɛ ɛna a memfa m’asɛyɛde nni agoru ne bere nyinaa somfo wɔ Alabama kurow ketewaa Luverne, mu. Saa akuraa yi ase dwo, na nneɛma kɔ so wɔano wɔano. Biribiara kɔɔ yiye maa me ne me kunu, Duke, ne yɛn ba abarimaa, Daniel. Nanso, oprehyɛn ketewaa bi maa yɛn asetra sakrae koraa.

YƐN haw no fii ase wɔ 1992 mu bere a wɔyɛɛ m’awotwaa mu oprehyɛn no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, na metaa te yaw a emu yɛ den na na medwensɔ pii (50 kosi 60 da biara). Awiei koraa no, me duruyɛfo no ne dwensɔtoa mu duruyɛfo bi yɛɛ nhyehyɛe de bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwehwɛ dekode a ɛhaw me no.

Mekɔɔ ayaresabea ma wɔkɔyɛɛ me nipadua mu nhwehwɛmu. Bere a edi kan a mekɔɔ hɔ no, dwensɔtoa mu ɔyaresafo no huu nea ɛhaw me—na manya interstitial cystitis (IC), anaasɛ na me dwensɔtoa no ahon. Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ obehu efisɛ saa ɔyare yi ho nsɛnkyerɛnne te sɛ nea ɛda adi wɔ dwensɔyare foforo ho no ara. Bio nso, nhwehwɛmu pɔtee bi nni hɔ a na wɔbɛhyɛ da ayɛ de ahu saa ɔyare yi. Enti ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo bu wɔn ani gu ɔhaw foforo bi so ansa na wɔatumi ayɛ IC ho nhwehwɛmu a ɛte saa.

Yɛn duruyɛfo no kaa pen sɛ esiane sɛ aduruyɛ no anyɛ yiye nti, nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara ne sɛ woyi dwensɔtoa no! Ɔkae sɛ nnuruyɛ foforo wɔ hɔ nanso emu biara anyɛ yiye. Nokwarem no, ɛno ma yɛyɛɛ basaa. Bere bi a atwam no, na anka mewɔ apɔwmuden a ɛsɛ. Sɛ́ Yehowa Adansefo no, na me ne Duke de mfe pii ayɛ bere nyinaa som adwuma no, na afei de wɔaka akyerɛ me ɛsɛ sɛ woyi me dwensɔtoa no. Ɛyɛ me anigye sɛ me kunu gyinaa m’akyi pintinn.

Yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛhwehwɛ dwensɔtoa mu duruyɛfo foforo. Yɛkɔɔ nnuruyɛfo pii nkyɛn. Awerɛhosɛm ne sɛ, saa bere no na nnuruyɛfo pii nni IC ho nimdeɛ pii. Afei nso, na ɛsono adwene a nnuruyɛfo no mu biara kura, enti na wɔn mu biara kamfo aduru foforo. Aduruyɛ nhoma bi ka sɛ: “Ɛte sɛ nea ɔyare no nni sabea.” Ɔfoforo ka sɛ: “Nyansahufo nnya nhuu IC ano aduru, na saa ara na wontumi nkyerɛ aduruyɛ pɔtee bi a ebetumi agye ɔyarefo no. . . . Esiane sɛ nnuruyɛfo nnim nea ɛde IC ba nti, aduru a ɛwɔ hɔ no yɛ nea edwudwo ɛyaw ano kɛkɛ.”

Ɛyaw kɛse ne dwensɔ a na medwensɔ pii no maa me ho yeraw me araa ma na mepɛ sɛ mesɔ aduru biara a nnuruyɛfo bɛkamfo akyerɛ no hwɛ. Masɔ nnuruyɛ bɛboro 40 ahwɛ, a nea ɛka ho ne nhabannuru, acupuncture, ntini mu mpaane a wɔwowɔ, ɛhon ntini mu paane a wɔwɔ, ne nipadua no mu a wɔde anyinam ahoɔden yɛ mu nhwehwɛmu (TENS), na wɔ eyi mu no, wɔde anyinam ahoɔden hyɛ ehon ntini no mu den simma anaa nnɔnhwerew dodow bi. Meyɛɛ nhwehwɛmu biara sɛnea metumi, na ɛno boaa me ma mihuu sɛnea me yare no te.

Seesei, wɔama me aduru bi a wɔfrɛ no methadone, a edwudwo ɛyaw ano, ɛne nnuru afoforo asia. Mekɔ ayaresabea daa, baabi a bere nyinaa wɔde aduru wowɔ me hon ntini mu mpaane de dwudwo ɛyaw no ano. Ɛdefa dwensɔ a metaa dwensɔ ho no, mekɔ ayaresabea asram abiɛsa anaa anan biara kɔyɛ biribi a wɔfrɛ no hydrodistension, a emu no wɔfa kwan bi so ma me dwensɔtoa no mu bae te sɛ baluu. Mayɛ eyi mpɛn dodow bi. Ɛma me ho bae me ankasa asram dodow bi. Makɔ ayaresabea hɔ bɛboro mpɛn 30 wɔ mfe kakraa a atwam no mu.

Na me dwensɔtoa a wɔkae sɛ wobeyi no nso ɛ? Nhoma bi ka sɛ: “Nnuruyɛfo pii mpɛ sɛ wɔbɛyɛ ɔyarefo no oprehyɛn efisɛ ɛyɛ a na wontumi nhu nea ebefi mu aba—wɔyɛ ebinom oprehyɛn nanso ɔyare no nnyae ara.” Enti seesei de, matwe oprehyɛn no asan.

Ɛtɔ da a, ɛyaw no toa so daa na emu yɛ den araa ma na mereyɛ apa abaw. Misusuw ho mpo sɛ medi me ho dɔm. Nanso, ɛyɛ a na misusuw ho nso sɛ ɛde ahohorabɔ kɛse bɛba Yehowa din so. Mitumi hu sɛnea mpaebɔ ne kokoam adesua ne abusuabɔ pa a yɛne Yehowa benya no ho hia, efisɛ wunnim nea ɛbɛto wo a ɛbɛsakra w’asetra. Saa abusuabɔ yi akora me nkwa so wɔ me yare no mu, efisɛ minim sɛ anyɛ saa a, anka madi me ho dɔm.

Sɛ misusuw mfirihyia akron a abɛsen kɔ no ho a, mihu sɛnea asetra tumi sesa mpofirim no. Mekyerɛ nsɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 12:1 no ho anisɔ: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: minni ho anigye, no adu.” M’ani sɔ kɛse sɛ mifii bere nyinaa som adwuma no ase bere a na madi mfe 15, na mitumi de bɛyɛ mfe 20 yɛe no. Wɔ saa bere no mu no, me ne Yehowa nyaa abusuabɔ pa.

Meda Yehowa ase sɛ waboa me kɛse denam me kunu ne me babarima, Daniel, so. Afei nso, sɛ asafo no mufo frɛ me telefon so anaasɛ wɔba me nkyɛn bɛsra me a, ɛhyɛ me nkuran kɛse. Ɛyɛ den sɛ mepue wɔ awɔw bere mu efisɛ awɔw no ma ɛyaw no yɛ kɛse. Sɛ ɛba saa a, meyɛ telefon so adansedi, na ɛma Paradise ho anidaso no tra m’dwenem daa na ɛyɛ paara ma me. Mehwɛ bere a yare ne amanehunu befi hɔ na ɛremma adwene mu bio no kwan.—Yesaia 33:24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena