Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 7/8 kr. 15-18
  • Turo Soronko Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Turo Soronko Bi
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Ɛhɔ Afifide no Gu Ahorow Fa
  • Sugar-Bush Nhwiren ne Apiti
  • Nkitahodi Foforo a Ɛho Hia
  • Abusuabɔ a Ɛyɛ Hu
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Sɛnea Abɔde Nyinaa Dan Wɔn Ho Wɔn Ho
    Nyan!—2001
  • Afrika Wim Abohene
    Nyan!—1998
  • Nea Afofantɔ Yɛ Da Biara
    Nyan!—1994
Nyan!—2001
g01 7/8 kr. 15-18

Turo Soronko Bi

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SOUTH AFRICA HƆ

BERE a afeha 18 mu afifide ho nimdefo Carolus Linnaeus kaa nhwiren a ɛwɔ Afrika ho asɛm akyi no, ɔkaa baabi a saa nhwiren no wɔ ho asɛm sɛ “asase so paradise anaa Cape of Good Hope, beae a Ɔbɔadeɛ Yamyefo no de afifide a ɛyɛ fɛ sen biara asiesie.”

Wohu afifide a ɛyɛ fɛ sen biara yi wɔ Afrika anaafo fam beae bi. Dutchfo a wɔkɔtraa saa beae no too afifide atitiriw a ɛwɔ hɔ no din fijnbosch, a nea ɛkyerɛ ne “nwura a ɛyɛ fɛ” anaa “kwae a ɛyɛ fɛ.” Esiane sɛ asɛmfua fijn kyerɛ “ketewa” nti, ebetumi aba sɛ na eyi fa nwura ne afifide nketewa, ne nnua nketewa a ɛwɔ saa beae no ho. Bere bi akyi no, asɛmfua fijnbosch bɛdanee “fynbos.” Ɛtɔ mmere bi a, fynbos nhaban yɛ nketenkete na ɛyɛ den, nanso sɛnea nhwiren no kɛse, ne kɔla, ne ne yɛbea te no, tumi yɛ ahodwiriw.

Ɛsono Fynbos turo no—Cape of Good Hope—koraa wɔ aturo afoforo a ɛwɔ wiase no ho.a Ɛwom sɛ saa turo yi sua koraa de, nanso afifide pii wɔ mu—nhoma bi kyerɛ sɛ afifide bɛboro 8,550 na ɛwɔ hɔ a emu nkyem abiɛsa mu abien nni wiase yi mu baabiara.

Wɔ Table Mountain nkutoo no, afifide 1,470 na ɛwɔ hɔ! New Scientist nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Eyi dɔɔso sen nea wɔahu wɔ Britain ne Ireland nyinaa.” Afei nso, Fynbos da nsow koraa wɔ wiase nyinaa. Ɔkwan bɛn so?

Sɛnea Ɛhɔ Afifide no Gu Ahorow Fa

Sɛ wuhu sɛ geranium afifi wɔ wo mpomma akyi a, na ɛyɛ Fynbos nhwiren no bi. Nhwiren yi 250 a efifi wɔ asase so nyinaa no nkyem abiɛsa mu abien yɛ Fynbos.

Sɛ ɛno da nkyɛn a, nhwiren ahorow 1,800 a ɛwɔ Iridaceae abusua mu no mu nkyem abiɛsa mu biako na enyin wɔ ha, na gladioli abusua no mu nhwiren bɛboro 72 na wonhu bi wɔ asase so baabiara. Daisies ne vygies nhwiren ahorow 1,646 na ɛwɔ Afrika anaafo fam.b Eyi mu bi ne nhwiren a etumi di bere tenten, a ɛyɛ fɛ bere nyinaa na wɔtaa dua no mfe a nhwiren tumi hyew mu no.

Nanso, Fynbos abusua mu nhwiren biako a ɛda nsow koraa ne nea wɔfrɛ no erica no. Ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ, erica nhwiren 740 a ɛwɔ wiase nyinaa no mu 625 na ɛwɔ Fynbos abusua no mu!

Sugar-Bush Nhwiren ne Apiti

Linnaeus yɛɛ Fynbos nhwiren abusua no biako a ne su gu ahorow bebree no mu nhwehwɛmu. Ɔtoo no din Protea (a ɛwɔ Proteaceae abusua no mu), na onyaa din no fii Hela nyame Proteus a na wogye di sɛ otumi dannan ne ho pii no din mu. Sɛ yɛka bom a, proteas nhwiren 328 na ɛwɔ Fynbos abusua no mu. Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ wobɛkɔ akɔsrasra Cape mmepɔw so na mpofirim ara w’ani bɛbɔ protea nhwiren pii so no! Ɛtɔ da bi a, saa nhwiren a ɛyɛ fɛ yi bi tumi yɛ kɛse sen onipa anim.

Protea abusua no mu nhwiren foforo a ɛnyɛ nã ne sugar-bush. Saa nhwiren yi te sɛ kuruwa, na ɛyɛ nhwiren a nsu pii wom. Ná wɔn a wodii kan kɔtraa saa beae no kyi nhwiren no mu nsu gu ade mu de yɛ anonne.

Cape so Apiti—anomaa a wohu no mmeae a Fynbos nhwiren wɔ nkutoo no—nso nom proteas mu nsu. Apiti de n’ano tenten no tua nhwiren no mu de ne tɛkrɛma twe mu nsu, na saa kwan no so no, nhwiren no mu aba no bi kogu mmeae foforo ma efifi—ɔkwan pa a nhwiren no fa so trɛw. Afei nso, Apiti di nkoekoemmoa a wɔba nhwiren akɛse no so no bi. Enti, anomaa no ne nhwiren no nyinaa hia wɔn mu biara mmoa na wɔakɔ so atra ase.

Nkitahodi Foforo a Ɛho Hia

Protea nhwiren no bi deda fam, na nhwiren afoforo akata so. Nkura ani gye protea pampan a ɛte sɛ mmɔre no ho. Nkura yi tumi de wɔn ano si nhwiren yi mu nom mu nsu, na afei wɔkɔ protea foforo ho na wɔnam saayɛ so ma aba a atetare wɔn anim no trɛw. Denam saa kwan yi so no, wuram nkura ne protea no nya nkitahodi a ɛma wɔn mu biara kɔ so tra ase.

Nkitahodi a ɛte saa ara kɔ so wɔ erica nhwiren ne aserewasikansu, a ne kɔla te sɛ akutu, a mmeae a Fynbos nhwiren wɔ nkutoo na ebi taa wɔ no ntam. Esiane sɛ nhwiren no mu akoa sɛ rɔba hama nti, ɛma aserewasikansu tumi koa no yiye. Sɛ anomaa no de n’ano si nhwiren no mu twe mu nsu a, aba no bi tetare ne ti ho. Afe no nyinaa mu no, erica a ayɛ frɔmm no ma aserewasikansu nya aduan, na n’aba a ɛtetare anomaa no ti ho no ma nhwiren yi nso trɛw. Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ wonam nkoko so na wubehu nkitahodi a ɛyɛ anigye yi!

Abɔde foforo pii a nkwa wom nso ho hia ma Fynbos nhwiren abusua no. Sɛ nhwɛso no, afofantɔ bi a wɔfrɛ no Table Mountain so hoɔfɛfo no nkutoo ne aboa a ɔma nhwiren kɔkɔɔ a egu ahorow 15 no trɛw. Nhwiren yi mu biako ne disa a wonim no yiye, a agye Table Mountain afa no.

Afei akisi bi wɔ hɔ a, wodi orchid, sukooko, ne iris abusua mu nhwiren a ne ntini yɛ nkuruwankuruwa no. Cape so akisi yi de ntini no bi kɔ wɔn bon mu kɔkora so. Bere a wɔde rekɔ no, ebi gugu kwan no so anaasɛ wogyaw bi wɔ bon no mu a wonni, na eyi fifi nyin dan nhwiren.

Fynbos nhwiren no ɔhaha pii wɔ hɔ a anwa a ɛyɛ dɛ wɔ n’ahaban ho, na anwa no wɔ pampan bi a ntɛtea ani gye ho yiye. Sɛ ntɛtea nsa ka “aba” yi bi a, wɔde kɔ wɔn bon mu. Sɛ wɔde du hɔ a, wodi aba no baabi a ɛyɛ mmerɛw no, nanso wonni baabi a ɛyɛ den no. Saa kwan no so no, aba a akodi asase ase, a nnomaa ne nkura nhu nwe no, tumi fifi akyiri yi.

Afei ahurii bi wɔ hɔ a wɔn ano woware. Saa ahurii yi tumi ma Fynbos nhwiren a ɛwoware no aba trɛw yiye. Ahurii yi biako pɛ ano tenten bɛyɛ nsateakwaa abiɛsa. Nokwarem no, nkitahodi ho hia na ama Fynbos akɔ so atrɛw!

Abusuabɔ a Ɛyɛ Hu

Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nimdefo T.F.J. van Rensburg ka wɔ An Introduction to Fynbos nhoma no mu sɛ: “Ɛyɛ awerɛhow sɛ Onipa ankasa na ɔresɛe Abɔde ahorow bi a wɔde hyɛɛ ne nsa no.” Nokwarem no, adesɛe kɛse akɔ so wɔ bere tiaa bi mu, sɛnea Ɔbenfo Piet van Wyk kyerɛkyerɛ mu no: “Wɔ mfe 300 anaasɛ nea ɛboro saa mu, fi atubrasɛmdi mfiase no, fynbos asase a ɛda fam no yɛ nea onipa asɛe no araa ma fynbos nhwiren . . . a ɛwɔ hɔ no ankasa ɔha biara mu 31 pɛ na aka. Fynbos nhwiren ahorow 39 ase atɔre dedaw, na 1033 foforo ase gu so retɔre.”

Onipa nneyɛe nso de ɔhaw aba nkitahodi titiriw a ɛda Fynbos nhwiren ne mmoa ntam no so. Table Mountain—A Natural Wonder nhoma no ka sɛ: “Afei na nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho animdefo rete abusuabɔ nwonwaso a ɛda mmoa ne fynbos nhwiren abusua mu no ase. Sɛ nhwiren bi ase tɔre a, so aboa a ɔma ɛtrɛw (okisi, afofantɔ anaa amanku) nso ase bɛtɔre?” Na nnomaa a wɔwɔ mmeae a Fynbos nhwiren wɔ no nso ɛ? Sɛnea abɔde a nkwa wom ho nimdefo C. J. Skead a ofi South Africa kyerɛ no, Apiti nkwa da asiane mu esiane “abusuabɔ a emu yɛ den a wɔne Protea nhwiren wɔ” no nti.

Amanneɛbɔ a ɛyɛ ahodwiriw saa a yɛte fa Fynbos nhwiren ho no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Saa mpo no, ntease bi wɔ hɔ a ɛma wɔn a wɔwɔ “Ɔbɔadeɛ Yamyefo” no mu gyidi te sɛ Linnaeus no nya anidaso. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ asase no bɛyɛ frɔmfrɔm na abɔ nhwiren pii bere a Yehowa Nyankopɔn di ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ‘ɔbɛyɛ nneɛma nyinaa foforo’ ho dwuma no.—Adiyisɛm 21:5.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔakyɛ asase no mu ayɛ no aturo ahorow asia. Nnua ho animdefo nim afifide soronko a ɛwɔ saa aturo yi mu biara mu. Cape of Good Hope a ɛwɔ South Africa yɛ aturo yi mu biako.

b Daisies wɔ Asteraceae abusua no mu, na vygies yɛ edin foforo a wɔde frɛ mesems, a ɛwɔ Mesembryanthemum abusua mu no.

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 16]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

“Fynbos” Turo (ɛhɔ ne ahabammono no)

Table Mountain

[Asɛm Fibea]

Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

“Gladioli” nhwiren abusua 72 no biako a ebi nni asase so beae foforo biara

[Asɛm Fibea]

Una Coetzee (www.agulhasfynbos.co.za)

[Mfonini wɔ kratafa 16]

“Proteas” nhwiren no bi sõ sen onipa anim

[Asɛm Fibea]

Nigel Dennis

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Nhwiren ahorow 1,470 na wɔabu ho akontaa wɔ Table Mountain nkutoo so

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

“Strawberry” nhwiren a etumi di mfe pii no

[Asɛm Fibea]

Nigel Dennis

[Mfonini wɔ kratafa 17]

“Daisy” nhwiren ahorow pii a ɛwɔ “Fynbos” no bi

[Asɛm Fibea]

Kirstenbosch, Cape Town

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Table Mountain so afofantɔ a ne ho yɛ fɛ no nkutoo tumi gugu nhwiren kɔkɔɔ ahorow 15 no so ma ɛsow

[Asɛm Fibea]

Colin Paterson-Jones

[Mfonini wɔ kratafa 17]

“Pincushion protea”

[Asɛm Fibea]

National Parks Board of South Africa

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Nkitahodi soronko da “erica” nhwiren ne aserewasikansu ntam

[Asɛm Fibea]

Colin Paterson-Jones

[Mfonini wɔ kratafa 18]

“Proteas” ne Cape so Apiti yɛ nnamfo titiriw

[Asɛm Fibea]

Kirstenbosch, Cape Town

[Mfonini wɔ kratafa 18]

“Watsonia” nhwiren

[Asɛm Fibea]

Kirstenbosch, Cape Town

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 18]

National Parks Board of South Africa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena