Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 3/8 kr. 7-11
  • Adekyerɛ—Emu Afɔrebɔ ne Ɔhaw Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adekyerɛ—Emu Afɔrebɔ ne Ɔhaw Ahorow
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Obu a Enni Hɔ
  • Nnubɔnenom ne Basabasayɛ
  • Wɔde Atuo Ba Sukuu Mu?
  • Mmofra a Wɔwowo
  • “Wɔn a Wogyigye Mmofra a Wɔama Wɔn so Asen Nea Ɛsɛ”
  • Dɛn Nti na Akyerɛkyerɛfo Ho Ayɛ Na?
  • Akyerɛkyerɛfo Nnɔɔso, Sukuufo Yɛ Pii
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo?
    Nyan!—2002
  • Nsɛm A Akyerɛkyerɛfo Baanu Kae—Nea Enti A Wogyaee Adekyerɛ
    Nyan!—1980
  • Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Sukuu Ahorow No Mu?
    Nyan!—1982
  • Adekyerɛ—Emu Abotɔyam ne Anigye
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 3/8 kr. 7-11

Adekyerɛ—Emu Afɔrebɔ ne Ɔhaw Ahorow

“Wɔhwehwɛ pii fi akyerɛkyerɛfo hɔ, nanso mpɛn

pii na ɔmanfo . . . nkamfo akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ ahofama a wɔwɔ yɛn sukuu ahorow mu no.”—Ken Eltis, University of Sydney, Australia.

WOGYE tom sɛ nsɛnnennen pii wɔ adekyerɛ a wɔka sɛ ɛyɛ “adwuma a ɛho hia sen biara” yi, mu—efi akatua a esua so kosi sukuu adan mu tebea horow a enye so; efi akyerɛkyerɛw bebrebe so kosi adesuakuw a emufo dɔɔso boro so so; efi animtiaabu ne basabasayɛ so kosi awofo anibiannaso so. Ɔkwan bɛn so na akyerɛkyerɛfo binom adi saa nsɛnnennen yi ho dwuma?

Obu a Enni Hɔ

Yebisaa akyerɛkyerɛfo baanan a wofi New York Kuropɔn mu nea wobu no sɛ ɛyɛ wɔn haw akɛse ho asɛm. Wɔn nyinaa kae sɛ: “Obu a enni hɔ.”

Sɛnea William a ofi Kenya kyerɛ no, nneɛma asesa wɔ Afrika nso wɔ eyi fam. Ɔkae sɛ: “Mmofra mmu ade nnansa yi. Bere a na merenyin no [ɔwɔ ne mfirihyia 40 mu mprempren], na akyerɛkyerɛfo ka nnipa a wobu wɔn paa wɔ Afrikafo mu no ho. Na mmofra ne mpanyin nyinaa bu akyerɛkyerɛfo sɛ nhwɛsofo bere nyinaa. Obu a ɛte saa yi rekɔ fam. Atɔe famfo amammerɛ de nkakrankakra renya mmofra so nkɛntɛnso wɔ Afrika nkuraase mpo. Sini, video, ne nhoma ahorow da aniammɔnho a wɔyɛ tia tumidi adi sɛ akokodurusɛm.”

Giuliano a ɔkyerɛ ade wɔ Italy ka sɛ: “Atuatew, ɔsɔretia, ne asoɔden a ɔmanfo nyinaa da no adi no anya mmofra so nkɛntɛnso.”

Nnubɔnenom ne Basabasayɛ

Nea ɛyɛ awerɛhow no, nnubɔnenom abɛyɛ asɛnnennen wɔ sukuu ahorow mu—emu ayɛ den araa ma U.S. ɔkyerɛkyerɛfo ne nhomakyerɛwfo LouAnne Johnson kyerɛwee sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nnubɔnenom ano a wobesiw ka sukuu biara adesua ho, efi mmotafowa sukuu so. [Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.] Mmofra nim nnubɔne ho nsɛm pii . . . sen mpanyimfo dodow no ara.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛda adi sɛ sukuufo a wɔn abasam atu, wɔnnɔ wɔn, wɔayɛ ankonam, anaasɛ wonni ahotoso no bɛsɔ nnubɔne ahwɛ.”​—Two Parts Textbook, One Part Love.

Ken, ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Australia no bisae sɛ: “Ɔkwan bɛn so na yɛn akyerɛkyerɛfo bɛkyerɛ abofra a wadi mfirihyia akron a n’ankasa awofo akyerɛ no nnubɔnenom ma ne nom aka ne hɔ no ade?” Michael a ɔwɔ ne mfirihyia 30 mu a ɔkyerɛ ade wɔ sukuu kɛse bi mu no wɔ Germany. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛdefa nnubɔnenom ho no, yenim sɛ eyi kɔ so; ɛyɛ ade a yɛntaa nhu koraa.” Ɔkaa obu a wɔnna no adi nso ho asɛm na ɔkyerɛe sɛ “ɛkyerɛ adesɛe ho adwene a sukuufo no wɔ,” na ɔde kaa ho sɛ: “Wɔakyerɛkyerɛw apon ne afasu ho, na wɔasɛesɛe nkongua ne apon. Polisifo akyere me sukuufo no bi wɔ sotɔɔ mu korɔnbɔ anaa nneɛma a ɛtete saa ho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔtaa wiawia sukuu mu nneɛma nso!”

Amira kyerɛ ade wɔ Guanajuato Mantam mu wɔ Mexico. Ogye toom sɛ: “Yehyia basabasayɛ ne nnubɔnenom ho haw wɔ abusua mu, na ɛka mmofra no tee. Wɔtete mmeae a wosua kasafĩ ne nneɛma bɔne foforo. Ɔhaw kɛse foforo ne ohia. Ɛwom sɛ wontua sika wɔ ɛha sukuukɔ ho de, nanso ɛsɛ sɛ awofo totɔ nhoma a wɔkyerɛw mu, pɛn ne nneɛma foforo. Nanso, ɛsɛ sɛ wodi kan tɔ aduan.”

Wɔde Atuo Ba Sukuu Mu?

Wɔ United States no, atuo a wɔatotow wɔ sukuu ahorow mu nnansa yi no ama ada adi sɛ basabasa a wɔde atuo yɛ nyɛ asɛm ketewa wɔ saa man no mu. Amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Wobu akontaa sɛ wɔde atuo 135,000 na ɛba ɔman no mu sukuu ahorow 87,125 no mu da biara. Nea ɛbɛyɛ na wɔatew atuo a wɔde ba sukuu ahorow mu so no, mpanyimfo de mfiri a ɛkyere nnade, mfiri a wɔde hwɛ sukuufo no wɔ wɔn nantew mu, akraman a wɔahyɛ da atete wɔn a wɔhwehwɛ atuo, nnaka mu a wɔhwehwɛ, agyiraehyɛde a wɔde ma, ɛne bag a wɔde nhoma gu mu a wɔbara sɛ wɔmmfa mmma sukuu.” (Teaching in America) Ahobammɔ ho nhyehyɛe a wɔyɛ no saa no ma obi bisa sɛ, Sukuu ho asɛm na yɛreka anaa afiase? Amanneɛbɔ no de ka ho sɛ wɔayi sukuufo bɛboro 6,000 adi wɔ atuo a wɔde baa sukuu mu ho!

Iris, ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ New York Kuropɔn mu ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Sukuufo no wia wɔn ho de akode ba sukuu mu. Mfiri a ɛkyere nnade no ntumi nkyere akode no nyinaa. Adesɛe yɛ ɔhaw kɛse foforo a ɛkɔ so wɔ sukuu mu.”

Basabasayɛ a ɛte sɛɛ mu na akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ adwempa nam de ntetee ne su pa rema. Ɛnyɛ nwonwa sɛ akyerɛkyerɛfo pii anya adwenemhaw na wɔabrɛ mmoroso. Rolf Busch a ɔyɛ Akyerɛkyerɛfo Fekuw a ɛwɔ Thuringia, Germany, no titrani kae sɛ: “Esiane adwennwen nti, ɛkame ayɛ sɛ akyerɛkyerɛfo ɔpepem biako a wɔwɔ Germany no bɛyɛ baasa biara mu biako yare. Adwuma no ama wɔabrɛ aboro so.”

Mmofra a Wɔwowo

Ɔhaw kɛse foforo ne mmofra a wɔadu mpanyin afe so a wɔde wɔn ho hyɛ nna mu no. George S. Morrison a ɔkyerɛw Teaching in America, ka saa man no ho asɛm sɛ: “Mmofra a wɔadu mpanyin afe so bɛyɛ ɔpepem 1 (mmeawa a wɔadi fi mfe 15 kosi 19 no ɔha biara mu 11) na wonyinsɛn afe biara.” United States na mmofra a wɔadu mpanyin afe so nyinsɛn sen biara wɔ aman a wodi yiye wɔ wiase no nyinaa mu.

Iris foaa asɛm yi so kae sɛ: “Nea mmofra a wɔadu mpanyin afe so no ka ho asɛm ara ne nna ne apontow. Agye wɔn adwene. Na mprempren yɛwɔ Intanɛt wɔ sukuu kɔmputa so! Nea ɛkyerɛ ne nkitaho a wɔne akuw foforo bedi ne nguamansɛm.” Angel a ofi Madrid, Spain, bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛyɛ nokware sɛ sukuufo no de wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu. Yɛanya sukuufo a wosusua koraa a wɔanyinsɛn.”

“Wɔn a Wogyigye Mmofra a Wɔama Wɔn so Asen Nea Ɛsɛ”

Sobo foforo a akyerɛkyerɛfo binom bɔ ne sɛ awofo pii nni wɔn ankasa asɛyɛde ho dwuma ntete wɔn mma wɔ fie. Akyerɛkyerɛfo te nka sɛ ɛsɛ sɛ awofo na wodi kan kyerɛkyerɛ wɔn mma. Ɛsɛ sɛ wofi ase kyerɛkyerɛ wɔn su pa ho ade wɔ fie. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Sandra Feldman a ɔyɛ Amerika Akyerɛkyerɛfo Fekuw no titrani no kae sɛ, “ɛsɛ sɛ yebu . . . akyerɛkyerɛfo sɛ nnwumayɛfo afoforo ara pɛ, na ɛnsɛ sɛ yebu wɔn sɛ nkurɔfo a wogyigye mmofra a yɛama wɔn so asen nea ɛsɛ.”

Awofo ntaa mmoa nteɛso a wɔde ma wɔ sukuu mu no. Leemarys a yɛfaa n’asɛm kae wɔ asɛm a edi kan no mu no ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Sɛ woka mmofra asoɔdenfo ho asɛm kyerɛ sukuu sohwɛfo no a, nea wubehu ara ne sɛ awofo no abɛtow ahyɛ wo so!” Busch a yɛadi kan afa n’asɛm aka no kaa sɛnea wɔne sukuufo a wɔhaw adwene di no ho asɛm sɛ: “Abusua ntetee rekɔ fam. Wuntumi mfa no sɛ mmofra dodow no ara fi mmusua a wɔde ntetee pa ma mu bio.” Estela a ofi Mendoza, Argentina, kae sɛ: “Yɛn a yɛyɛ akyerɛkyerɛfo no suro sukuufo no. Sɛ wɔanyɛ ade na yɛma wɔn mma a esua a wɔtotow abo boro yɛn anaasɛ wɔtow hyɛ yɛn so. Sɛ yɛwɔ kar a, wɔsɛe no.”

So ɛyɛ nwonwa sɛ akyerɛkyerɛfo ho ayɛ na wɔ aman pii so? Vartan Gregorian a ɔyɛ Carnegie Adwumakuw a ɛwɔ New York no titrani kae sɛ: “Yɛn [U.S.] sukuu ahorow no behia akyerɛkyerɛfo foforo bɛyɛ ɔpepem 2.5 mfirihyia du a ɛreba no mu.” Nkurow akɛse “rehwehwɛ akyerɛkyerɛfo denneennen afi India, West Indies, South Africa, Europa ne mmeae foforo a wobetumi anya akyerɛkyerɛfo pa no.” Nokwarem no, eyi kyerɛ sɛ akyerɛkyerɛfo ho bɛyɛ na wɔ saa mmeae no nso.

Dɛn Nti na Akyerɛkyerɛfo Ho Ayɛ Na?

Yoshinori, Japanni sukuu kyerɛkyerɛfo a ɔde mfirihyia 32 akyerɛ ade no kae sɛ “adekyerɛ yɛ adwuma a nidi ne akatua wom, na Japanfo bu no yiye.” Awerɛhosɛm ne sɛ, eyi nte saa wɔ ɔman biara mu. Gregorian a yɛadi kan afa n’asɛm aka no nso kae sɛ akyerɛkyerɛfo “adwuma no yɛ nea wommu, wonhu na wontua wɔn so ka. . . . Adekyerɛ yɛ adwuma a akatua nnim wɔ [U.S.] amantam dodow no ara mu sen adwuma biara a ɛhwehwɛ sɛ obi nya sukuupɔn abodin krataa akɛse ansa na watumi ayɛ.”

Ken Eltis a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no kyerɛwee sɛ: “Dɛn na ɛba bere a akyerɛkyerɛfo hu sɛ akatua kɛse wɔ nnwuma pii a ɛnhwehwɛ sɛ obi nya abodin nkrataa akɛse koraa ansa na watumi ayɛ mu sen adekyerɛ koraa no? Anaasɛ sukuufo a wɔkyerɛɛ wɔn ade asram dumien pɛ a atwam no . . . regye akatua sen nea wogye mprempren anaa mpo wɔbɛyɛ saa wɔ mfirihyia anum a edi hɔ no? Biribi a ɛte saa a ɔkyerɛkyerɛfo hu no betumi ama wabu ne ho sɛ mfaso nni ne so.”

William Ayers kyerɛwee sɛ: “Wontua akyerɛkyerɛfo ka yiye koraa . . . Akatua a yegye no yɛ nea mmaranimfo gye no anan mu biako, nea sika akontaabufo gye mu fã, ennu nea wɔn a wɔka kar akɛse ne po so hyɛn gyinabea adwumayɛfo gye. . . . Adwuma foforo biara nni hɔ ɔbrɛ wom kɛse na ɛso akatua sua saa.” (To Teach​—The Journey of a Teacher) Janet Reno a na anka ɔyɛ U.S. mmaranimfo panyin no kae wɔ asɛnkoro no ara ho wɔ November 2000 mu sɛ: “Yetumi de nnipa kɔ ɔsram so. . . . Yetua yɛn agumadifo ka akɛseakɛse. Dɛn nti na yentumi ntua yɛn akyerɛkyerɛfo ka yiye?”

Leemarys kae sɛ: “Wontua akyerɛkyerɛfo dodow no ara ka yiye. Mfirihyia pii a mede asua ade nyinaa akyi no, akatua ketewaa bi pɛ na meda so ara gye wɔ New York Kuropɔn mu ha, kurow kɛse mu asetra a ahokyere wom na emu yɛ den no nyinaa akyi.” Valentina a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ St. Petersburg, Russia no kae sɛ: “Ɛdefa akatua ho de, obu nni ɔkyerɛkyerɛfo adwuma no mu. Wɔn akatua sua sen obiara de bere nyinaa.” Marlene a ofi Chubut, Argentina no te nka saa ara: “Akatua a esua a yegye no ma yɛkɔyɛ nnwuma abien anaa abiɛsa wɔ mmeae foforo, na yefi beae koro kɔ foforo. Eyi mma yɛn adwumayɛ ntu mpɔn ankasa.” Arthur, ɔkyerɛkyerɛfo bi a ofi Nairobi, Kenya ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Bere a sikasɛm resɛe no, m’asetra sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no nyɛ mmerɛw koraa. Sɛnea me mfɛfo pii begye atom no, akatua a esua na ɛmma nkurɔfo mfa wɔn ho nhyɛ yɛn adwuma yi mu no.”

Diana, ɔkyerɛkyerɛfo a ofi New York Kuropɔn mu, nwiinwii wɔ akyerɛkyerɛw bebrebe a akyerɛkyerɛfo de nnɔnhwerew pii yɛ no ho. Ɔkyerɛkyerɛfo foforo kyerɛwee sɛ: “Yɛde da mu fã kɛse yɛ ade koro no ara, akyerɛkyerɛw, akenkan ne akontaabu.” Ade biako a wɔtaa nwiinwii wɔ ho ne: “Nkrataa hyehyɛ, saa nkrataa a mfaso biara nni so no hyehyɛ—da mũ nyinaa.”

Akyerɛkyerɛfo Nnɔɔso, Sukuufo Yɛ Pii

Berthold, a ofi Düren, Germany, kaa ade foforo a wonwiinwii wɔ ho daa ho asɛm: “Adesua akuw no mufo dɔɔso dodo! Sukuufo 34 na ɛwɔ ebi mu wɔ ha. Eyi kyerɛ sɛ yentumi mfa yɛn adwene nsi sukuufo a wɔwɔ ɔhaw ahorow no so. Yenhu wɔn. Yebu yɛn ani gu ankorankoro ahiade so.”

Leemarys a yɛadi kan afa n’asɛm aka no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Afe a etwaam no, sɛ awofo a hwee mfa wɔn ho no da nkyɛn a, na me haw kɛse paa ne sukuufo 35 a na wɔwɔ m’adesuakuw mu no. Hwɛ sɛ woreyɛ mmofra a wɔadi mfirihyia asia 35 ho adwuma!”

Iris kae sɛ: “Akyerɛkyerɛfo ho yɛ na wɔ New York ha, titiriw wɔn a wɔkyerɛ akontaabu ne nyansahu ho ade no. Wobetumi anya nnwuma papa ayɛ wɔ mmeae foforo. Enti kurow no mufo afa akyerɛkyerɛfo pii a wofi amannɔne.”

Ɛda adi sɛ, adekyerɛ yɛ adwuma a ɔbrɛ wom. Ɛnde, dɛn na ɛkɔ so hyɛ akyerɛkyerɛfo nkuran? Dɛn nti na wɔkɔ so de animia tra mu? Yɛn asɛm a etwa to no besusuw saa nsɛmmisa yi ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

Wobu akontaa sɛ wɔde atuo 135,000 na ɛba U.S. sukuu ahorow mu da biara

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10]

Dɛn na Ɛma Obi Yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Pa?

Dɛn na wode bɛkyerɛ sɛ obi yɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa? So ɛyɛ obi a obetumi ama abofra akyere nneɛma agu ne tirim, atĩ nsɛm mu aka, na wadi nkonim wɔ sɔhwɛ ahorow mu? Anaasɛ ɛyɛ obi a ɔkyerɛ obi ade ma otumi bisa nsɛm, susuw nneɛma ho, na odwen? He na ɔboa abofra ma ɔbɛyɛ ɔman ba pa?

“Sɛ yɛn a yɛyɛ akyerɛkyerɛfo no gye tom sɛ yɛyɛ yɛn sukuufo no ayɔnkofo wɔ abrabɔ a emu nsɛm yɛ hwanyann no nyinaa mu, na sɛ yefi ase de nidi ne obu a ɛsɛ ma wɔn sɛ nnipa a, ɛnde na yɛrebɛyɛ akyerɛkyerɛfo a yɛfata. Ɛyɛ mmerɛw—na bere koro no ara nso ɛyɛ den.”​—To Teach​—The Journey of a Teacher.

Ɔkyerɛkyerɛfo pa biara hu ɔdom akyɛde a sukuuni biara wɔ, na ohu ɔkwan a ɔbɛfa so ama no atu mpɔn. William Ayers kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ ɔkwan pa, ɔkwan a ɛma wɔyɛ den, wonya osuahu, ahokokwaw, na ɛma wotumi yɛ nneɛma pii . . . Makae Amerikani bi a wɔtoo ne ba a wadi mfirihyia anum din sɛ ‘obi a osua ade a ɔnte ase ntɛm’ no adesrɛ no: ‘Wind-Wolf nim nnomaa bɛboro aduanan din ne sɛnea wotu kɔtra mmeae ahorow no. Onim sɛ ntakra dumiɛnsa na ɛwɔ ɔkɔre a hwee nyɛɛ no dua so. Nea ohia ne ɔkyerɛkyerɛfo a ohu nea obetumi ayɛ no.’”

Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi betumi aboa abofra bi ma wayɛ biribi pa a, ɛsɛ sɛ ohu nea abofra no ani gye ho ne nea ɛhyɛ no nkuran, ne nea ɛma ɔyɛ nneɛma bi. Na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔwɔ ahofama ani gye mmofra ho.

[Asɛm Fibea]

United Nations/Photo by Saw Lwin

[Adaka wɔ kratafa 11]

So Ɛsɛ sɛ Adesua Yɛ Anigye Bere Nyinaa?

Ɔkyerɛkyerɛfo William Ayers hyehyɛɛ adekyerɛ ho atosɛm du. Emu biako ne: “Akyerɛkyerɛfo pa ma adesua yɛ anigye.” Ɔtoaa so sɛ: “Agodie twetwe adwene, ɛyɛ anigye. Asereseresɛm yɛ anigye. Nsɛnkwaa betumi ayɛ anigye. Adesua betumi agye adwene, akyere adwene, ama adwene atu afra, na mpɛn pii no ɛyɛ anigye kɛse. Sɛ ɛyɛ anigye a, eye. Nanso, enhia sɛ ɛyɛ anigye.” Ɔde kaa ho sɛ: “Adekyerɛ gye nimdeɛ, mmɔdenbɔ, ahokokwaw, nhumu, ne ntease pii—na egye obi a osusuw nneɛma ho na ɔpɛ nnipa.”​—To Teach—The Journey of a Teacher.

Sumio a ofi Nagoya Kuropɔn mu, Japan, hu ɔhaw yi wɔ ne sukuufo ho: “Ntoaso sukuufo pii nni biribiara ho anigye gye agodie ne biribi a ɔbrɛ nnim.”

Rosa a ɔyɛ sukuufo fotufo a ofi Brooklyn, New York, kae sɛ: “Sukuufo dodow no ara su ne sɛ adesua yɛ anihaw. Ɔkyerɛkyerɛfo no adekyerɛ nyɛ dɛ. Wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ biribiara yɛ anigye. Wonnim sɛ sɛ woyere ho wɔ adesua mu a ɛnna wunya mu biribi.”

Anigye ho adwene ma ɛyɛ den ma mmofra sɛ wɔbɛyere wɔn ho na wɔde nneɛma abɔ afɔre. Sumio a yɛfaa n’asɛm kae wɔ atifi hɔ no kae sɛ: “Asɛm no ara ne sɛ wontumi nnwen nneɛma a ɛbɛba daakye ho. Ntoaso sukuufo kakraa bi pɛ na wosusuw sɛ sɛ wɔyere wɔn ho wɔ biribi mu mprempren a, wobenya so mfaso daakye.”

[Mfonini wɔ kratafa 7]

DIANA, U.S.A.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

‘Nnubɔnenom abu so, nanso yɛntaa nhu koraa.’—MICHAEL, GERMANY

[Mfonini wɔ kratafa 8 ,9]

“Yehyia basabasayɛ ne nnubɔnenom ho haw wɔ abusua mu.”—AMIRA, MEXICO

[Mfonini wɔ kratafa 9]

“Ɛsɛ sɛ yebu . . . akyerɛkyerɛfo sɛ nnwumayɛfo afoforo ara pɛ, na ɛnsɛ sɛ yebu wɔn sɛ nkurɔfo a wogyigye mmofra a yɛama wɔn so asen nea ɛsɛ.”—SANDRA FELDMAN, PRESIDENT OF THE AMERICAN FEDERATION OF TEACHERS

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena