Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 3/8 kr. 10-12
  • “Ahiasɛm a Wɔnka Ho Asɛm” Bɛba Awiei Nnansa Yi Ara!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ahiasɛm a Wɔnka Ho Asɛm” Bɛba Awiei Nnansa Yi Ara!
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afoforo Ho a Wodwen Wɔ Atɛntrenee ne Ayamye Mu
  • Ano Aduru Koro Pɛ a Ɛwɔ Hɔ
  • Nneɛma Ankasa a Ɛde Ba, Ne Sɛnea ne Nkɛntɛnso Kɔ Akyiri
    Nyan!—2003
  • Aduan a Ɛdɔɔso ma Obiara!
    Nyan!—1995
  • Asiane Kɛse Bi
    Nyan!—2003
  • Ɔkɔm a Ɛwɔ Wiase Nnɛ—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 3/8 kr. 10-12

“Ahiasɛm a Wɔnka Ho Asɛm” Bɛba Awiei Nnansa Yi Ara!

“SƐ YƐDE nnɛ toto bere a ɛnkyɛe a abɛsen kɔ no ho a, yɛte wiase a aduan abu so wom mu. . . . Sɛ yɛbɛka a . . . aduan abu so sen dodow a yehia no.” Saa na nhwehwɛmu bi a Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) yɛe no ka. Sɛ saa na asɛm no te a, ɛnde dɛn ankasa na ɛmma yennya aduan pa nni?

WHO ka sɛ: “Ɔhaw no ne sɛ aduan dodow a wonya ne ne kyekyɛ nyɛ pɛ wɔ baabiara. Mpɛn pii no nea ɛyɛ yaw ne sɛ, ahiafo a wɔwɔ aman a wonyaa nkɔso pii a wɔn asase ye ma kuayɛ so no de nsapan—ne yafunupan—gyina hɔ dinn hwɛ bere a wɔsoa nnɔbae kakra anaa dodow a ɛwɔ hɔ no kɔ amannɔne kogye sika no. Bere a nnipa kakraa bi na wonya adeyɛ yi so mfaso bere tiaa bi no, ɔhaw a efi mu ba bere tenten no ka nnipa pii.” Nhwehwɛmu bi a Amanaman Nkabom no asoɛe a ɛne Aduan ne Kuadwuma Ahyehyɛde (FAO) no yɛe nnansa yi no da no adi sɛ, ‘nnipa a wɔwɔ asase yi so mu nkyem anum a wɔyɛ adefo no we mogyanam ne mpataa a yenya nyinaa mu ɔha mu nkyem 45; na nnipa dodow a wɔwɔ asase yi so mu nkyem anum a wodi hia buburoo no we mogyanam ne mpataa a yenya no mu ɔha mu nkyem 5 pɛ.’

Wɔ ɔkwan foforo so no, Amanaman Nkabom Mmofra Foto ka sɛ: “Nea ama yennya aduan pa nni nso bi fi nhomasua papa ne nsɛm ho amanneɛbɔ a ɛfata a enni hɔ,” ɛde ka ho sɛ: “Sɛ ɔkwampa a yɛfa so ma afoforo te nsɛm ne nhomasua a ɛfata a obiara nsa betumi aka nni hɔ a, yɛn ani a yɛbɛma ada hɔ, nimdeɛ ne ɔbrasu a yehia na yɛde ako atia aduan pa a yennya nni ho haw ahorow no ntumi nyɛ yiye.” Nanso sɛ obi nnya aduan pa nni a, akwahosan pa a ɛsɛ sɛ onya ne sɛnea anka obetumi asua ade yiye no ano brɛ ase.

Afoforo Ho a Wodwen Wɔ Atɛntrenee ne Ayamye Mu

Nanso, ɛmfa ho akwanside ahorow a ebu abam yi no, wɔn a wɔwɔ nea yɛreka ho asɛm yi ho nimdeɛ no da so ara hwɛ kwan sɛ nneɛma bɛyɛ yiye. Sɛ nhwɛso no, FAO kwankyerɛfo panyin Jacques Diouf kaa anidasosɛm yi: “Mitumi hu wiase bi a ɔbarima, ɔbea ne abofra biara nya aduan pa a ahoɔden wom na ɛdɔɔso di da biara wɔ m’ani so. Wɔ m’anisoadehu mu no, mihu sɛ ahonyade ne ohia a ɛtra so ano abrɛ ase. Mihu nnipa a wɔyɛ biako na wɔnyɛ nyiyimu, mihu asomdwoe na ɛnyɛ ɔmanko, mihu nnipa a wɔhwɛ nneɛma a atwa wɔn ho ahyia so yiye na ɛnyɛ wɔn a wɔsɛe asase so nneɛma, nnipa a wodi yiye wɔ asetra mu biribiara mu na ɛnyɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw a anidaso biara nni hɔ mma wɔn.”

Nanso, sɛnea yɛahu no, ɛhwehwɛ pii sen nnɔbae dodow a yebenya ne aduan a yɛbɛkyekyɛ na ama yɛn nsa aka anidaso horow yi. Yehia atɛntrenee ne koma mu a wofi da ayamye adi kyerɛ afoforo wɔ baabiara. Nanso yenhu su pa a ɛte saa wɔ nnɛ mmere yi aguadi ho nsɛm mu.

So akwanside akɛse te sɛ anibere, ohia, nitan, ne pɛsɛmenkominya betumi afi hɔ ama aduan pa a wonnya nni ho haw afi asase yi so? Anaasɛ eyi yɛ adaeso hunu?

Ano Aduru Koro Pɛ a Ɛwɔ Hɔ

Sɛnea Bible kyerɛ no, ɛnsɛ sɛ yɛma ɔhaw horow a ɛmma yennya aduan pa nni no yɛ yɛn nwonwa. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, . . . wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, . . . wɔn a wɔmpɛ papa, . . . wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden.”—2 Timoteo 3:1-5.

So adesamma betumi atu saa subammɔne a agye ntini yi ase a Onyankopɔn mmoa nka ho? Ɛte sɛ nea entumi nyɛ yiye, anaa ɛnte saa? Ebia woahyɛ no nsow sɛ ɛtɔ mmere bi a atumfoɔ dwen asetra mu haw ahorow a adesamma rehyia no ho, nanso pɛsɛmenkominya, sika ho dɔ, ne afoforo sintɔ mma wɔn mmɔdenbɔ a edi mu sen biara mpo nkosi hwee.—Yeremia 10:23.

Nanso, ano aduru no nyɛ adaeso a entumi mma mu. Bible no hyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛma ntɛnkyea ne amanehunu afoforo a ɛrehaw adesamma nnɛ no aba awiei.

Yesaia 9:6-7 de anidaso a ɛyɛ nwonwa yi ma yɛn: “Wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyankopɔn tumfoɔ, Daa-agya, Asomdwoe-hene na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo [Yehowa, NW] mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi.”

Ɛyɛ saa Ahenni koro yi ara na nkurɔfo bɔ ho mpae bere a wɔse Awurade Mpaebɔ na wɔka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, “W’ahenni mmra” no. (Mateo 6:9, 10) Hyɛ no nsow sɛ Yesaia ka sɛ “Asafo [Yehowa, NW] mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi.” Yiw, Yehowa Nyankopɔn ani gye ho kɛse sɛ ɔbɛma adesamma anya nea ehia wɔn bere nyinaa. Wasiesie asase yi sɛnea ɛbɛma obiara anya aduan a ɛbɛso no.

Dwom 65:9-13 ka ne ho asɛm sɛ: “Woabɛhwɛ asase agugu so nsu, woama ɛso aduan abu so bebree. Onyankopɔn asubɔnten no, nsu ayɛ mu ma, womaa wɔn aburow gyinae, woma esii so sɛ ɛsɛ. Wuguguu n’akofi so nsu de honoo mu apɔwapɔw, wode osu yɛɛ no bɛtɛɛ, wuhyiraa ne fifi so. . . . Nguankuw ahyɛ adidibea no ma, aburow nso akata abon no mu.”

Yiw, Ɔbɔadeɛ no, Yehowa, ne nea ɔma adesamma nea eye sen biara. Ɔno na “Ɔma ɔhonam nyinaa aduan, na n’adɔe wɔ hɔ daa.”—Dwom 136:25.

Yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn Ahenni a Kristo di so no bɛma nnipa nyinaa nea ehia wɔn. Sɛnea Bible ka no, “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” Wɔbɛkyɛ no pɛpɛɛpɛ ma obiara anya bi, efisɛ ‘[Yesu Kristo] begye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo, na wagye ahiafo kra nkwa.’ (Dwom 72:12, 13, 16) Enti ka wo koma to wo yam! Ɔhaw a “ahiasɛm a wɔnka ho asɛm” yi de ba no rebefi hɔ koraa.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

“Yebetumi atu ɔkɔm ne aduan pa a wonnya nni ase. Nneɛma a ɛbɛboa ma yɛatumi ayɛ eyi wɔ hɔ. Nea aka ne sɛ . . . yɛn nyinaa bɛbom sɛ ɔman biako adi ɔhaw no ho dwuma wɔ wiase nyinaa.”—Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde

[Kratafa a ne nyinaa yɛ mfonini wɔ kratafa 10]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena