Dɛn na Ɛbɛsesa?
“Ɔman bi rentwe nkrante wɔ ɔman bi so.”
“Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”
“Owu nni hɔ bio.”
ƐTE sɛ nea wɔagugu nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no mu dodo. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ nsusuwii hunu bi kɛkɛ. Dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ bɔhyɛ hunu a amammuifo a wonni tumi a wɔde bɛsesa wiase no de ma no bi. Mmom no, bɔhyɛ ahorow a yɛaka ho asɛm no nyinaa wɔ Bible no mu.a
Nnipa pii te nka sɛ Bible no yɛ tete nhoma a yɛrentumi mfa nni dwuma nnɛ. So saa na wugye di? Sɛ saa a, dɛn nti na w’ankasa wonhwɛ nea ɛwɔ Bible no mu? Nokwasɛm ne sɛ, Bible no nkutoo ne nhoma a efi Onyankopɔn nkyɛn a ɛka adesamma abakɔsɛm ho asɛm fi mfiase pɛɛ. Ɛkyerɛkyerɛ nea edidi so yi mu:
● Nea ɛmaa adesamma abusua no gyigyae.—Romafo 5:12.
● Sɛnea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ obedi tebea no ho dwuma.—Yohane 3:16.
● Nea enti a aban ahorow no ntumi nsesa wiase yi.—Yeremia 10:23.
● Nea enti a yebetumi anya Onyankopɔn bɔhyɛ no mu ahotoso.—Yosua 23:14.
So Onyankopɔn beyi ɔkɔm, akodi, ɔyare, ne owu afi adesamma asetena mu? Sɛ wugye nea edidi so yi tom a, ɛrenyɛ den koraa sɛ wubegye nea yɛrehwɛ kwan no adi:
1. Onyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn.
2. Odwen yɛn ho.
3. Ɔwɔ tumi a ɔde bɛsesa wiase.
4. Wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ saa.
So ntease pa bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yegye nsɛm anan yi tom? Sɛ wopɛ sɛ wuhu a, ɛnde Yehowa Adansefo, a wotintim nsɛmma nhoma yi to nsa frɛ wo sɛ wo ne wɔn mmesua Bible no.
Ebia wowɔ Bible nanso ɛnyɛ daa na wokenkan, anaa wonkenkan koraa. Nnipa a wɔkenkan Bible no mu pii mpo ka sɛ ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛte ase. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, yɛreka akyerɛ wo sɛ hu Yehowa Adansefo na wɔne wo mmɛyɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee. Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa renya saa nhyehyɛe no so mfaso. Ɔkwan bɛn na wɔfa so yɛ?
Dapɛn biara, Yehowa Adansefo no mu biako anaa baanu bɛba wo fie anaa baabi foforo a eye ma wo ne wo abɛbɔ Bible no mu nkɔmmɔ. Bible mu nkɔmmɔbɔ yi bɛboa ma woatumi abua nsɛmmisa te sɛ, Dɛn nti na yehu amane? Dɛn nti na nnipa nniso ntumi nsesa wiase yi? Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni, na ɔkwan bɛn so na ɛbɛfa adi nea nnipa nniso ntumi nyɛ no ho dwuma?b
Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wubenya ofie Bible adesua so mfaso a, hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ anaa kɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org. Wubetumi nso akyerɛw akɔma address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata.—g12-E 07.
[Ase hɔ nsɛm]
a Kyerɛw nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no fi Yesaia 2:4; Yesaia 33:24; ne Adiyisɛm 21:4.
b Afei hwɛ asɛm “Bible no Adwene: Hena na Obetumi Asesa Wiase Yi?” a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 28 ne 29 no.