Bible Mu Nsɛm—Mfaso Wɔ So Bere Nyinaa
SUSU WEI HO HWƐ: Fa no sɛ wonam baabi a yɛkora tete nneɛma. Nkaedum (biribi a wosi de kae obi anaa biribi) a akyɛ paa ahyɛ hɔ ma. Wuhui sɛ dodow no ara ho abubu, ɛho apa, na ɛho awerɛwerɛw. Ebi nso baabi abu kɛse paa. Nanso wuhui sɛ baako bi deɛ, ɛho baabiara nyɛɛ hwee. Ne biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. Enti wubisaa onii a ɔde wo rehwehwɛ hɔ no sɛ: “Adɛn, wei deɛ ɛyɛ foforo anaa?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Dabi, akyɛ mpo sen emu dodow no ara, na ɛnyɛ sɛ yɛasan ayɛ no foforo nso.” Wosan bisaa no sɛ: “Adɛn moyɛ biribi de bɔ ho ban anaa?” Oyii wo ano sɛ: “Dabi oo. Mframa abɔ no na nsu ahwe no mpo kyɛn nea aka no. Nsɛmmɔnedifo bebree nso abɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe no.” Enti ebia ɛyɛɛ wo nwonwa ma wubisaa sɛ: ‘Ɛdɛn koraa na mode yɛe?’
Ɔkwan bi so no, Bible te sɛ saa nkaedum no. Ɛyɛ nhoma a akyɛ paa—akyɛ sen nhoma dodow no ara. Yɛwɔ nhoma ahorow bi a ɛno nso akyɛ. Nanso saa nhoma ahorow yi deɛ, ɛrekyɛ no na ɛresɛe. Ɛte sɛ nkaedum a asɛesɛe no. Nyansahu ho nsɛm a ɛwɔ saa nhoma ahorow no mu no, nea nyansahufo ahu nnɛ no abɔ ne nyinaa agu. Ayaresa ho nsɛm a ɛwɔ mu no, wode yɛ adwuma a, ebetumi apira wo. Tete nhoma ahorow a ɛwɔ hɔ no bebree atetew. Ebi mpo wɔ hɔ a, ne fã ketewaa bi pɛ na aka.
Nanso Bible no deɛ, ɛnte saa koraa. Wofii ase kyerɛwee Bible no, bɛboro mfe 3,500 ni, nanso ɛnyɛɛ hwee. Afei nso, nkurɔfo de mfe bebree asɔre atia Bible no mpɛn pii. Wɔakasa atia Bible no, wɔabara Bible no, wɔahyew Bible no, nanso emu nsɛm no da so ara di mũ. Nimdeɛ foforo ada adi, nanso ɛno mma Bible mu nsɛm ntwam. Mmom no, anwonwasɛm ne sɛ Bible aka nsɛm bebree ansa na nyansahufo mpo rehu.—Hwɛ adaka “Atwam Anaa Ɛwɔ N’anim?”
AFOTU A YEHIA NNƐ
Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘Enti ɛyɛ ampa sɛ Bible mu nsɛm betumi aboa yɛn nnɛ? Sɛ wubetumi anya ɛho mmuae a, bisa wo ho sɛ: ‘Ɛnnɛ, ɔhaw akɛse bɛn paa na nnipa rehyia? Ɔhaw no mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ hu paa?’ Ebia nea aba w’adwenem ne akodi, asase a wɔresɛe no, nsɛmmɔnedi, anaa nyansakorɔn. Afei, hwɛ nsɛm bi a Bible aka. Bere a worehwɛ saa nsɛm no, bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ nkurɔfo de saa afotusɛm yi yɛ adwuma a, anka wiase renyɛ yiye anaa?’
ƐSƐ SƐ YƐPƐ ASOMDWOE
“Anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe, efisɛ wɔbɛfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn mma.’” (Mateo 5:9) “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.”—Romafo 12:18.
ƐSƐ SƐ YƐDA MMƆBORƆHUNU ADI NA YƐDE BƆNE FIRI
“Anigye ne mmɔborɔhunufo, efisɛ wobehu wɔn mmɔbɔ.” (Mateo 5:7) “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowaa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—Kolosefo 3:13.
ƐMFA HO ƆMAN A OBI FI MU NO, ƐSƐ SƐ YƐPƐ N’ASƐM
Onyankopɔn ‘yɛɛ nnipa aman nyinaa fii onipa biako mu sɛ wɔntena asase nyinaa so.’ (Asomafo Nnwuma 17:26) “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.
ƐNSƐ SƐ YƐSƐE ASASE NO
“Yehowa Nyankopɔn de onipa no kɔtenaa Eden turom sɛ ɔnnɔw hɔ na ɔnhwɛ hɔ.” (Genesis 2:15) Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.
ƐSƐ SƐ YEKYI ANIBERE NE AGUAMAMMƆ
“Monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho, efisɛ sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” (Luka 12:15) Aguamammɔ ne afideyɛ biara anaa adifudepɛ de, mommma wɔmmmɔ so mpo wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ nnipa kronkron.”—Efesofo 5:3.
ƐSƐ SƐ YƐYƐ ADWUMADEN NA YEDI NOKWARE
“Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.” (Hebrifo 13:18) “Mma ɔkorɔmfo nnwia ade bio, na mmom ɔnyɛ adwumaden.”—Efesofo 4:28.
ƐSƐ SƐ YƐBOA WƆN A WOHIA MMOA
“Monkyekye akra a wɔahaw werɛ, mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, munnya abodwokyɛre mma nnipa nyinaa.” (1 Tesalonikafo 5:14) ‘Hwɛ nnyanka ne akunafo wɔn ahohia mu.’—Yakobo 1:27.
Ɛnyɛ sɛ Bible bobɔ saa afotusɛm ahorow yi so kɛkɛ. Mmom no, ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi de saa afotusɛm no abɔ yɛn bra. Sɛ nkurɔfo de saa afotusɛm no yɛ adwuma a, anka wohwɛ a ɔhaw akɛse a nnipa rehyia no, ɛso rentew anaa? Wei ma yehu sɛ, Bible mu afotusɛm no, ɛso wɔ mfaso ma yɛn nnɛ sen bere biara a abɛsen kɔ! Enti, dɛn na Bible mu nsɛm betumi ayɛ ama wo seesei?
MFASO A WUBETUMI ANYA AFI BIBLE AFOTUSƐM MU NNƐ
Bere bi, onipa a onim nyansa sen biara no kaa sɛ: “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mateo 11:19) Saa asɛm yi, wunnye ntom? Sɛ wubehu sɛ nyansa wɔ afotusɛm bi mu a, gye sɛ wode ayɛ adwuma. Enti ebia wubesusuw ho sɛ: ‘Sɛ mfaso wɔ Bible so ampa a, ɛnde ɛsɛ sɛ mihu sɛ ɛreboa me wɔ m’asetenam. Ɔhaw a merehyia no seesei no, Bible bɛyɛ dɛn aboa me ma madi ho dwuma?’ Yɛnhwɛ nhwɛso bi.
Ná ɔbaa bi a yɛfrɛ no Delphineb nni adagyew koraa wɔ n’asetenam. Ná n’ani gye, na nneɛma nso kɔ yiye ma no. Nanso prɛko pɛ na ohyiaa ɔhaw toatoa so. Ne ba abaayewa bi wui. N’aware sɛee. Ne sikasɛm yɛɛ basaa. Ɔkaa sɛ: “Me koraa, mete wiase reyɛ dɛn? Minni ba, minni kunu, minni fie nso. Metee nka sɛ menyɛ obiara. Mintumi nyɛ hwee, minni anidaso biara, minhu me so mfaso mpo.”
Afei deɛ, Delphine behuu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware paa: “Yɛn mfe nna de, ɛyɛ aduɔson; Na sɛ yɛwɔ ahoɔden paa a, na edu aduɔwɔtwe, Nanso ɔhaw ne amanehunu nkutoo na ahyɛ mu mã; Etwam ntɛm, na yɛyera.”—Dwom 90:10.
Bere a Delphine kɔɔ ahohia mu no, Bible no boaa no. Sɛnea Bible boaa Delphine no deɛ, ɛsɛ w’ani. Nsɛm mmiɛnsa a edi hɔ no bɛma yɛahu sɛ, nnipa bebree nso de Bible afotusɛm adi wɔn haw ahorow ho dwuma ama aboa wɔn paa. Saa nkurɔfo yi abehu sɛ Bible no te sɛ nkaedum a yedii kan kaa ho asɛm no. Ɛnte sɛ nhoma ahorow a etumi yɛ dedaw na etwam no. Adɛn nti na Bible te saa? Wɔde biribi soronko na ɛyɛe anaa? Enti Onyankopɔn nsusuwii nkutoo na ɛwɔ Bible mu ampa na ɛnyɛ nnipa de?—1 Tesalonikafo 2:13.
Ebia wo nso woabehu sɛ nnipa nkwa yɛ tiaa, na ɔhaw nko ara na ahyɛ mu mã. Sɛ wote nka sɛ ɔhaw rebunkam wo so a, ɛhefa na wohwehwɛ mmoa, awerɛkyekye, ne afotu?
Yɛnhwɛ akwan ahorow mmiɛnsa a Bible betumi afa so aboa wo wɔ w’asetenam. Ebetumi aboa wo ama
sɛ ɛbɛyɛ yiye a, woakwati ɔhaw.
sɛ ɔhaw ba a, woadi ho dwuma.
sɛ ɔhaw bi abɛtena wo so a, woagyina ano.
Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ saa akwan mmiɛnsa yi mu.
a Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa.—Dwom 83:18.
b Wɔasesa edin ahorow bi wɔ saa asɛm yi ne mmiɛnsa a edi hɔ no mu.