ADESUA ASƐM 24
DWOM 98 Kyerɛwnsɛm no Fi Yehowa Hɔ
Nkɔm a Yakob Hyɛe Ansa Na Ɔrewu No, Nea Yebetumi Asua Afi Mu—Ɔfã 1
“Mommoa mo ho ano na menkyerɛ mo nea ɛbɛto mo wɔ awiei nna no mu.”—GEN. 49:1.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Yakob rebewu no, nkɔm a ɔhyɛ faa Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda ho no, nea yebetumi asua afi mu.
1-2. Yakob rebewu no, dɛn na ɔyɛe, na adɛn ntia? (Hwɛ mfoni no nso.)
YAKOB nkwakoraaberem no, ɔne n’abusua nyinaa tu fii Kaanan kɔɔ Egypt, na ɔkɔɔ so de nokwaredi som Yehowa bɛyɛ mfe 17 wɔ hɔ. (Gen. 47:28) Saa bere no, n’ani gyei paa sɛ ɔsan kohuu ne dɔba Yosef, na ewiee ase no, n’abusua no nyinaa san ka boom bio. Nanso saa bere yi de, na Yakob hu sɛ ɛrenkyɛ na wawu. Enti ɔfrɛɛ ne mma no nyinaa behyiae, efisɛ na ɔwɔ asɛnhia bi ka kyerɛ wɔn.—Gen. 49:28.
2 Tete no, sɛ agya bi rebewu a, na ɔtaa frɛ ne mma behyia ne wɔn di nkra. (Yes. 38:1) Afei nso, nkradi no mu no, na otumi kyerɛ nea owu a ɔbɛyɛ abusua no ti.
Bere a Yakob rebewu a na ɔrehyɛ ne mma 12 no ho nkɔm (Hwɛ nkyekyɛm 1-2)
3. Yakob nsɛm a ɛwɔ Genesis 49:1, 2 no, adɛn nti na ehia sɛ yesusuw ho?
3 Kenkan Genesis 49:1, 2. Nanso, na wei nyɛ abusua nhyiam biara kɛkɛ. Ná Yakob yɛ odiyifo. Bere a ɔne ne mma no hyiae no, Yehowa ma ɔkaa nsɛntitiriw bi a ebesisi daakye a na ɛbɛka n’asefo. Enti, nsɛm a Yakob kae no, na ɛyɛ nkɔmhyɛ.
4. Nkɔm bɛn na Yakob hyɛe, na dɛn na yebetumi asua afi nkɔmhyɛ no mu? (Adaka a yɛato din, “Yakob Abusua” no, hwɛ ɛno nso.)
4 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea Yakob ka kyerɛɛ ne mma no mu nnan. Wɔne Ruben, Simeon, Lewi, ne Yuda. Nea ɔka kyerɛɛ ne mma nwɔtwe a aka no nso, yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu. Yebehu sɛ Yakob nkɔmhyɛ no, ɛnyɛ ne mma mmarima no nko ara na na ɛfa wɔn ho, na mmom wɔn asefo a na daakye wɔbɛba abɛyɛ Israel man no nso, na ɛfa wɔn ho. Sɛ yesusuw Israel man no abakɔsɛm ho a, yebehu sɛ Yakob nkɔmhyɛ no baa mu ampa. Afei nso, sɛ yesusuw ne nkɔmhyɛ no ho a, ɛbɛma yɛanya asuade atitiriw bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛasɔ yɛn soro Agya Yehowa ani.
RUBEN
5. Hokwan bɛn na ɛbɛyɛ sɛ na Ruben hwɛ kwan sɛ ne papa de bɛma no?
5 Ruben na Yakob dii kan kasa kyerɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wone me ba panyin.” (Gen. 49:3) Esiane sɛ na Ruben na ɔyɛ abakan nti, ɛda adi sɛ na ɔhwɛ kwan sɛ ne papa agyapade no, obenya kyɛfa mmienu. Afei nso, ebia na ɔhwɛ kwan sɛ, sɛ ne papa wu a, ɔno na ɔbɛyɛ abusua no ti, na sɛ daakye ɔno nso nni hɔ a, hokwan no bɛkɔ akodi ne ba bi nsam.
6. Hokwan a na anka ɛsɛ sɛ Ruben nya sɛ abakan no, adɛn nti na ɛbɔɔ no? (Genesis 49:3, 4)
6 Nanso, hokwan a na anka ɛsɛ sɛ Ruben nya sɛ abakan no bɔɔ no. (1 Be. 5:1) Adɛn ntia? Mfe bi a atwam no, ɔne Yakob mpena Bilha dae. Ná Bilha yɛ Yakob dɔfo Rahel a na wawu no abaawa. (Gen. 35:19, 22) Ná Ruben yɛ Yakob yere Lea ba. Ɛbɛyɛ sɛ akɔnnɔ bɔne na ɛtwetwee Ruben ma ɔne Bilha dae. Anaa ɛbɛyɛ sɛ na ɔmpɛ sɛ ne papa bɛdɔ Bilha asen ne maame Lea. Sɛnea ɛte biara no, nea ɔyɛe no, Yehowa ne ne papa ani annye ho koraa.—Kenkan Genesis 49:3, 4.
7. Dɛn na ɛtoo Ruben ne n’asefo? (Adaka a yɛato din, “Nkɔm a Yakob Hyɛe Bere a Ɔrebewu No,” hwɛ ɛno nso.)
7 Yakob ka kyerɛɛ Ruben sɛ: “Worenyɛ ɔkɛse.” Saa asɛm no baa mu. Biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Ruben aseni bi bɛyɛɛ ɔhene, ɔsɔfo, anaa odiyifo. Nanso Yakob ampo ne ba Ruben, na Ruben asefo bɛyɛɛ mmusuakuw a na ɛwɔ Israel no mu baako. (Yos. 12:6) Tebea afoforo mu no, Ruben daa suban pa adi, na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔsan kobuu brabɔne bio.—Gen. 37:20-22; 42:37.
8. Dɛn na yebetumi asua afi Ruben asɛm no mu?
8 Dɛn na yebetumi asua? Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa hyɛ yɛn ho so, na yɛkwati aguamammɔ. Sɛ biribi retwetwe yɛn sɛ yɛnkɔyɛ bɔne a, sɛnea bɔne a yɛbɛyɛ no bɛhaw Yehowa, yɛn abusua, ne afoforo no, ɛsɛ sɛ yedwen ho kɔ akyiri paa. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ: “Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa.” (Gal. 6:7) Nanso, sɛnea Yehowa ne Ruben dii no kae yɛn sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo. Ɛwom, yɛn bɔne ho nsunsuanso de, Yehowa renyi mfi hɔ, nanso sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea ɛtene a, ɛnde obehyira yɛn.
SIMEON NE LEWI
9. Dɛn na ɛmaa Yakob kasa tiaa Simeon ne Lewi? (Genesis 49:5-7)
9 Kenkan Genesis 49:5-7. Wɔn a wɔdi hɔ a Yakob kasa kyerɛɛ wɔn ne Simeon ne Lewi. Nsɛm a ano yɛ hyew a ɔka kyerɛɛ wɔn no, ɛkyerɛ sɛ n’ani annye nea wɔyɛe no ho koraa. Mfe bi a na atwam no, Kaananni barima bi a ne din de Sekem too Yakob babea Dina mmonnaa. Nea ɔyɛe no maa Yakob mma mmarima no nyinaa bo fuwii paa, na na ntease wom, nanso Simeon ne Lewi de, wɔantumi anhyɛ wɔn abufuw so. Yakob mma no daadaa Sekem mmarima no sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ asomdwoe tena wɔne wɔn ntam a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa twa twetia. Mmarima no penee so. Bere a mmarima no twaa twetia a ɛyaw no da so wɔ hɔ no, Simeon ne Lewi “faa sekan, na wɔkɔɔ kurow no mu bere a obiara ani nna, na wokokunkum mmarima no nyinaa.”—Gen. 34:25-29.
10. Nkɔm a Yakob hyɛ faa Simeon ne Lewi ho no, sɛn na ɛbaa mu? (Adaka a yɛato din, “Nkɔm a Yakob Hyɛe Bere a Ɔrebewu No,” hwɛ ɛno nso.)
10 Aturutrasɛm a Yakob mma mmarima mmienu no dii no haw no papaapa. Ɔkaa sɛ wɔbɛbɔ ahwete Israel nyinaa. Mfe 200 akyi, bere a Israelfo no duu Bɔhyɛ Asaase no so no, saa bere no na nkɔmhyɛ no baam. Nkurow a Simeon abusuakuw no nyae no, na abɔ ahwete wɔ Yuda asaase so. (Yos. 19:1) Agyapade a Lewi nso nyae no, na ɛyɛ nkurow 48 a abɔ ahwete Israel nyinaa.—Yos. 21:41.
11. Nneɛma pa bɛn na Simeon ne Lewi mmusuakuw no yɛe?
11 Simeon ne Lewi asefo no ansuasua mfomso a wɔn nananom dii no. Lewi abusuakuw no bataa nokwaresom ho denneennen. Bere a Yehowa de Mmara no maa Mose wɔ Sinai Bepɔw so no, Israelfo bebree kɔsom sika nantwi ba honi, nanso Lewifo no taa Mose akyi, na wɔkunkum wɔn a wɔsom nantwi ba no. (Ex. 32:26-29) Yehowa paw Lewi abusua no, na ɔde asɔfodi adwuma a ɛsom bo no hyɛɛ wɔn nsa. (Ex. 40:12-15; Num. 3:11, 12) Akyiri yi, Simeonfo no kɔkaa Yuda abusuakuw no ho ma wɔko dii Kaananfo no so nkonim wɔ Bɔhyɛ Asaase no so, na ama Yehowa atirimpɔw aba mu.—Atem. 1:3, 17.
12. Nea Simeon ne Lewi yɛe no, dɛn na yebetumi asua afi mu?
12 Dɛn na yebetumi asua? Hwɛ yiye na woamfa abufuw ansisi gyinae da. Sɛ obi ne wo anaa wo dɔfo bi anni no yiye na wo bo fuw a, ntease wom. (Dw. 4:4) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Yehowa ani nnye ho sɛ yɛde abufuw bɛkeka bi akyerɛ nea wafom yɛn no, anaa yɛbɛyɛ biribi atia no. (Yak. 1:20) Sɛ obi a ɔwɔ asafo no mu anaa onni asafo no mu ne yɛn anni no yiye a, ɛsɛ sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm di ho dwuma. Yɛyɛ saa a, ɛremma yɛmfa abufuw nyɛ ade a ɛbɛhaw afoforo. (Rom. 12:17, 19; 1 Pet. 3:9) Afei nso, sɛ w’awofo mpo na ɛreyɛ nneɛma a Yehowa mpɛ a, ɛno nkyerɛ sɛ kyenkyen ara a suasua wɔn. Nnya adwene sɛ biribiara nni hɔ a woyɛ a ɛbɛsɔ Yehowa ani da. Sɛ woyere wo ho a, Yehowa bɛboa wo ma woayɛ nea ɛtene.
YUDA
13. Eduu Yuda so sɛ ne papa ne no bɛkasa no, adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ ne yam hyehyee no?
13 Yuda na odi hɔ a ne papa kasa kyerɛɛ no. Bere a Yuda tee nsɛm a ne papa ka kyerɛɛ ne nua mmarima mpanyimfo no, ɛbɛyɛ sɛ ne yam hyehyee no. Ade yi, na ɔno nso adi mfomso akɛse. Ɛda adi sɛ, ɔka ho bi na wɔkɔfom Sekem kurow no mu nneɛma no. (Gen. 34:27) Ɔne ne nuanom na ɛbɔɔ pɔw tɔn Yosef sɛ akoa, na wɔdaadaa wɔn papa sɛ aboa bi akyere no awe. (Gen. 37:31-33) Akyiri yi, ɔne n’asebea Tamar dae, efisɛ na ɛyɛ no sɛ ɔyɛ tuutuuni.—Gen. 38:15-18.
14. Nneɛma pa bɛn na Yuda yɛe? (Genesis 49:8, 9)
14 Nanso eduu Yuda so no, nhyira ne nkamfo nko ara na Yakob hwie guu no so. (Kenkan Genesis 49:8, 9.) Ná Yuda akyerɛ sɛ odwen ne papa a na wabɔ akwakoraa no ho. Afei nso, na wayɛ biribi de akyerɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehye ma ne nua kumaa Benyamin.—Gen. 44:18, 30-34.
15. Sɛn na Yuda nhyira no baa mu?
15 Yakob hyɛɛ nkɔm sɛ Yuda bedi ne nuanom anim. Nanso bɛyɛ mfe 200 akyi ansa na saa nkɔmhyɛ no reba mu. Bere a Israelfo no fi Egypt a wɔnam sare no so rekɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, Yuda abusuakuw no na na edi anim. (Num. 10:14) Wei akyi mfe pii no, Yuda abusuakuw no na edii anim ma wɔkɔko faa Bɔhyɛ Asaase no. (Atem. 1:1, 2) Afei nso, Dawid a ɔyɛ Yuda aseni no, ɔno na ɔbɛyɛɛ ɔhene a odi kan a ofi Yuda abusua mu. Ɛno akyi no, ahemfo pii nso fii saa abusua no mu bae. Nanso ɛnyɛ nkɔmhyɛ no mmamu nyinaa ni.
16. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 49:10 no baa mu? (Adaka a yɛato din, “Nkɔm a Yakob Hyɛe Bere a Ɔrebewu No,” hwɛ ɛno nso.)
16 Yakob kaa sɛ onii a obedi adasamma so afebɔɔ no, ɔbɛyɛ Yuda aseni. (Kenkan Genesis 49:10 ne ase hɔ asɛm no.) Ɔno ne Yesu Kristo a Yakob frɛɛ no Silo no. Ɔbɔfo bi kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no.” (Luka 1:32, 33) Afei nso, Bible frɛ Yesu “Yuda abusuakuw mu Gyata.”—Adi. 5:5.
17. Sɛnea Yehowa hu nnipa no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?
17 Dɛn na yebetumi asua? Ɛmfa ho sɛ Yuda dii mfomso akɛse no, Yehowa hyiraa no. Nanso ɛbɛyɛ sɛ Yuda nuanom no bisaa wɔn ho sɛ, ‘Na suban pa bɛn koraa na Yehowa huu wɔ yɛn nua yi ho?’ Sɛnea ɛte biara no, Yehowa huu biribi pa bi wɔ Yuda ho, enti ohyiraa no. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa? Sɛ yɛn nua Kristoni bi nya hokwan soronko bi a, anhwɛ a yebedi kan de yɛn adwene asi ne sintɔ so. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ suban pa a ɔwɔ no yɛ Yehowa fɛ. Yehowa de, ɔhwɛ suban pa a ɛwɔ n’asomfo ho. Enti momma yɛn nso yɛnyere yɛn ho nyɛ saa.
18. Adɛn nti na ehia sɛ yenya abotare?
18 Ade foforo a yebetumi asua afi Yuda asɛm no mu ne sɛ, ehia sɛ yenya abotare. Yehowa ma ne bɔhyɛ bam bere nyinaa, nanso ɛtɔ da a, sɛnea yɛhwɛ kwan sɛ anka ɔbɛyɛ no no, ɔnyɛ no saa. Afei nso, ɛtɔ da a bere a yɛpɛ sɛ ɔyɛ no no, ɛyɛ a ɛmma saa. Ɛnyɛ Yuda asefo na wɔdii kan dii Onyankopɔn nkurɔfo anim. Nanso, wɔn a na Yehowa apaw wɔn sɛ wɔnni ne nkurɔfo anim no, Yuda asefo no fii wɔn koma nyinaa mu taa wɔn akyi. Wɔn mu bi ne Mose a na ɔyɛ Lewini, Yosua a na ɔyɛ Efraimni, ne Ɔhene Saul a na ɔyɛ Benyaminni no. Yɛn nso, obiara a Yehowa bɛpaw no sɛ onni yɛn anim no, momma yɛntaa n’akyi denneennen.—Heb. 6:12.
19. Nkɔm a Yakob hyɛe bere a ɔrebewu a yɛasusuw ho yi, dɛn na ɛma yesua fa Yehowa ho?
19 Besi ha yi, nkɔm a Yakob hyɛe bere a ɔrebewu a yɛasusuw ho yi, dɛn na yɛasua? Ɛda adi pefee sɛ “ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ.” (1 Sam. 16:7) Yehowa wɔ abotare paa, na ɔde bɔne kyɛ. Ɛwom sɛ ɔnsosɔ bɔne so, nanso onim nso sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na n’asomfo bɛyɛ wɔn biribiara pɛpɛɛpɛ. Nkurɔfo a bere bi a atwam no wɔyɛɛ bɔne akɛseakɛse mpo, sɛ wɔfi wɔn koma nyinaa mu nu wɔn ho na wɔyɛ nea ɛtene a, obehyira wɔn. Adesua a edi hɔ no, nea Yakob ka kyerɛɛ ne mma mmarima nwɔtwe a aka no, yebesusuw ho.
DWOM 124 Yebedi Nokware Daa