Exodus 20:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Mfa Yehowa wo Nyankopɔn din nni agorɔ,+ na Yehowa remma deɛ ɔde ne din di agorɔ no mfa ne ho nni.+ Exodus 21:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame no, wɔnku no.+ Exodus 22:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 “Nka Onyankopɔn ho abususɛm+ biara, na nnome wo man mu panin+ biara. Leviticus 19:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Mommfa me din nnka ntanhunu+ na moangu mo Nyankopɔn din ho fĩ. Mene Yehowa. Yesaia 8:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ahoyera ne kɔm na wɔde bɛnante asase no soɔ.+ Na ɛkɔm ne abufuo nti, wɔbɛdome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn mpo,+ na wɔbɛma wɔn ani so ahwɛ soro. Adiyisɛm 16:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Na ɔhyew a ano yɛ den hyehyee nnipa, nanso wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw yi so tumi+ no din+ ho abususɛm, na wɔansakra anhyɛ no animuonyam.+
7 “Mfa Yehowa wo Nyankopɔn din nni agorɔ,+ na Yehowa remma deɛ ɔde ne din di agorɔ no mfa ne ho nni.+
21 Ahoyera ne kɔm na wɔde bɛnante asase no soɔ.+ Na ɛkɔm ne abufuo nti, wɔbɛdome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn mpo,+ na wɔbɛma wɔn ani so ahwɛ soro.
9 Na ɔhyew a ano yɛ den hyehyee nnipa, nanso wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw yi so tumi+ no din+ ho abususɛm, na wɔansakra anhyɛ no animuonyam.+