1 Samuel 12:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Me na megyina ha yi. Monka no Yehowa ne deɛ wasra no+ yi anim: Hwan nantwie anaa n’afunumu na magyeɛ,+ na hwan na masisi no anaa mahyɛ ne soɔ? Hwan nsam na magye adanmudeɛ de akata m’ani?+ Monka mma menhyɛ mo ananmu.”+ Mmebusɛm 14:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Deɛ ɔsisi ɔbrɛfoɔ no bɔ ne Bɔfoɔ ahohora,+ na deɛ ɔdom ohiani no hyɛ No animuonyam.+ Amos 5:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Enti ɛsiane sɛ mogye afuo so toɔ firi ɔbrɛfoɔ hɔ, na mogye ayuo sɛ toɔ firi ne hɔ nti,+ mode aboɔ a wɔapae asisi adan+ nanso morentena mu, moayeyɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsã.+ Mika 2:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wɔn ani bere afuo na wɔgye,+ wɔpɛ afie na wɔfa; wɔbɔ dɔmmarima ne ne fie apoo,+ wɔsisi ɔbarima gye n’agyapadeɛ.+ 1 Korintofoɔ 6:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Mo mmom na moyɛ afoforɔ bɔne sisi wɔn, mo nuanom paa.+
3 Me na megyina ha yi. Monka no Yehowa ne deɛ wasra no+ yi anim: Hwan nantwie anaa n’afunumu na magyeɛ,+ na hwan na masisi no anaa mahyɛ ne soɔ? Hwan nsam na magye adanmudeɛ de akata m’ani?+ Monka mma menhyɛ mo ananmu.”+
11 Enti ɛsiane sɛ mogye afuo so toɔ firi ɔbrɛfoɔ hɔ, na mogye ayuo sɛ toɔ firi ne hɔ nti,+ mode aboɔ a wɔapae asisi adan+ nanso morentena mu, moayeyɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsã.+
2 Wɔn ani bere afuo na wɔgye,+ wɔpɛ afie na wɔfa; wɔbɔ dɔmmarima ne ne fie apoo,+ wɔsisi ɔbarima gye n’agyapadeɛ.+