5 Nkoto wɔn na nsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me deɛ, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
42 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ́ woama ɔbarima a makyerɛ sɛ wɔnsɛe no afiri wo nsa+ nti, wo kra bɛsi ne kra ananmu,+ na wo man bɛsi ne man ananmu.’”+