Numeri 14:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ahwɛyie ara na monyɛ na moante atua antia Yehowa.+ Monnsuro nnipa a wɔte asase no soɔ+ no, na wɔyɛ koko ma yɛn. Wɔn nkatasoɔ afiri wɔn so,+ na yɛn deɛ Yehowa ka yɛn ho.+ Monnsuro wɔn.”+ Deuteronomium 1:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 “Ɛnna meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mommma mo akoma nntu, na monnsuro wɔn.+ Deuteronomium 7:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Nanso nsuro wɔn,+ na kae deɛ Yehowa wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Egypt nyinaa.+ Dwom 56:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Me deɛ, da biara a mɛbɔ hu no, mede me ho bɛto wo so.+
9 Ahwɛyie ara na monyɛ na moante atua antia Yehowa.+ Monnsuro nnipa a wɔte asase no soɔ+ no, na wɔyɛ koko ma yɛn. Wɔn nkatasoɔ afiri wɔn so,+ na yɛn deɛ Yehowa ka yɛn ho.+ Monnsuro wɔn.”+