Genesis 31:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa dwane kɔtwaa asubɔnten kɛseɛ no.+ Akyire yi ɔde n’ani kyerɛɛ Gilead+ bepɔ so. Numeri 32:39 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 39 Afei Manase ba Makir+ asefoɔ kɔko faa Gilead, na wɔpamoo Amorifoɔ a na wɔwɔ hɔ no. Yosua 13:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Na Gilead asase no fã ne Astarot+ ne Edrei+ nkuro a ɛwɔ Basan hene Og ahemman mu no kɔdii Manase ba Makir+ mma nsam, na ɛbɛyɛɛ Makir mma no mu fã dea, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Atemmufoɔ 10:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔwoo mma mmarima aduasa a wɔtenatenaa mfunumu aduasa soɔ.+ Ná wɔwɔ nkuro aduasa wɔ Gilead asase so a wɔfrɛ hɔ Hawot-Yair+ de bɛsi nnɛ.
21 Na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa dwane kɔtwaa asubɔnten kɛseɛ no.+ Akyire yi ɔde n’ani kyerɛɛ Gilead+ bepɔ so.
31 Na Gilead asase no fã ne Astarot+ ne Edrei+ nkuro a ɛwɔ Basan hene Og ahemman mu no kɔdii Manase ba Makir+ mma nsam, na ɛbɛyɛɛ Makir mma no mu fã dea, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
4 Ɔwoo mma mmarima aduasa a wɔtenatenaa mfunumu aduasa soɔ.+ Ná wɔwɔ nkuro aduasa wɔ Gilead asase so a wɔfrɛ hɔ Hawot-Yair+ de bɛsi nnɛ.