6 Na ɔtoaa so sɛ: “Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn.”+ Afei Mose de n’anim huntaeɛ, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ nokorɛ Nyankopɔn no.
5 Ɛnyɛ wo tenenee+ anaa w’akomam a ɛteɛ+ nti na worekɔfa wɔn asase no, mmom aman no amumuyɔ nti na Yehowa wo Nyankopɔn repamo wɔn afiri w’anim yi,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu.