Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 30:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Na Yehowa wo Nyankopɔn bɛtwa w’akoma+ ne w’asefoɔ+ akoma twetia na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ Yehowa wo Nyankopɔn na woanya nkwa.+

  • Yeremia 4:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Momma wɔntwa mo twetia mma Yehowa na montwa mo akoma twetia,+ mo Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, na mo nneyɛɛ bɔne nti m’abufuo amfiri adi sɛ egya ammɛhye a obiara nni hɔ a ɔbɛdum no.”+

  • Romafoɔ 2:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Na mmom Yudani ne deɛ ɔte saa wɔ ne mu,+ a ne twetiatwa nso yɛ akomam deɛ+ a ɛnam honhom so, na ɛnyɛ mmara a wɔatwerɛ so.+ Saa nipa no ayeyie+ mfiri nnipa na mmom ɛfiri Onyankopɔn.+

  • Filipifoɔ 3:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Ɛfiri sɛ yɛn paa na wɔatwa yɛn twetia+ a yɛnam Onyankopɔn honhom so resom,+ na yɛhoahoa yɛn ho wɔ Kristo Yesu mu+ a yɛmfa yɛn ho nto honam so,+

  • Kolosefoɔ 2:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Ɔno a mo ne no bɔeɛ+ no ama wɔatwa mo nso twetia+ a wɔamfa nsa na ɛtwaeɛ na mmom wɔyii honam nipadua+ no firii hɔ wɔ Kristo twetiatwa mu,

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane